Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Obadiah 1 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 The vision of Obadiah. This is what the Sovereign Father says about Edom: We have heard a message from our Father, and an envoy sent among the nations—"Rise up! Let us rise against her for battle!" Anisoadehu a Awurade Nyankopɔn daa no adi faa Edom asase ho kyerɛɛ Obadia ni: Yɛate asɛm a efi Awurade nkyɛn. Wɔsomaa ɔnanmusini bi kɔɔ aman so kɔkae se, “Monsɔre na momma yɛnkɔko ntia Edom.”
2 Look, I will make you small among the nations; you will be utterly despised. Awurade ka kyerɛ Edom se: “Hwɛ, mɛbrɛ wo ase. Mɛyɛ wo ketewa wɔ aman no mu, na wɔabu wo animtiaa.
3 The pride of your heart has deceived you, you who live in the clefts of the rock, whose home is the heights, who say to yourself, "Who can bring me down to the ground?" Wayɛ ahantan adaadaa wo ho, Wo a wote abotan ntokuru mu na woayɛ wʼatenae wɔ mmepɔw so, na woka kyerɛ wo ho se, ‘Hena na obetumi ayi me asi fam?’
4 Though you soar like the eagle, though you set your nest among the stars, from there I will bring you down, declares our Father. Sɛ wutu kɔ wim sɛ akɔre, na woyɛ wo berebuw wɔ nsoromma ntam mpo a, hɔ na mɛba abɛtwe wo adwira fam.” Sɛnea Awurade se ni.
5 If thieves came to you, if plunderers came by night—how you have been destroyed!—wouldn't they steal only what they wanted? If grape-pickers came to you, wouldn't they leave some grapes behind? “Sɛ akorɔmfo ba wo so, anaa adwowtwafo ba wo so anadwo a, atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo? Na wɔrennwia wo nneɛma dodow a wɔpɛ ana? Sɛ bobe abatewfo ba wo so a, ɛnyɛ bobe aba kakraa bi pɛ na wobegyaw ama wo ana?
6 How Esau has been ransacked, his hidden treasures plundered! Na wo Esau de, wobewia wʼademude a wode asie na wɔayɛ wo dosodoso.
7 All your allies have driven you to the border; those who were at peace with you have deceived you and overpowered you; those who shared your table have set a trap beneath you—and you don't even see it. Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaa bedi wo huammɔ. Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛ wo ne wɔn te asomdwoe mu no bɛdaadaa wo adi wo so, wɔn a wodi wʼaduan no asum wo afiri, nanso, wunhui.
8 Will I not on that day, declares our Father, destroy the wise men of Edom and wipe out understanding from the mountain of Esau? “Saa da no,” Awurade na ose, “Merensɛe anyansafo a wɔwɔ Edom ana, mmarima a wɔte asɛm ase a wɔwɔ Esau mmepɔw so ana?
9 Your warriors will be shattered, Teman, so that everyone on the mountain of Esau will be cut down in the slaughter. Teman wʼakofo bɛbɔ hu ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔw so no, wobetwitwa mo atɔre mo ase.
10 Because of the violence you did to your brother Jacob, shame will cover you, and you will be cut off forever. Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no nti aniwu bɛka wo, na wɔbɛsɛe wo koraa.
11 On the day you stood by and did nothing, on the day strangers carried off his wealth and foreigners entered his gates and cast lots for Jerusalem—you too were like one of them. Da a wugyinaa ntentenso hwɛɛ no haa, maa ananafo faa nʼahonyade kɔe na ahɔho hyɛn ne kurow apon mu, na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no, na wote sɛ wɔn mu baako.
12 But do not gloat over your brother in the day of his misfortune; do not rejoice over the people of Judah in the day of their ruin; do not boast loudly in the day of distress. Anka ɛnsɛ sɛ wubu wo nua animtiaa bere a ɔwɔ asiane mu, anaa sɛ wudi ahurusi wɔ Yudafo so bere a wɔwɔ ɔsɛe mu, na mpo wohoahoa wo ho bere a wɔwɔ ahohia mu no.
13 Do not enter the gate of my people in the day of their calamity; you of all people, do not gloat over his disaster in the day of his calamity; do not loot his wealth in the day of his calamity. Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ hyɛn me nkurɔfo kurow apon no mu wɔ wɔn amanehunuda, anka ɛnsɛ sɛ woserew wɔ bere a wɔwɔ ɔhaw mu. Afei nso anka ɛnsɛ sɛ wode wo nsa to wɔn ahode so gye wɔ bere a wɔwɔ amanehunu mu.
14 Do not stand at the crossroads to cut down his fugitives; do not hand over his survivors in the day of distress. Anka ɛnsɛ sɛ wotɛw wɔn nkwantanan so kunkum nʼaguanfo Na wuyi wɔn a aka no ma wɔ wɔn amanehunuda no mu.
15 For the day of our Father is near for all the nations. As you have done, it will be done to you; your deeds will come back on your own head. “Awurade da no abɛn ama amanaman nyinaa. Na hwɛ, Edom, sɛnea woyɛɛ no saa ara na wɔbɛyɛ wo. Wo nneyɛe bɛsan abegu wʼapampam.
16 For as you drank on my holy mountain, so all the nations will drink continually; they will drink and swallow and become as though they had never been. Sɛnea mononom nsã wɔ me bepɔw kronkron so no, saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom, saa ara na ɛbɛkɔ so da biara na wɔbɛyɛ te sɛ nea wonni hɔ.
17 But on Mount Zion there will be deliverance, and it will be holy, and the house of Jacob will possess their inheritance. Na ogye bɛba Sion bepɔw so na ɛbɛyɛ kronkronbea, na Yakob nsa bɛsan aka nʼagyapade.
18 The house of Jacob will be a fire and the house of Joseph a flame, and the house of Esau will be stubble; they will burn it and consume it, and there will be no survivor of the house of Esau, for our Father has spoken. Yakob bɛyɛ ogya na Yosef ayɛ ogyatannaa; Esau bɛyɛ adehunu bi na wɔde no bɛto ogya so ahyew no a obiara renka wɔ Esau ase.” Nea Awurade se ni.
19 Those of the Negev will possess the mountain of Esau, and those of the foothills the land of the Philistines; they will possess the land of Ephraim and the land of Samaria, and Benjamin will possess Gilead. Nkurɔfo a wofi Negeb no bɛtena Esau mmepɔw so, Na wɔn a wofi nkoko no ase no, bɛfa Filisti asase no, na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuw atena so, na Benyamin nso afa Gilead.
20 The exiles of this army of the people of Israel will possess the land of the Canaanites as far as Zarephath, and the exiles of Jerusalem who are in Sepharad will possess the cities of the Negev. Nnipakuw yi a wɔyɛ Israelfo a wotwaa wɔn asu kɔɔ Kanaan no bɛfa Kanaan asase no akosi Sarefat; na Yerusalemfo a wotwaa wɔn asu a wɔte Safarad no bɛfa Negeb nkurow no adi so.
21 Deliverers will go up to Mount Zion to rule the mountain of Esau, and the kingdom will belong to our Father. Agyefo bɛkɔ Sion bepɔw so, akodi Edom mmepɔw no so. Na ahenni no bɛyɛ Awurade de!
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]