Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 59 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Look, our Father's hand is not too short to save, nor his ear too dull to hear. Ampa ara Awurade nsa nyɛ tiaa sɛ ɛrennye nkwa, na nʼasom nyɛ den sɛ ɛrente asɛm.
2 But your wrongs have separated you from your Father, and your sins have hidden his face from you, so that he does not hear. Nanso mo amumɔyɛ na atetew mo ne mo Nyankopɔn ntam; mo bɔne ama nʼanim ahintaw mo, a enti ɔrente.
3 For your hands are defiled with blood, and your fingers with sin; your lips have spoken lies, your tongue mutters wickedness. Na mogya akeka mo nsa ho, afɔdi asra mo nsateaa ho. Mo ano akeka atosɛm, mo tɛkrɛma de amumɔyɛsɛm di nseku.
4 No one calls for justice, and no one pleads with honesty. They trust in emptiness and speak lies; they conceive trouble and give birth to evil. Obiara nhwehwɛ atɛntrenee; obiara mfa nokwaredi mmɔ ne nkurow. Wɔde wɔn ho to nsɛnhuhuw so na wotwa nkontompo; wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne.
5 They hatch the eggs of vipers and weave the spider's web; whoever eats their eggs dies, and when one is crushed, a viper breaks out. Wosow nhurutoa nkesua na wɔnwen ananse ntontan. Nea odi wɔn nkesua biara bewu, mu baako nso bɔ a, ɛpae ahurutoa.
6 Their webs cannot become clothing, and they cannot cover themselves with what they make. Their works are works of wrongdoing, and their hands are full of violence. Wɔn ntontan nye mma adurade; wɔrentumi mfa nea wɔyɛ nkata wɔn ho. Wɔn nneyɛe yɛ nneyɛe bɔne, na wodi akakabensɛm.
7 Their feet run to evil, and they hurry to shed innocent blood. Their thoughts are thoughts of wrongdoing; ruin and destruction lie along their every road. Wotu mmirika kɔyɛ bɔne; wɔnkyɛ opira ne awudi ho. Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa.
8 The way of peace they do not know, and there is no justice in their ways. They have made their paths crooked; no one who walks in them knows peace. Asomdwoe kwan no, wonnim; atɛntrenee nni wɔn akwan so. Wɔadan wɔn akwan kɔntɔnkye obiara a ɔnantew so no rennya asomdwoe.
9 Therefore justice is far from us, and righteousness does not reach us. We wait for light, but there is only darkness; for brightness, but we walk in gloom. Enti atɛntrenee ne yɛn ntam aware, na adetrenee mmɛn yɛn. Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa yɛ sum; nea ɛhyerɛn, nanso yɛnam sum kabii mu.
10 We grope along the wall like the blind; like those without eyes we grope. We stumble at noon as if in twilight; among the strong we are like the dead. Te sɛ anifuraefo no, yɛkeka wɔ afasu ho hwehwɛ ɔkwan te sɛ nnipa a wonni ani. Owigyinae no yehintihintiw sɛnea onwini adwo; yedu ahoɔdenfo mu a yɛte sɛ awufo.
11 We all growl like bears and moan mournfully like doves. We wait for justice, but there is none; for salvation, but it stays far from us. Yɛn nyinaa woro so te sɛ sisi; yɛde awerɛhow kurum sɛ mmorɔnoma. Yɛhwehwɛ atɛntrenee nso yenhu bi; ogye, nanso ɛwɔ akyirikyiri.
12 For our rebellions are many before you, and our sins testify against us. Our rebellions are with us, and our wrongdoing we know: Efisɛ, yɛn mfomso adɔɔso wɔ wʼani so, na yɛn bɔne di adanse tia yɛn. Yɛn mfomso da yɛn anim daa, na yegye yɛn amumɔyɛ to mu:
13 rebelling and denying our Father, turning back from following our Father, speaking oppression and revolt, conceiving and muttering lying words from the heart. atuatew ne nkontompo a etia Awurade, yɛn akyi a yɛdan kyerɛ yɛn Nyankopɔn, nhyɛso ne atuatew a yɛfoa so, atosɛm a efi koma mu a yɛka.
14 So justice is driven back, and righteousness stands far off; for truth has stumbled in the public square, and integrity cannot enter. Enti wɔapam atɛntrenee kɔ nʼakyi, na adetrenee akogyina baabi; nokware ahwe ase wɔ mmɔnten so nokwaredi ntumi mma mu.
15 Truth is missing, and whoever turns from evil is plundered. Our Father saw it and was displeased that there was no justice. Nokware nni baabiara, obiara a ɔtwe ne ho fi bɔne ho no bɛyɛ ɔtamfo. Awurade hwɛe na ansɔ nʼani sɛ atɛntrenee nni hɔ.
16 He saw that there was no one, and was appalled that no one would intervene; so his own arm brought salvation, and his righteousness upheld him. Ohuu sɛ obiara nni hɔ, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata; enti ɔno ankasa basa dii nkwagye ho dwuma maa no, na ne trenee wowaw no.
17 He put on righteousness like a breastplate, and a helmet of salvation on his head; he clothed himself in garments of vindication and wrapped himself in zeal like a cloak. Ɔhyɛɛ trenee sɛ nkatabo, ne nkwagye dadekyɛw wɔ ne ti so. Ɔhyɛɛ aweretɔ ntade na ofuraa mmɔdemmɔ sɛ ntama.
18 According to their deeds, so he will repay: wrath to his adversaries, repayment to his enemies; to the distant coastlands he will give them what they deserve. Obegyina nea wɔayɛ so atua so ka nʼatamfo benya nʼabufuwhyew wɔn a wɔne no ayɛ dɔm benya so akatua; nsupɔw no nso obetua wɔn ka sɛnea ɛfata wɔn.
19 So they will fear the name of our Father from the west, and his glory from the rising of the sun; for he will come like a rushing river, driven by the wind of our Father. Efi atɔe fam, nnipa besuro Awurade din na efi apuei, wɔde nidi bɛma nʼanuonyam. Na ɔbɛba sɛ asu a ayiri tɛnn na Awurade ahomegu repia no.
20 Then the Redeemer will come to Zion, to those in Jacob who turn from their sins, declares our Father. “Ogyefo no bɛba Sion, na obeyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi Yakob asefo mu,” sɛɛ na Awurade se.
21 "As for me, this is my covenant with them," says our Father: "My Spirit who is upon you, and my words that I have put in your mouth, will not depart from your mouth, or from the mouth of your children, or from the mouth of your children's children," says our Father, "from now on and forever." “Me de, eyi yɛ me ne wɔn apam,” sɛnea Awurade se ni. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom, remfi mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefo anom, efi saa bere yi kosi daa apem,” sɛɛ na Awurade se.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]