Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 60 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Arise, shine, for your light has come, and the glory of our Father has risen upon you. “Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na Awurade anuonyam apue wo so.
2 For darkness will cover the earth, and thick darkness the peoples; but our Father will rise upon you, and his glory will be seen upon you. Hwɛ, sum akata asase so na sum kabii akata aman no so, nanso Awurade apue wo so na nʼanuonyam ada adi wɔ wo so.
3 Nations will come to your light, and kings to the brightness of your dawning. Amanaman bɛba wo hann no mu, na Ahemfo bɛba wo adekyee hann no mu.
4 Lift up your eyes all around and see: they all gather together, they come to you; your sons come from far away, and your daughters are carried on the hip. “Ma wʼani so na hwɛ wo ho hyia: wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano reba wo nkyɛn; wo mmabarima fifi akyirikyiri, na wokura wo mmabea wɔ abasa so.
5 Then you will see and be radiant; your heart will throb and swell, because the abundance of the sea will turn toward you, the wealth of the nations will come to you. Afei wobɛhwɛ na wʼanim atew, wo koma bɛbɔ na anigye ahyɛ no ma; ahonya a ɛwɔ po so, wɔde bɛbrɛ wo, na amanaman no ahode nso bɛba wo nkyɛn.
6 A multitude of camels will cover you, the young camels of Midian and Ephah; all those from Sheba will come, bearing gold and frankincense, and they will proclaim the praises of our Father. Yoma akuwakuw bɛyɛ wʼasase so ma, yomaforo a wufi Midian ne Efa. Na wɔn a wofi Seba nyinaa bɛba, wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhuam na wɔpae mu ka Awurade ayeyi.
7 All the flocks of Kedar will be gathered to you, the rams of Nebaioth will minister to you; they will be offered on my altar and accepted, and I will glorify my glorious house. Wɔbɛboaboa Kedar nguankuw nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot adwennini bɛsom wo; wobegye wɔn sɛ afɔrebɔde wɔ mʼafɔremuka so, na mɛhyɛ mʼasɔredan kronkron no anuonyam.
8 Who are these that fly like a cloud, and like doves to their windows? “Henanom ne eyinom a wotu sɛ omununkum, te sɛ mmorɔnoma a wɔrekɔ wɔn berebuw mu yi?
9 Surely the coastlands wait for me, the ships of Tarshish first, to bring your sons from far away, with their silver and gold, for the name of your Father, the Holy One of Israel, because he has glorified you. Ampa ara asupɔw no ani da me so; Tarsis ahyɛn na wodi anim, wɔde wo mmabarima fifi akyirikyiri reba, wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ, de rebɛhyɛ Awurade, wo Nyankopɔn anuonyam, Israel Kronkronni No, efisɛ wahyɛ wo anuonyam.
10 Foreigners will build up your walls, and their kings will serve you; for in my wrath I struck you, but in my favor my heart was moved with compassion for you. “Ananafo bɛto wʼafasu no bio, na wɔn ahemfo bɛsom wo. Ɛwɔ mu, mede abufuw asɛe wo de, nanso menam adom so behu wo mmɔbɔ.
11 Your gates will stand open continually; day and night they will not be shut, so that the wealth of the nations may be brought to you, with their kings led in procession. Wo apon ano bɛdeda hɔ bere biara, wɔrentoto mu awia anaa anadwo, sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo de amanaman no ahonya bɛbrɛ wo, wɔn ahemfo dii nkonimdi santen no anim.
12 For the nation and kingdom that will not serve you will perish; those nations will be utterly laid waste. Na ɔman anaa ahenni a wɔrensom wo no bɛyera, wɔbɛsɛe no pasaa.
13 The glory of Lebanon will come to you—the cypress, the plane, and the pine together—to beautify the place of my sanctuary; and I will glorify the place of my feet. “Lebanon anuonyam bɛba wo nkyɛn, ɔpepaw, ɔsɛsɛ ne kwabɔhɔre bɛbɔ mu, abesiesie me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ beae a me nan sisi no anuonyam.
14 The children of those who oppressed you will come bowing before you; all who despised you will bow down at your feet. They will call you the City of our Father, the Zion of the Holy One of Israel. Wo nhyɛsofo mmabarima bɛba abɛkotow wo; wɔn a wobu wo animtiaa nyinaa bɛkotow wʼanan ase na wɔbɛfrɛ wo Awurade Kuropɔn, Israel Kronkronni, Sion.
15 Though you have been forsaken and hated, with no one passing through, I will make you an everlasting pride, a joy from generation to generation. “Ɛwɔ mu, wɔapa wʼakyi atan wo, a obiara ntu kwan mfa wo mu, nanso mɛyɛ wo ahohoahoade a ɛte hɔ daa ne awo ntoatoaso nyinaa anigyede.
16 You will drink the milk of nations, and nurse at the breast of kings; and you will know that I, your Father, am your Savior and your Redeemer, the Mighty One of Jacob—your Father. Wobɛnom amanaman nufusu no na woanum adehye nufu. Afei wubehu sɛ me Awurade, me ne wo Agyenkwa, wo gyefo, Yakob Tumfo no.
17 Instead of bronze I will bring gold, instead of iron I will bring silver, instead of wood, bronze, and instead of stones, iron. I will make peace your governor and righteousness your taskmaster. Mede sikakɔkɔɔ besi kɔbere anan mu abrɛ wo, na dwetɛ asi dade anan mu. Mede kɔbere besi dua anan mu abrɛ wo, na dade asi abo anan mu. Mede asomdwoe bɛyɛ wo so amrado na trenee ayɛ wo sodifo.
18 Violence will no longer be heard in your land, nor ruin and destruction within your borders; but you will call your walls Salvation and your gates Praise. Wɔrente awurukasɛm wɔ wʼasase so bio, anaa nnwiriwii ne ɔsɛe wɔ wʼahye so mmom wobɛfrɛ wʼafasu se Nkwagye ne wʼapon se Ayeyi.
19 The sun will no longer be your light by day, nor will the moon give you its light; but our Father will be your everlasting light, and your Father your glory. Owia renyɛ wo hann adekyee mu bio na ɔsram hann renhyerɛn wo so, efisɛ Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wo Nyankopɔn bɛyɛ wo anuonyam.
20 Your sun will no longer set, and your moon will not wane; for our Father will be your everlasting light, and the days of your mourning will be ended. Wo wia rentɔ bio, wo sram rennum bio, Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wʼawerɛhownna to betwa.
21 Your people will all be righteous; they will possess the land forever—the branch of my planting, the work of my hands, that I may be glorified. Na afei wo nkurɔfo nyinaa bɛyɛ atreneefo na wɔbɛfa asase no adi so afebɔɔ. Wɔyɛ ade a madua na afefɛw me nsa ano adwuma a ɛbɛda mʼanuonyam adi.
22 The least one will become 1,000, and the smallest a mighty nation. I am your Father; when the time is right, I will make it happen quickly. Mo mu akumaa koraa bɛdɔ ayɛ apem, na aketewa no ayɛ ɔman kɛse. Mene Awurade; na ne bere mu, mɛyɛ eyi ntɛm so.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]