Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 49 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Listen to me, coastlands; pay attention, you peoples from afar. Our Father called me from the womb; from within my mother he named me. Muntie me, mo mpoano aman; monyɛ aso mo akyirikyiri aman ansa na wɔrebɛwo me no, Awurade frɛɛ me ɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me.
2 He made my mouth like a sharp sword; in the shadow of his hand he hid me. He made me a polished arrow; in his quiver he concealed me. Ɔyɛɛ mʼano sɛ afoa nnamnam, Ɔde me hintaw ne nsa ase nwini mu; ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam na ɔde me hyɛɛ ne boha mu.
3 And he said to me, "You are my servant, Israel, in whom I will display my splendor." Ɔka kyerɛɛ me se, “Woyɛ me somfo, Israel, wo mu na mɛda mʼanuonyam adi.”
4 But I said, "I have labored in vain; I have spent my strength for nothing and in futility. Yet surely my justice is with my Father, and my reward with my Father." Nanso mekae se, “Mabrɛ agu masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee nanso nea ɛwɔ me wɔ Awurade nsam na mʼakatua wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.”
5 And now our Father says—he who formed me from the womb to be his servant, to bring Jacob back to him, that Israel might be gathered to him, for I am honored in his eyes, and my Father has become my strength, Na afei, Awurade kasa se, nea ɔnwen me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne somfo sɛ memfa Yakob nsan mmra ne nkyɛn na me mmoaboa Israel ano mma no no, wahyɛ me anuonyam wɔ Awurade ani so na me Nyankopɔn ayɛ mʼahoɔden.
6 he says: "It is too small a thing for you to be my servant to raise up the tribes of Jacob and to bring back those preserved in Israel; I will also make you a light for the nations, that my salvation may reach to the ends of the earth." Ɔka se, “Ɛyɛ ade ketewa bi ma wo sɛ wobɛyɛ me somfo sɛ wode Yakob mmusuakuw bɛsan aba na wode Israelfo a mede wɔn asie bɛsan aba. Mɛma moayɛ amanamanmufo nyinaa kanea, ɛnam mo so na wobegye wiasefo nyinaa nkwa.”
7 This is what our Father says, the Redeemer of Israel, his Holy One, to the one deeply despised, abhorred by the nation, to the servant of rulers: Kings will see and rise; princes will bow down, because of your Father who is faithful, the Holy One of Israel, who has chosen you. Sɛɛ na Awurade se, Ogyefo ne Israel ɔkronkronni no de kɔma nea aman buu no animtiaa na wokyii no, ahemfo somfo no; “Ahene behu wo na wɔasɔre ahenemma behu wo na wɔakotow wo esiane Awurade a ɔyɛ ɔnokwafo, Israel ɔkronkronni a wayi wo no nti.”
8 This is what our Father says: In a time of favor I answered you, and in a day of salvation I helped you; I will keep you and give you as a covenant for the people, to restore the land, to apportion the desolate inheritances, Sɛɛ na Awurade se: “Bere a ɛsɛ mu no, mebua wo, na nkwagyeda no, mɛboa wo; mɛkora wo na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfo no, de agye asase no asi hɔ akyekyɛ agyapade ahorow a asɛe no bio,
9 saying to the prisoners, 'Come out,' and to those in darkness, 'Show yourselves.' Along the roads they will feed, and on all the bare heights will be their pasture. wobɛka akyerɛ nneduafo se, ‘Mumfi mmra!’ ne wɔn a wɔwɔ sum mu se, ‘Momfa mo ho nni!’ “Wobedidi wɔ akwan ho wobenya adidibea wɔ koko kesee biara so.
10 They will not hunger or thirst, nor will scorching wind or sun strike them, for the one whose heart is moved with compassion for them will lead them, and by springs of water he will guide them. Ɔkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn; nweatam so hyew ne owia ano hyew renka wɔn, nea ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan na ɔde wɔn akɔ nsuaniwa ho.
11 And I will turn all my mountains into a road, and my highways will be raised up. Mɛyɛ me mmepɔw nyinaa akwan, na mʼatempɔn nso mɛma akrɔn.
12 Look—these will come from far away; and look, these from the north and the west, and these from the land of Sinim. Hwɛ, wufi akyirikyiri bɛba ebinom befi atifi fam, ebinom befi atɔe fam ebinom nso befi Sinin mantam mu.”
13 Sing for joy, heavens, and rejoice, earth; break out in singing, mountains! For our Father has comforted his people, and his heart is moved with compassion for his afflicted ones. Momfa anigye nteɛ mu, ɔsoro; di ahurusi, asase; mompae mu nnwonto mu, mmepɔw! Na Awurade kyekye ne nkurɔfo werɛ, na obehu nʼamanehunufo mmɔbɔ.
