Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Luke 19 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Jesus entered Jericho and was passing through. Da bi a na Yesu retwa mu wɔ Yeriko no,
2 And there was a man named Zacchaeus; he was a chief tax collector, and he was rich. ohuu ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo. Na Sakeo yɛ ɔtowgyeni panyin san yɛ osikani nso.
3 He wanted to see who Jesus was, but couldn't for the crowd—he was short. Bere a Yesu retwa mu no, Sakeo pɛɛ sɛ anka ohu no, nanso esiane sɛ na ɔyɛ onipa tiaa na wɔn a wodi Yesu akyi no dɔɔso nti, wanhu no.
4 He ran ahead and climbed a sycamore tree to see him, since Jesus was about to pass that way. Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na esisi hɔ no ase nti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako.
5 When Jesus reached the spot, looked up, and said to him, "Zacchaeus, hurry down, for I must stay at your house today." Bere a Yesu duu nnyedua no ase no, ɔmaa nʼani so huu no ka kyerɛɛ no se, “Sakeo, yɛ ntɛm na si fam na wo fi na nnɛ mɛtena.”
6 So he hurried down and welcomed him joyfully. Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigye gyee no fɛw so.
7 Seeing this, everyone grumbled, "He's gone to stay with a sinful man." Nnipa a wodi Yesu akyi no huu eyi no, wonwiinwii kae se, “Ɔdebɔneyɛni yi na wakɔ akɔsoɛ no.”
8 Zacchaeus stood and said to the Lord, "Look, Lord, I give half my possessions to the poor, and if I've cheated anyone, I'll repay four times as much." Bere a nnipa no renwiinwii no, Sakeo begyinaa Yesu nkyɛn kae se, “Awurade, nnɛ, mede mʼahode mu fa kyɛ ahiafo, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, metua mmɔho anan ama no.”
9 Jesus told him, "Today salvation has come to this house, since he too is a son of Abraham. Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ oyi nso yɛ Abraham ba.
10 For the Son of Man came to seek and to save the lost." Na mebae sɛ merebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na magye wɔn nkwa.”
11 While they listened, he added a parable, since he was near Jerusalem and they thought our Father's kingdom would appear immediately. Bere a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsan buu wɔn bɛ foforo de kyerɛɛ wɔn se, Onyankopɔn ahenni no abɛn.
12 So he said, "A nobleman went to a distant land to receive a kingdom for himself and return. Ɔkae se, “Ɔdehye bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so san kɔɔ ne kurom se ɔrekɔ na wɔakosi no ɔhene.
13 Calling ten of his servants, he gave each about three months' wages, saying, "Trade with this until I return." Ansa na ɔrebefi nʼakwantu no ase no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo mu du maa wɔn mu biara mina du ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Momfa sika yi nyɛ adwuma nkosi sɛ mɛba.’
14 His citizens hated him and sent envoys after him, saying, "We don't want this man ruling over us." “Kurom hɔfo no tee nʼahenni no ho asɛm no, wotuu nnipa kohuu mpanyimfo no se wɔmpɛ no.
15 "Returning after receiving the kingdom, he called the servants he had given money to, to learn what they had earned. “Nanso wosii no hene ma ɔsan kɔɔ faako a na ɔyɛ adwuma no. Odui no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo du no se, wommebu sika a ɔde maa wɔn no ho akontaa nkyerɛ no.
16 The first came, saying, 'Lord, your money has earned ten times as much.'" “Odwumayɛni a odii kan ba bɛka kyerɛɛ no se, ‘Me wura, wo sika mina du no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho du.’
17 "He replied, 'Well done, good servant! Since you were faithful in a small matter, take charge of ten cities.'" “Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mo, akoa pa, esiane sɛ woadi kakraa a mede hyɛɛ wo nsa no ho nokware nti, mede nkurow du bɛhyɛ wʼase na woadi so.’
18 "And the second came, saying, 'Lord, the money you gave me has earned five times as much.'" “Odwumayɛni a ɔto so abien no ba bɛka kyerɛɛ no se, ‘Me wura, wo sika mina du no, mede ayɛ adwuma anya ho mmɔho anum.’
19 "And he said to him, 'And you will be in charge of five cities.'" “Owura no ka kyerɛɛ no se, ‘Mede nkurow anum bɛhyɛ wʼase na woadi so.’
20 "Then another came, saying, 'Lord, here is your money back, which I kept wrapped in a cloth;' “Ɔfoforo nso bɛkae se, ‘Me wura wo sika mina du a wode maa me no, mede siei, ɛno ni.
21 for I was afraid of you, because you're a harsh man: you take what you didn't deposit and reap what you didn't sow." Na misuro wo, efisɛ wo ho yɛ nwonwa. Nea ɛnyɛ wo dea no, wugye na nea wunnuae nso no, wutwa.’
22 He answered, "By your own mouth I judge you, wicked servant! You knew I'm a harsh man, taking what I didn't deposit and reaping what I didn't sow? “Ne wura no buaa no se, ‘Akoa bɔne, wo anom asɛm so na migyina abu wo atɛn. Wunim sɛ me ho yɛ nwonwa. Nea ɛnyɛ me dea no migye; nea minnuae no, mitwa.
23 Why then didn't you put my money in the bank? I'd have collected it with interest when I returned. Adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea? Anka mebae yi menya ho nsiho.’
