Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 48 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Listen to this, house of Jacob, you who are called by the name of Israel and who came from the line of Judah; you who swear by the name of our Father and call on our Father—but not in truth or in righteousness. “Muntie eyi, Yakobfifo mo a wɔde Israel din frɛ mo, na moyɛ Yuda asefo, mo a mobɔ Awurade din ka ntam, na mofrɛ Israel Nyankopɔn, nanso ɛnyɛ nokware anaa trenee mu,
2 For they call themselves people of the holy city and lean on our Father—the Father of heaven's armies is his name. mo a mofrɛ mo ho kurow kronkron no mma na mode mo ho to Israel Nyankopɔn so, Asafo Awurade ne ne din.
3 "I declared the former things long ago; they went out from my mouth, and I made them known. Then suddenly I acted, and they came true. Mehyɛɛ nneɛma a atwa mu no ho nkɔm dedaada, mebɔɔ nkae, na medaa no adi; afei mpofirim mekekaa me ho na ɛbaa mu.
4 Because I knew how stubborn you are—your neck sinew stiff as iron, your forehead hard as bronze.' Na minim sɛnea moyɛ asoɔden fa mo kɔn ho ntin yɛ dade na mo moma yɛ kɔbere mfrafrae.
5 I told you these things long ago; before they happened I announced them to you, so you could never say, 'My idol did them; my carved image and my cast figure commanded them." Enti, mekaa saa nsɛm yi kyerɛɛ mo dedaada ansa na ɛrebesisi no, mebɔɔ mo nkae sɛnea morentumi nka se, ‘Mʼahoni na wɔyɛe: me dua nsɛsode ne me dade nyame na ɔhyɛe.’
6 You have heard it; now look at all of it. Will you not admit it? From now on I will tell you new things, hidden things you never knew.' Moate eyinom nyinaa; monhwɛ wɔn nyinaa. Morennye wɔn nto mu ana? “Efi saa bere yi de rekɔ mɛka nsɛm foforo akyerɛ mo, ɛfa nneɛma a ahintaw a munnim ho.
7 They are created now, not long ago; before today you had never heard of them, so you cannot say, 'I already knew them.' Afei na wɔayɛ koraa, ɛnkyɛe; ebesi nnɛ no na anka montee ho hwee. Enti morentumi nka se, ‘Yiw na minim dedaw!’
8 You have never heard, never known; long ago your ear was not opened. For I knew how treacherously you would act—you have been called a rebel from birth. Wontee, na wontee ase; efi tete nyinaa wʼaso asiw. Na minim sɛ woyɛ ɔfatwafo; wɔfrɛɛ wo otuatewfo fi ɔyafunu mu.
9 For my own name's sake I hold back my anger; for the sake of my praise I restrain it toward you, so that I do not cut you off. Me din nti metwentwɛn mʼabufuw so; mʼayeyi nti miyi fi wo so, sɛnea merensɛe wo koraa.
10 See, I have refined you, but not as silver; I have tested you in the furnace of affliction. Hwɛ mahoa mo ho, ɛnyɛ sɛnea wɔnan dwetɛ ho; mmom, masɔ wo ahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu.
11 For my own sake, for my own sake, I act—for why should my name be profaned? My glory I will not give to another. Me nti, me nti, na meyɛ eyi. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din? Memma obi nnye mʼanuonyam.
12 "Listen to me, Jacob, and Israel, whom I called: I am he; I am the first, and I am the last. “Tie me, Yakob, Israel a mafrɛ no; Me ne no; Me ne odikanfo ne okyikafo.
13 My own hand laid the foundation of the earth, and my right hand spread out the heavens; when I call to them, they stand up together." Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem, na me nsa na ɛtrɛw ɔsorosoro mu; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɔ mu sɔre.
14 Gather together, all of you, and listen: who among them has declared these things? The one I love will carry out my purpose against Babylon, and his arm will be against the Babylonians. “Mo nyinaa mommɔ mu mmra mmetie: ahoni no mu nea ɔwɔ he na waka saa nsɛm yi dedaw? Awurade boafo a wapaw no bɛma nʼatirimpɔw a etia Babilonia aba mu; ne basa betia Babiloniafo.
15 I, I myself, have spoken; yes, I have called him. I have brought him, and he will succeed in his way. Me, me na makasa. Yiw, mafrɛ no. Mede no bɛba, na obewie nʼadwuma nkonimdi so.
16 Come near to me, hear this: from the beginning I have not spoken in secret; from the time it came to be, I was there. And now the Sovereign Father has sent me—and his Spirit. “Montwiw mmɛn me na muntie eyi: “Efi nkaebɔ a edi kan no, menkasaa wɔ kokoa mu; bere biara a ebesi no, na mewɔ hɔ.” Na afei Asafo Awurade de ne Honhom asoma me.
17 This is what our Father says—your Redeemer, the Holy One of Israel: I am your Father, who teaches you for your good, who leads you in the way you should go. Sɛɛ na Awurade se, mo gyefo, Israel Kronkronni no: “Mene Awurade mo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ mo nea eye ma mo, na ɔkyerɛ mo ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so.
18 "If only you had paid attention to my commands! Then your peace would have flowed like a river, and your righteousness like the waves of the sea. Sɛ mudii mʼahyɛde so a, anka mo asomdwoe ayɛ sɛ asubɔnten, na mo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.
19 Your children would have been like the sand, and your own offspring like its grains; their name would never be cut off or destroyed from my presence." Anka mo asefo ayɛ sɛ nwea, na mo mma ayɛ sɛ ne mmosea a wontumi nkan; wɔn din rempepa da wɔrensɛe mfi mʼanim.”
20 Go out from Babylon! Flee from the Babylonians! With a shout of joy declare it, proclaim it; send it out to the end of the earth. Say, 'Our Father has redeemed his servant Jacob!' Mumfi Babilonia, munguan mfi Babiloniafo nkyɛn! Momfa osebɔ nteɛmu mmɔ nkae na mompae mu nka eyi. Momfa nkɔ nsase ano; monka se, “Awurade abegye ne somfo Yakob.”
21 They did not thirst when he led them through the deserts; he made water flow for them from the rock. He split the rock, and the water gushed out. Osukɔm anne wɔn bere a odii wɔn anim, wɔ nweatam ahorow so no, ɔmaa nsu fii ɔbotan mu ba maa wɔn; ɔpaee ɔbotan no mu, maa nsu tue fii mu.
22 "There is no peace," says our Father, "for the wicked." “Asomdwoe nni hɔ mma amumɔyɛfo.” Sɛɛ na Awurade se.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]