Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Amos 9 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Wɔbɛsɛe Israel

1Mihuu Awurade sɛ ogyina afɔremuka no ho, na ɔkae se,“Bɔ Asɔredan no afadum no atifina mma ne fapem no nwosow.Munnwiriw ngu nnipa no nyinaa so;wɔn a aka no mede afoa bekunkum wɔn.Ɔbaako mpo rentumi nguan,obiara rennya ne ho sɔnn.

2Mpo sɛ wotu fam kɔ ɔda mu a,hɔ na me nsa bɛtwe wɔn afi aba.Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a,hɔ na meyi wɔn afi aba fam.

3Mpo sɛ wɔkɔtetɛw bepɔw Karmel atifi a,hɔ na metiw wɔn akɔkyere wɔn aba.Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ po ase a,hɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn.

4Mpo sɛ wɔn atamfo de wɔn kɔ nnommum mu a,hɔ na mɛhyɛ afoa akunkum wɔn.“Megyen mʼani ahwɛ wɔn.Mede ɔsɛe bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.”

5Awurade, Asafo Awurade,Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnan,ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo.Asase no nyinaa ma ne ho so te sɛ Nilna ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten.

6Ɔno na osi nʼahemfi a ɛkorɔn wɔ ɔsorona ɔto ne fapem wɔ asase so.Ɔno na ɔboaboa po mu nsu anona ohwie gu asase so.Awurade ne ne din!

7“Mo Israelfo,mo ho hia me sen Etiopiafo?”Sɛnea Awurade se ni.Manyi Israelfo amfi Misraim,ne Filistifo amfi Kaftor,ne Aramfo nso amfi Kir ana?

8“Ampa ara Otumfo Awurade aniwɔ nnebɔne ahenni no so.Mɛpepa no afi asase ani,nanso merensɛe Yakobfi korakora,”sɛnea Awurade se ni.

9“Na mɛhyɛ,na mɛwosow Israelfi,wɔ amanaman nyinaa mu,sɛnea wohuhuw atoko so wɔ huhuamoa muna aba fua mpo ntɔ fam no.

10Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ me nkurɔfo mu nyinaabɛtotɔ wɔ afoa ano,wɔn a wɔka se,‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da no.’

Israel Nsiesiei

11“Saa da no, mɛsan aba abesi“Dawid fi a abubu no bio.Mesiesie ne mmeae a asɛesɛe no,na masi no sɛnea na ɛte no,

12na wɔafa Edom nkae none amanaman a me din da wɔn so.”Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ eyinom nyinaa.

13“Nna no reba,” sɛnea Awurade se ni,“A nnɔbae no bɛba ntɛm ama otwafo no,na bobe no abu so ama nea otiatia nsakyiamoa no so no.Nsa foforo bɛsosɔ afi mmepɔw no sona ateɛ afi nkoko no nyinaa so.

14Mede me nkurɔfo Israel nnommum bɛsan aba.“Wɔbɛsan asiesie nkuropɔn a asɛe no na wɔatena mu.Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsa;wɔbɛyɛ mfikyifuw na wɔadi so nnuaba.

15Mede Israelfo bedua wɔn ankasa asase soa wɔrentu bio damfi asase a mede ama wɔn no so,”sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn se ni.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]