Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 16 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Send the lambs to the ruler of the land, from Sela by way of the wilderness, to the mountain of the daughter of Zion. Momfa nguantenmma sɛ sonkahiri nkɔma asase no sodifo, efi Sela fa nweatam no so, kɔka Ɔbabea Sion bepɔw no so.
2 Like fluttering birds, like a scattered nest, so are the daughters of Moab at the fords of the Arnon. Te sɛ nnomaa a wɔaka wɔn afi berebuw mu na wotu nenam wim no saa na Moabfo mmea te wɔ Arnon asutwabea.
3 Give counsel; grant justice; make your shade like night at the height of noon. Hide the outcasts; do not betray the fugitive. Moab ka se, “Munsi mo adwene pi, monna mo gyinaesi adi. Monyɛ mo sunsuma sɛ anadwo, awia ketee. Momfa aguanfo no nhintaw munnyi atubrafo no mma.
4 Let my outcasts dwell among you, Moab; be a shelter to them from the destroyer. When the oppressor is no more, and destruction has ceased, and the tramplers have vanished from the land, Momma Moabfo aguanfo no ne mo ntena; monyɛ wɔn bammɔ wɔ ɔsɛefo no ho.” Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawie na adesɛe to betwa; opoobɔfo no bɛyera wɔ asase no so.
5 then a throne will be established in covenant love, and on it will sit in faithfulness, in the tent of David, one who judges and seeks justice and is swift to do righteousness. Ɔdɔ mu na Onyankopɔn besi ahengua bi; ɔbarima bi de nokwaredi bɛtena so, obi a ofi Dawid fi, nea atemmu mu no ɔpɛ atɛntrenee na ɔntwentwɛn adetreneeyɛ ho.
6 We have heard of Moab's pride—how very proud he is—of his arrogance, his pride, and his fury; his boasting is empty. Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ, nʼani a atra ne ntɔn mmoroso, nʼahomaso ne nʼasoɔden nanso hwee nni nʼahomaso no mu.
7 Therefore let Moab wail for Moab; let everyone wail. Mourn, utterly stricken, for the raisin cakes of Kir-hareseth. Enti Moabfo twa adwo, wɔbɔ mu su ma Moab. Wodi awerɛhow na wɔbɔ abubuw, ma Kir Hereset bobe aba ɔfam.
8 For the fields of Heshbon wither, and the vine of Sibmah; the rulers of the nations have struck down its choice branches, which reached as far as Jazer and strayed into the wilderness; its shoots spread out and crossed over the sea. Hesbon mfuw no hyew, Sibma bobe mfuw nso saa ara. Aman sodifo no atiatia bobe papa no so, nea kan na wɔde kɔ Yaser na ɛtrɛtrɛw kɔ nweatam so no. Wɔn mman trɛtrɛw kɔka mpoano pɛɛ.
9 Therefore I weep with the weeping of Jazer for the vine of Sibmah; I drench you with my tears, Heshbon and Elealeh, for over your summer fruit and your harvest the battle shout has fallen. Enti misu sɛnea Yaser su, de ma Sibma bobe mfuw. Hesbon ne Eleale, mede misu fɔw mo! Mo aduaba a abere ho ahurusi ne otwabere de no aka.
10 Joy and gladness are taken away from the fruitful field, and in the vineyards no songs are sung, no cheers are raised. No one treads out wine in the presses; I have put an end to the shouting. Ahosɛpɛw ne anigye nni mfikyifuw no mu; obiara nto dwom, na ɔnteɛteɛ mu wɔ bobeturo mu; obiara nkyi nsa wɔ nsakyiamoa so, efisɛ mede nteɛteɛmu aba nʼawiei.
11 Therefore my heart moans like a lyre for Moab, my inmost being for Kir-heres. Misi apini wɔ me koma mu wɔ Moab ho te sɛ sankuten so kwadwom; na me yam hyehye me ma Kir Hereset.
12 And when Moab presents himself, when he wears himself out on the high place and comes to his sanctuary to pray, he will not prevail. Sɛ Moab kɔ ne sorɔnsorɔmmea a ɔhaw ne ho kwa; sɛ ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpae a, ɛrenkosi hwee.
13 This is the word that our Father spoke concerning Moab in the past. Eyi ne asɛm a Awurade aka dedaw afa Moab ho.
14 But now our Father has spoken: "In three years, like the years of a hired worker, the glory of Moab will be scorned, in spite of all his great numbers; and the remnant will be very few and feeble." Nanso mprempren Awurade ka se, “Mfe abiɛsa mu, sɛnea akoa a nhyehyɛe kyekyere no no bebu nna no, wobebu Moab anuonyam ne ne nkurɔfo dodow no nyinaa animtiaa, na ne nkae no bɛyɛ kakraa bi a wonni ahoɔden.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]