14 But Zion said, "Our Father has forsaken me; the Sovereign Father has forgotten me." Nanso Sion kae se, “Awurade agyaw me hɔ, Awurade werɛ afi me.”
15 "Can a woman forget her nursing child, that her heart would not be moved with compassion for the son of her womb? Even these may forget, yet I will not forget you. “Ɛna werɛ betumi afi ne ba a otua nufu ano a ɔrennya ayamhyehye mma ɔba a waturu no no ana? Ebia ne werɛ befi, na me werɛ remfi wo!
16 Look—I have engraved you on the palms of my hands; your walls are ever before me. Hwɛ, makurukyerɛw wo din agu me nsa yam wʼafasu wɔ mʼani so daa.
17 Your children hurry back; those who tore you down and laid you waste go away from you. Mo mmabarima resan aba ntɛm so; na wɔn a wɔsɛe mo no refi mo nkyɛn akɔ.
18 Look all around you and see: they all gather and come to you. As surely as I live, declares our Father, you will wear them all like an ornament; you will bind them on like a bride. Momma mo ani so nhwɛ mo ho nhyia; mo mmabarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn. Sɛ mete ase yi” sɛnea Awurade se, “mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛde ama mo ho mubefura wɔn sɛ ayeforokunu.
19 Surely your ruins and your desolate places and your devastated land—surely now you will be too cramped for your inhabitants, and those who swallowed you up will be far away. “Ɛwɔ mu sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa maa mo asase daa mpan, afei nnipa bɛhyɛ wo so ma, ama aboro wo so, na wɔn a wɔsɛee wo no bɛkɔ akyirikyiri.
20 The children born in your bereavement will yet say in your hearing, "This place is too narrow for me; make room for me to live." Mmofra a wɔwoo wɔn wɔ mo nna bɔne mu no bɛka ama moate sɛ, ‘Ɛha sua ma yɛn dodo; momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’
21 Then you will say in your heart, "Who bore these for me? I was bereaved and barren, exiled and cast aside—who has raised these? I was left all alone; where did these come from?" Na wobɛka wɔ wo koma mu se, ‘Hena na ɔwoo eyinom maa me? Na meyɛ ɔwerɛhowni ne obonin; wotuu me kɔɔ asase foforo so na wɔpoo me. Hena na ɔtetew eyinom? Wogyaw me nko ara na eyinom, he na wofi bae?’ ”
22 This is what the Sovereign Father says: Look—I will lift up my hand to the nations and raise my signal to the peoples; and they will bring your sons in their arms, and your daughters will be carried on their shoulders. Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Hwɛ, menyama amanamanmufo, mɛma me frankaa no so akyerɛ nkurɔfo no wobeturu wo mmabarima wɔ wɔn nsa so aba na wɔbɛsoa wo mmabea wɔ wɔn mmati so.
23 Kings will be your foster fathers, and their queens your nursing mothers. With faces to the ground they will bow down to you and lick the dust of your feet. Then you will know that I am your Father; those who wait for me will not be ashamed." Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu, na wɔn ahemmea ayɛ ɛnanom a wɔbɛhwɛ mo. Wɔbɛkotow mo a wɔn anim butubutuw fam; wɔbɛtaforo mo nan ase mfutuma. Afei mubehu sɛ mene Awurade. Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn huammɔ.”
24 Can the plunder be taken from the mighty, or the captives of a tyrant be rescued? Wobetumi agye asade afi akofo nsam; anaa wobetumi agye nnommumfo afi otirimɔdenfo nsam?
25 But this is what our Father says: Even the captives of the mighty will be taken, and the plunder of the tyrant rescued; for I myself will contend with those who contend with you, and I will save your children. Nanso, sɛɛ na Awurade se: “Yiw, wobegye nnommumfo afi akofo nsam na wɔagye asade afi otirimɔdenfo nsam; me ne wɔn a wɔne wo nya no benya na megye wo mma nkwa.
26 I will make your oppressors eat their own flesh, and they will be drunk on their own blood as with sweet wine. Then all flesh will know that I am your Savior—your Father—and your Redeemer, the Mighty One of Jacob. Mema wɔn a wɔhyɛ wo so no awe wɔn ankasa honam; wɔn mogya bɛbow wɔn sɛnea wɔanom nsa. Afei adesamma nyinaa behu sɛ me, Awurade, me ne wʼAgyenkwa no, wo Gyefo, Yakob Tumfo No.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]