Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Jeremiah 15 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Afei Awurade ka kyerɛɛ me se, “Sɛ mpo, Mose ne Samuel begyinaa mʼanim a anka me koma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma womfi mʼani so! Ma wɔnkɔ! 2Na sɛ wobisa wo se, ‘Ɛhe na yɛnkɔ’ a, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Awurade se:“ ‘Wɔn a wɔahyɛ owu ama wɔn no, bɛkɔ owu mu;wɔn a wɔahyɛ afoa ama wɔn no bɛtotɔ wɔ afoa ano;wɔn a wɔahyɛ ɔkɔm ama wɔn no, ɔkɔm bɛde wɔn;wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommum mu.’

3“Mede adesɛefo ahorow anan bɛba wɔn so,” Awurade na ose, “afoa a ebekunkum wɔn, akraman a wɔbɛtwe wɔn ase akɔ, wim nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtetew wɔn nam asɛe wɔn. 4Mɛma wɔayɛ akyiwade ama asase so ahenni nyinaa, esiane nea Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem nti.

5“Hena na obehu wo mmɔbɔ, Yerusalem?Hena na obegyam wo?Hena na obegyina abisa sɛnea wo ho te?

6Woapo me,” Awurade na ose.“Wugu akyirisan so ara.Ɛno nti mɛteɛ me nsa wɔ wo so na masɛe wo.Me yam renhyehye me mma wo bio.

7Mede nhuhuwso apampaa behuhuw wɔn sowɔ asase no kuropɔn apon ano.Mede owu ne ɔsɛe bɛba me nkurɔfo so,efisɛ wɔnsakraa wɔn akwan ɛ.

8Mɛma wɔn akunafo adɔɔsoasen mpoano nwea.Mede ɔsɛefo bɛba owigyinae,abɛhaw wɔn mmerante nanom;mpofirim medeɔyaw ne ehu bɛba wɔn so.

9Ɔbeatan a wawo ason bɛtɔ beraw,na wagyaa mu.Ne wia bɛtɔ wɔ bere a ade nsaa ɛ;wobegu nʼanim ase abrɛ no ase.Mede nkae no bɛma afoawɔ wɔn atamfo anim,”Awurade na ose.

10Ao, me na a wowoo me,onipa a asase no sofo nyinaa ne me ham, di aperepere!Memfɛm obi biribi na memmɔɔ bosea mfii obi hɔ ɛ,nanso obiara dome me.

11Awurade kae se,“Nokware megye wo ama botae pa bi;ampa ara mɛma wʼatamfo apa wo kyɛwwɔ amanehunu ne ahohia mmere mu.

12“Onipa betumi abu dade mudade a efi atifi fam, anaa kɔbere?

13“Mo ahode ne mo nnwetɛbonamede bɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka,esiane mo nnebɔne nyinaawɔ mo man no mu nti.

14Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfowɔ ɔman a munnim so so,mʼabufuw bɛma ogya adɛwna ɛbɛhyew mo.”

15Wote ase, Awurade;kae me na hwɛ me so.Tɔ wɔn a wɔtaa me no so were.Wowɔ abodwokyɛre, mma me nwu;hwɛ sɛnea wo nti wɔbɔ me ahohora.

16Wo nsɛm bae no, midii;ɛyɛɛ mʼahosɛpɛw ne me koma apɛde,na wo din da me so,Ao, Asafo Awurade Nyankopɔn.

17Mantena wɔn a wogye wɔn ani fekuw mu,ne wɔn annye wɔn ani;metew me ho tenae, efisɛ wo nsa daa me sona wʼabufuw hyɛɛ me ma.

18Adɛn nti na me yaw to ntwa dana mʼapirakuru ayɛ akisikuru a ano yɛ den?Wopɛ sɛ woyɛ sɛ nnaadaa asuwa ma me,sɛ asuti a ɛyow ana?

19Enti sɛɛ na Awurade se,“Sɛ wosakra wʼadwene a megye wo ato mu biona woasom me;sɛ nsɛm a edi mu fi wʼanom, na ɛnyɛ nsɛm huhuw a,wobɛyɛ me kasamafo.Ma saa nnipa yi nnan mmra wo nkyɛn,na wo de, ɛnsɛ sɛ wodan kɔ wɔn nkyɛn.

20Mede wo bɛyɛ ɔfasu ama saa nnipa yi,bammɔ fasu a wɔde kɔbere ato;wɔne wo bedi asinanso wɔrenni wo so nkonim,efisɛ me ne wo wɔ hɔsɛ meyi wo na magye wo nkwa,”Awurade, na ose.

21“Megye wo nkwa afi amumɔyɛfo nsamna mayi wo afi atirimɔdenfo nsam.”

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]