Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Amos 9 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 I saw the Sovereign Father standing by the altar, and he said: "Strike the pillar tops so the thresholds shake, and shatter them on the heads of them all; those left I will kill with the sword. Not one will flee, not one will escape. Mihuu Awurade sɛ ogyina afɔremuka no ho, na ɔkae se, “Bɔ Asɔredan no afadum no atifi na mma ne fapem no nwosow. Munnwiriw ngu nnipa no nyinaa so; wɔn a aka no mede afoa bekunkum wɔn. Ɔbaako mpo rentumi nguan, obiara rennya ne ho sɔnn.
2 Though they dig down into the grave, from there my hand will take them; though they climb up to heaven, from there I will bring them down. Mpo sɛ wotu fam kɔ ɔda mu a, hɔ na me nsa bɛtwe wɔn afi aba. Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, hɔ na meyi wɔn afi aba fam.
3 Though they hide themselves on the top of Carmel, from there I will search them out and seize them; though they conceal themselves from my sight at the bottom of the sea, there I will command the serpent, and it will bite them. Mpo sɛ wɔkɔtetɛw bepɔw Karmel atifi a, hɔ na metiw wɔn akɔkyere wɔn aba. Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ po ase a, hɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn.
4 Though they go into captivity before their enemies, there I will command the sword, and it will kill them; I will fix my eyes on them for harm and not for good." Mpo sɛ wɔn atamfo de wɔn kɔ nnommum mu a, hɔ na mɛhyɛ afoa akunkum wɔn. “Megyen mʼani ahwɛ wɔn. Mede ɔsɛe bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.”
5 The Sovereign, the Father of heaven's armies—he who touches the earth and it melts, and all who dwell in it mourn; all of it rises like the Nile and sinks like the Nile of Egypt, Awurade, Asafo Awurade, Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnan, ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo. Asase no nyinaa ma ne ho so te sɛ Nil na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten.
6 who builds his upper chambers in the heavens and founds his vault upon the earth, who calls for the waters of the sea and pours them out on the face of the earth—our Father is his name. Ɔno na osi nʼahemfi a ɛkorɔn wɔ ɔsoro na ɔto ne fapem wɔ asase so. Ɔno na ɔboaboa po mu nsu ano na ohwie gu asase so. Awurade ne ne din!
7 "Are you not like the children of the Cushites to me, children of Israel?" declares our Father. "Did I not bring up Israel from the land of Egypt, and the Philistines from Caphtor and the Arameans from Kir? “Mo Israelfo, mo ho hia me sen Etiopiafo?” Sɛnea Awurade se ni. Manyi Israelfo amfi Misraim, ne Filistifo amfi Kaftor, ne Aramfo nso amfi Kir ana?
8 Look, the eyes of the Sovereign Father are on the sinful kingdom, and I will destroy it from the face of the earth—yet I will not utterly destroy the house of Jacob," declares our Father. “Ampa ara Otumfo Awurade ani wɔ nnebɔne ahenni no so. Mɛpepa no afi asase ani, nanso merensɛe Yakobfi korakora,” sɛnea Awurade se ni.
9 "For look, I will give the command, and I will shake the house of Israel among all the nations as one shakes grain in a sieve, but not a pebble will fall to the ground. “Na mɛhyɛ, na mɛwosow Israelfi, wɔ amanaman nyinaa mu, sɛnea wohuhuw atoko so wɔ huhuamoa mu na aba fua mpo ntɔ fam no.
10 All the sinners of my people will die by the sword—those who say, 'Disaster will not overtake or meet us.'" Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ me nkurɔfo mu nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano, wɔn a wɔka se, ‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da no.’
11 "On that day I will raise up the fallen shelter of David, and repair its breaches, and raise up its ruins, and rebuild it as in the days of old, “Saa da no, mɛsan aba abesi “Dawid fi a abubu no bio. Mesiesie ne mmeae a asɛesɛe no, na masi no sɛnea na ɛte no,
12 that they may possess the remnant of Edom and all the nations who are called by my name," declares our Father, who does this. na wɔafa Edom nkae no ne amanaman a me din da wɔn so.” Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ eyinom nyinaa.
13 "The days are coming," declares our Father, "when the plowman will overtake the reaper, and the treader of grapes will overtake him who sows the seed; the mountains will drip sweet wine, and all the hills will flow with it. “Nna no reba,” sɛnea Awurade se ni, “A nnɔbae no bɛba ntɛm ama otwafo no, na bobe no abu so ama nea otiatia nsakyiamoa no so no. Nsa foforo bɛsosɔ afi mmepɔw no so na ateɛ afi nkoko no nyinaa so.
14 I will restore the fortunes of my people Israel, and they will rebuild the ruined cities and live in them; they will plant vineyards and drink their wine, and make gardens and eat their fruit. Mede me nkurɔfo Israel nnommum bɛsan aba. “Wɔbɛsan asiesie nkuropɔn a asɛe no na wɔatena mu. Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsa; wɔbɛyɛ mfikyifuw na wɔadi so nnuaba.
15 I will plant them on their own land, and they will never again be uprooted out of the land that I have given them," says your Father. Mede Israelfo bedua wɔn ankasa asase so a wɔrentu bio da mfi asase a mede ama wɔn no so,” sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn se ni.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]