Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 58 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 "Shout aloud, do not hold back; raise your voice like a trumpet. Declare to my people their rebellion, to the house of Jacob their sins. “Monteɛ mu dennen, monnnyae. Momma mo nne so sɛ torobɛnto. Mompae mu nka me nkurɔfo atuatew nkyerɛ wɔn na monka Yakobfi nso nnebɔne nkyerɛ no.
2 "Yet day after day they seek me and delight to know my ways, like a nation that does what is right and has not forsaken the justice of their Father. They ask me for righteous judgments; they delight to draw near to our Father. Da biara da wɔhwehwɛ me; ayɛ sɛ wɔpere sɛ wobehu mʼakwan, te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ nea ɛteɛ na wɔmpoo ne Nyankopɔn ahyɛde. Wobisa me hɔ gyinae a ɛteɛ na ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn.
3 Why have we fasted, and you have not seen it? Why have we humbled ourselves, and you take no notice?' Look—on the day of your fast you pursue your own desire, and you drive all your workers hard. Wɔka se, ‘Adɛn nti na yɛadi mmuada na woanhu yi? Adɛn nti na yɛabrɛ yɛn ho ase, na woanhwɛ yi?’ “Nanso mo mmuada da no, moyɛ nea mopɛ na musisi mo adwumayɛfo nyinaa.
4 "Look—you fast only to quarrel and to fight and to strike with a wicked fist. You cannot fast as you do today and expect your voice to be heard in heaven. Ntɔkwaw ne akasakasa na mode wie mo mmuadadi, ne akuturuku a mode bobɔ mo ho. Morentumi nni mmuada sɛnea moyɛ no nnɛ yi na moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ ɔsoro.
5 Is this the kind of fast I choose, a day for a person to humble himself? Is it only to bow the head like a reed, and to spread coarse cloth and ashes beneath him? Is this what you call a fast, a day pleasing to your Father? Eyi ne mmuadadi a mepɛ ana? Da koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no ana? Ɛne sɛ obi si ne ti ase te sɛ mfea na ɔtena atweaatam so ne nsõ mu nko ara ana? Eyi na mofrɛ no mmuadadi, da a ɛsɔ Awurade ani yi ni ana?
6 "Is not this the fast I choose: to loosen the chains of wickedness, to untie the cords of the yoke, to set the oppressed free, and to break every yoke? “Saa mmuadadi yi na mepɛ: sɛ mubeyiyi ntɛnkyew nkɔnsɔnkɔnsɔn na moasan konnua ahama, sɛ mubegyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so na moabubu konnua biara.
7 Is it not to share your bread with the hungry, and to bring the homeless poor into your house; when you see the naked, to clothe him, and not to hide yourself from your own flesh and blood? So ɛnsɛ sɛ mo ne wɔn a ɔkɔm de wɔn kyɛ mo aduan na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena; na muhu nea ɔda adagyaw a mumfura no ntama na munnyi mo ani mfi mo ankasa mo nkurɔfo ne mo abusuafo so ana?
8 "Then your light will break forth like the dawn, and your healing will spring up quickly; your righteousness will go before you, and my glory will be your rear guard." Ɛno na mo hann bepue te sɛ ahemadakye, na mo ayaresa aba ntɛm so; afei mo trenee bedi mo anim, na Awurade anuonyam bɛbɔ mo kyidɔm.
9 Then you will call, and I will answer; you will cry for help, and I will say, 'Here I am.' If you remove the yoke from among you, the pointing finger and malicious talk, Afei mobɛfrɛ, na Awurade begye mo so; mobɛteɛ mu ahwehwɛ mmoa, na ɔbɛka se: Mini. “Sɛ muyi nhyɛso konnua, nsa a moteɛ wɔ nnipa so ne ntwatoso fi hɔ,
10 "if you pour yourself out for the hungry and satisfy the desire of the afflicted, then your light will rise in the darkness, and your night will become like noonday. na sɛ mohaw mo ho ma wɔn a ɔkɔm de wɔn na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nea ehia wɔn a, ɛno de, mo akanea bɛhyerɛn wɔ sum mu, na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinae.
11 I will guide you continually, and satisfy you in scorched places; I will strengthen your bones. You will be like a watered garden, like a spring of water whose waters never fail. Awurade bɛkyerɛ mo kwan bere biara; ɔbɛma mo nea ehia mo wɔ asase wosee so na ɔbɛhyɛ mo nipadua den. Mobɛyɛ sɛ turo a wogugu so nsu yiye, sɛ asuwa a mu nsu nyow da.
12 Your people will rebuild the ancient ruins; you will raise up the age-old foundations. You will be called Repairer of the Breach, Restorer of Streets to Live In. Mo nkurɔfo bɛsan asi teteete nnwiriwii no, na wɔato fapem a akyɛ no; wɔbɛfrɛ mo Nea Osiesie Afasu a Abubu no, Nea Ogye Atenae Si Hɔ.
13 "If you keep your foot from breaking the Sabbath, from pursuing your own desire on my holy day; if you call the Sabbath a delight and honor my holy day; if you honor it by not going your own way, not pursuing your own desire or speaking idle words, “Sɛ mohwɛ mo anammɔntu so yiye Homeda na moanyɛ nea mopɛ wɔ me da kronkron no, sɛ mofrɛ Homeda no anigye da na mudi Awurade da kronkron no ni na moamfa mo ara mo akwan so na moanyɛ nea mopɛ anaa moanka nsɛnhunu a,
14 then you will find your delight in me, and I will make you ride on the heights of the land and feed you with the heritage of your father Jacob—for the mouth of your Father has spoken." ɛno de mubenya anigye wɔ Awurade mu na mɛma mo anantew asase no sorɔnsorɔmmea so na moato pon wɔ mo agya Yakob agyapade so.” Awurade na waka.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]