Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Ecclesiastes 4 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Nhyɛso, Adwumaden, Ankonam

1Bio, mehwɛ mihuu nhyɛso a ɛrekɔ so wɔ owia yi ase:Mihuu wɔn a wɔredi wɔn nya no nusuna wonni ɔwerɛkyekyefo biara;tumi no wɔ wɔn nhyɛsofo no nsamna wonni ɔwerɛkyekyefo biara.

2Na mekae se: Awufo awɔawuwu dedaw no,ani gye sen ateasefo;wɔn a wɔda so wɔ nkwa mu no.

3Na nea oye sen baanu yine nea onnya mmae,nea onnya nhuu bɔne awɔyɛ wɔ owia yi ase.

4Na mihuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne nea onipa tumi yɛ nyinaa nnyinaso ne sɛ nʼani bere ne yɔnko. Eyi nso yɛ ahuhude, mmirika a wotu taa mframa.

5Ɔkwasea bobɔw ne nsa gu ne hona ɔsɛe ne ho.

6Nsammua baako a asomdwoe wɔ muye sen nsammua abien a ɔbrɛ bata ho;ɛte sɛ nea wotaa mframa.

7Afei nso mihuu biribi a ɛnka hwee wɔ owia yi ase:

8Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam;onni ɔbabarima anaa onuabarima.Nʼadwumaden amma nʼawie da,nanso nʼani ansɔ nʼahonya.Obisaa ne ho se, “Na hena na merebrɛ ama no,na adɛn nti na mede anigye kame me kra?”Eyi nso yɛ ahuhude,ɛyɛ ɔhaw kwa.

9Baanu ye sen ɔbaakofo,efisɛ wonya wɔn brɛ so mfaso a ɛsɔ ani:

10Sɛ ɔbaako hwe ase ane yɔnko betumi aboa no.Nanso onipa a ɔhwe ase aonni ɔboafo no, yɛ mmɔbɔ.

11Bio, sɛ baanu da bɔ mu a wɔka wɔn ho hyew.Na ɛbɛyɛ dɛn na ankonam bɛka ne ho hyew?

12Ɔbaakofo de, wobetumi aka no ahyɛnanso baanu tumi pere wɔn ti.Hama a wɔawɔ no mmɛsa no, wontumi ntetew mu ntɛm.

Nkɔso Yɛ Adehunu

13Ɔbabun nyansafo a odi hia ye sen ɔhene akwakoraa a ɔyɛ ɔkwasea na ontie kɔkɔbɔ bio. 14Ebia na ɔbabun no fi afiase na obedii ade anaasɛ wɔwoo no too ohia mu wɔ adehye abusua mu. 15Mihuu sɛ wɔn a wɔtenaa ase na wɔnantew owia yi ase nyinaa dii ɔbabun no akyi, nea odii ɔhene no ade no. 16Nnipadɔm a wontumi nkan wɔn dii nʼakyi. Nanso nkyirimma no ani annye ne ho. Eyi nso yɛ ahuhude, ɛte sɛ wotaa mframa.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]