Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 17 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 An oracle about Damascus. Look—Damascus will no longer be a city; it becomes a heap of ruins. Nkɔmhyɛ a ɛfa Damasko ho: “Hwɛ, Damasko renyɛ kuropɔn bio ɛbɛdan ayɛ nnwiriwii siw.
2 The cities of Aroer are abandoned; they will be left for the flocks, which will lie down with no one to frighten them. Aroer nkuropɔn bɛdan amamfo na wɔagyaw ama nguankuw ama wɔadeda hɔ, a obiara renyi wɔn hu.
3 The fortress will vanish from Ephraim, and the kingdom from Damascus; and the remnant of Aram will be like the glory of the children of Israel, declares the Father of heaven's armies. Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera wɔ Efraim, adehyetumi nso befi Damasko; Aram nkae bɛyɛ Israelfo anuonyam,” Sɛnea Asafo Awurade se ni.
4 In that day the glory of Jacob will be brought low, and the fat of his body will waste away. “Da no Yakob anuonyam bɛpa; na ne mu srade bɛsa.
5 It will be as when a harvester gathers the standing grain and harvests the heads of grain with his arm; it will be as when someone gleans the grain in the Valley of Rephaim. Ɛbɛyɛ sɛnea nnɔbaetwafo twa aburow a egyina afuw so na ɔde ne nsa penpan, sɛ bere a obi redi mpɛpɛwa wɔ Refaim Bon mu.
6 Yet a few will be left, as when an olive tree is beaten: two or three ripe olives at the very top, four or five on the fruitful branches, declares the Father of Israel. Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka, sɛnea wɔwosow ngodua a ɛyɛ no, ɛka aba no abien anaa abiɛsa wɔ atifi mman no so, ne anan anaa anum wɔ mman a ɛso no so,” sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni.
7 In that day people will look to their Maker, and their eyes will turn to the Holy One of Israel—our Father. Saa da no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfo so na wɔadan wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no.
8 They will not look to the altars, the work of their hands, and they will not gaze at what their own fingers have made—the Asherah poles and the incense altars. Wɔremfa wɔn ho nto afɔremuka a ɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so, na wobebu Asera nnua ne nnuhuam afɔremuka a wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtiaa.
9 In that day their strong cities will be like the abandoned places of the woods and hilltops, which were deserted when the children of Israel came; and it will be a desolation. Da no wɔn nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ dennen, a Israelfo nti wogyaw hɔ no, bɛyɛ sɛ mmeaemmeae a wɔagyaw ama nnɔtɔ ne nwura. Ne nyinaa bɛda mpan.
10 For you have forgotten the Father of your salvation, and you have not remembered the Rock of your refuge. Therefore, though you plant pleasant gardens and set out cuttings from a foreign vine, Mo werɛ afi Onyankopɔn, mo Agyenkwa, na monkaee Ɔbotan no, mo abandennen no. Enti ɛwɔ mu sɛ mopɛ nnua papa na mudua bobe a moatɔ afi amannɔne,
11 and though on the day you plant them they begin to sprout, and by morning your planting is in blossom, yet the harvest will vanish in a day of grief and incurable pain. ɛwɔ mu, da a muduae no, moma enyinii anɔpa a muduae no, moma eguu nhwiren, nanso otwa no renyɛ hwee sɛ ɔyare ne ɔyaw a wontumi nsa.
12 Ah, the uproar of many peoples—they roar like the roaring of the seas! The rumbling of nations—they rumble like the rumbling of mighty waters! Nnome nka aman dodow a wohuru so no, wohuru so te sɛ po a ɛrebɔ asorɔkye! Nnome nka nnipa dodow a wɔworo so, wɔworo so sɛ asu akɛse!
13 The nations rumble like the rumbling of many waters, but our Father will rebuke them, and they will flee far away, driven before the wind like chaff on the hills, like whirling dust before the storm. Ɛwɔ mu, nnipa dodow woro so te sɛ, asu a ɛresen mmirika so, sɛ ɔka wɔn anim a woguan kɔ akyirikyiri, te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bepɔw so te sɛ nweatam so nwura a mframaden rebɔ no.
14 At evening, sudden terror! Before morning, they are gone. This is the portion of those who plunder us, the lot of those who loot us. Anwummere, wɔbɔ yɛn hu awerɛfiri mu ansa na ade bɛkyɛ no na wɔkɔ dedaw! wɔn a wɔfow yɛn nneɛma, ne wɔn a wɔbɔ yɛn korɔn kyɛfa ni.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]