Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Amos 8 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 This is what the Sovereign Father showed me: a basket of summer fruit. Afei nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: kɛntɛn a aduaba a abere wɔ mu.
2 He said, "Amos, what do you see?" I said, "A basket of summer fruit." Then our Father told me, "The end has come for my people Israel; I will never again pass them by." Obisae se, “Dɛn na wuhu, Amos?” Mibuae se, “Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abere ahyɛ no ma.” Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Me nkurɔfo Israelfo bere no aso; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.”
3 "The songs of the temple will turn to wailing in that day," declares the Sovereign Father. "So many corpses, flung down everywhere—silence!" Sɛnea Otumfo Awurade se ni, “Saa da no, hyiadan nnwonto bɛdan agyaadwotwa. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!”
4 Hear this, you who trample the needy and do away with the poor of the land, Muntie saa asɛm yi, mo a mutiatia mmɔborɔfo so, na mopam ahiafo fi wɔn asase so,
5 saying, "When will the new moon be over, so we can sell grain? When will the Sabbath end, so we can open the wheat market—making the measure small and the weight large, and cheating with dishonest scales, na moka se, “Bere bɛn na ɔsram foforo betwa mu ama yɛatɔn aduan, na Homeda bɛba awiei ama yɛadi awi gua?” Sɛ mobɛhyɛ susukoraa mu na moatoto ɔbo so na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfo,
6 buying the poor for silver and the needy for a pair of sandals, and selling the sweepings of the wheat?" na mode dwetɛ atɔ ahiafo na mmɔborɔfo nso moatɔn wɔn agye mpaboa, na moapra awi ase afra awi mu atɔn.
7 Our Father has sworn by the pride of Jacob: "I will never forget any of their deeds. Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam se: “Me werɛ remfi biribiara a wɔayɛ da.
8 Will not the land tremble for this, and all who live in it mourn? It will all rise like the Nile, be churned up, and sink again like the Nile of Egypt. “Asase renwosow wɔ nea asi yi ho ana, na wɔn a wɔte mu nyinaa rentwa adwo ana? Asase no nyinaa bɛma ne ho so te sɛ Nil ebubu afa so, na asan atwe bio te sɛ Misraim asubɔnten.”
9 On that day," declares the Sovereign Father, "I will make the sun go down at noon and darken the earth in broad daylight. Sɛnea Otumfo Awurade se ni, “Saa da no, mɛma owia atɔ owigyinae, na mama sum aduru asase so awia ketee.
10 I will turn your festivals into mourning and all your songs into a dirge. I will put mourning clothes on every waist and shave every head. I will make it like mourning for an only son, and its end like a bitter day. Mɛdan mo nyamesom aponto ama ayɛ awerɛhowdi na mo nnwonto nyinaa adan osu. Mɛma mo nyinaa afura atweaatam na mayi mo tinwi. Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba koro ho awerɛhowdida na awiei no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwen.
11 The days are coming," declares the Sovereign Father, "when I will send a famine on the land—not a famine of bread, nor a thirst for water, but of hearing my words. “Nna no reba” sɛnea Otumfo Awurade se ni, “Mɛma ɔkɔm aba asase no so, ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na mmom, Awurade asɛm ho kɔm.
12 They will stagger from sea to sea and wander from north to east, searching for the word of our Father, but they will not find it. Nnipa bɛtɔ ntintan akyinkyin afi po so akɔ po so, na wɔakyinkyin afi atifi fam akɔ apuei fam, sɛ wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm, nanso wɔrenhu.
13 In that day the beautiful young women and the young men will faint from thirst. “Na saa da no “mmabaa ahoɔfɛfo ne mmarimaa ahoɔdenfo bɛtotɔ beraw esiane osukɔm nti.
14 Those who swear by the Guilt of Samaria, who say, 'As your god lives, Dan,' and, 'As the way of Beersheba lives'—they will fall, never to rise again." Wɔn a wɔde Samaria aniwu abosom ka ntam, anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntam no, wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]