24 He said to those standing by, 'Take the money from him and give it to the one with ten times as much.'" “Ɔka kyerɛɛ nʼasomfo a na wogyina hɔ no se, ‘Munnye sika no mfi ne nsam mfa mma nea ɔde ne de yɛɛ adwuma nyaa mmɔho du no.’
25 "And they said to him, 'Lord, he has ten times as much! “Asomfo no kae se, ‘Yɛn wura, sɛ oyi de ɔwɔ sika bebree!’
26 I tell you: everyone who has will be given more; but from the one who has none, even what he has will be taken. “Owura no kae se, ‘Merema mo ate ase sɛ, nea ɔwɔ bebree no, wɔbɛma no bi aka ho, na nea ɔwɔ kakraa bi no, nea ɔwɔ mpo no, wobegye afi ne nsam.
27 But bring here these enemies of mine who refused my rule, and slaughter them before me.'" Na afei, momfa mʼatamfo a anka wɔmpɛ sɛ midi ade no mmra mʼanim ha na munkum wɔn!’ ”
28 And when he had said these things, he went on ahead, going up to Jerusalem. Yesu kaa nsɛm yi wiee no, odii nʼasuafo no kan kɔɔ Yerusalem.
29 Nearing Bethphage and Bethany, at the Mount of Olives, he sent two of the disciples, Ɔrebɛn Betfage ne Betania a ɛbɛn Ngo Bepɔw so no, ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu ka kyerɛɛ wɔn se,
30 saying, "Go into the village ahead. As you enter, you will find a colt tied there, never sat on. Untie it and bring it here. “Monkɔ akuraa a ɛbɛn ha no ase na mudu hɔ a, mubehu afurum ba bi a obiara ntenaa ne so da sɛ wɔasa no. Monsan no mfa no mmrɛ me.
31 If anyone asks you, 'Why are you untying it?' say, 'The Lord needs it.'" Sɛ obi bisa se ‘Adɛn nti na moresan no’ a, monka nkyerɛ no se, ‘Ne ho hia Awurade.’ ”
32 So those who were sent went away and found it just as he had told them. Asuafo baanu a wɔkɔe no kohuu aboa no sɛ ɔsa hɔ sɛnea Yesu kae no.
33 As they were untying the colt, its owners said to them, "Why are you untying the colt?" Bere a wɔresan afurum ba no, ne wuranom bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moresan aboa no?”
34 And they said, "The Lord needs it." Wobuaa wɔn se, “Ne ho hia Awurade.”
35 They brought it to Jesus, threw their cloaks on the colt, and set Jesus on it. Asuafo no de afurum ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntama sesɛw ne so ma ɔtenaa ne so.
36 And as he rode along, they spread their cloaks on the road. Yesu te afurum ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntama sesɛw ɔkwan no so ma ɔfaa so.
37 As he neared the descent of the Mount of Olives, the whole crowd of disciples began rejoicing, praising our Father loudly for all the mighty works they had seen, Oduu Ngo Bepɔw no so baabi a wɔrebesian akɔ Yerusalem no, nʼakyidifo no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ wɔ Yesu anwonwade ahorow a wayɛ no ho se,
38 saying, "Blessed is the King who comes in the name of our Father! Peace in heaven and glory in the highest!" “Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!” “Asomdwoe ne anuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohɔ!”
39 And some of the Pharisees in the crowd said to him, "Teacher, rebuke your disciples." Farisifo no bi a na wɔfra nnipakuw no mu no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, kasa kyerɛ wʼakyidifo no na wommua wɔn ano!”
40 He answered, "I tell you, if these were silent, the very stones would cry out." Yesu buaa wɔn se, “Sɛ womua wɔn ano koraa a, abo mpo bɛkamfo me, ayi me ayɛ.”
41 And when he drew near and saw the city, he wept over it, Yesu rebɛn Yerusalem a ohuu kurow no, osu maa mu nnipa no se,
42 saying, "If only you had known today what brings you peace! But now it is hidden from your eyes. “Mo a anka asomdwoe yɛ mo dea nanso moampɛ no, mobɛhwehwɛ asomdwoe akyi kwan, nanso mo nsa renka da!
43 Days are coming when your enemies will build a barricade around you, surround you, and hem you in on every side, Nna bi bɛba a mo atamfo bɛba abɛtoa mo aka mo ahyɛ,
44 and they will level you and your children within your walls, leaving no stone on another, because you did not recognize the time of your visitation." atɔre mo ne mo mma ase, asɛe mo kurow yi pasaa, efisɛ moapo adom a Onyankopɔn de adom mo no.”
45 And he entered the temple and began to drive out those who were selling, Yesu duu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔpam nnipa a na wɔredi gua wɔ hɔ no kae se,
46 he told them, "Scripture says, 'My house will be a house of prayer,' but you've made it a den of robbers." “Wɔakyerɛw se, ‘Me fi bɛyɛ mpaebɔbea; nanso mode ayɛ adwowtwafo atenae!’ ”
47 He taught daily in the temple, while the chief priests, scribes, and leaders of the people looked for a way to kill him, Saa bere no nyinaa na asɔfo mpanyimfo, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyimfo rehwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya no akyere no akum no.
48 but they found nothing they could do, since all the people hung on his words. Nanso na wonhu ɔkwan biara a wɔbɛfa so akyere no, efisɛ bere nyinaa na nnipa akyere no so retie no.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]