Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Amos 7 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 This is what the Sovereign Father showed me: he was forming a swarm of locusts as the late crop began to sprout—the late crop after the king's mowings. Nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: na ɔreboaboa mmoadabi bebree ano. Eyi yɛ bere a wɔatwa ɔhene kyɛfa afi mfuw no so na akyiri nnɔbae no renyin no.
2 When they finished eating the land's plants, I said, "Sovereign Father, please forgive! How can Jacob stand? He is so small!" Bere a mmoadabi no awe asase no so nnɔbae nyinaa no, meteɛɛ mu se “Otumfo Awurade, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn! Yakob bɛyɛ dɛn agyina? Ɔyɛ ɔman ketewa bi.”
3 Our Father relented concerning this. "It will not happen," said our Father. Ɛno nti, Awurade bo dwoe. Na ogyaee nʼatirimpɔw no. Ɔkae se, “Merenyɛ.”
4 This is what the Sovereign Father showed me: the Sovereign Father called for judgment by fire; it devoured the great deep and was consuming the land. Nea Otumfo Awurade yi kyerɛɛ me ni: Otumfo Awurade de ogya rebebu atɛn; ɛyow bun kɛse no, na ɛsɛee asase no.
5 Then I said, "Sovereign Father, please stop! How can Jacob stand? He is so small!" Na meteɛɛ mu se, “Otumfo Awurade, mesrɛ wo, gyae! Yakob rentumi nnyina! Ɔyɛ ɔman ketewa bi.”
6 Our Father relented concerning this. "This also will not happen," said the Sovereign Father. Ɛno nti, Awurade bo dwoe na ɔkae se, “Megyae mʼatirimpɔw yi nso.”
7 This is what he showed me: the Sovereign Father stood by a wall built straight, a plumb line in his hand. Eyi ne nea oyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasu a wɔato no kirebenn no ho, a okita kirebennyɛ susudua no.
8 And our Father said to me, "What do you see, Amos?" I said, "A plumb line." Then the Sovereign Father said, "Look, I am setting a plumb line among my people Israel; I will never again pass them by." Na Awurade bisaa me se, “Amos, dɛn na wuhu?” Mibuae se, “Kirebennyɛ susudua.” Na Awurade kae se, “Mede kirebennyɛ susudua yi reto me nkurɔfo Israelfo ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.
9 "The hilltop shrines of Isaac will be laid waste, and the sanctuaries of Israel will be ruined, and I will rise against the house of Jeroboam with the sword." “Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea na Israel kronkron tenabea nso wobebubu no; mede mʼafoa bɛsɔre atia Yeroboamfi.”
10 Amaziah, priest of Bethel, sent word to Jeroboam king of Israel: "Amos has conspired against you within the house of Israel. The land cannot bear all his words. Amasia a ɔyɛ Bet-El sɔfo de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam se, “Amos rebɔ pɔw atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nyɛ abodwosɛm.
11 This is what Amos said: 'Jeroboam will die by the sword, and Israel will surely go into exile, away from its land.'" Nea Amos reka ni: “ ‘Yeroboam bewu wɔ afoa ano, na ɔkwan biara so Israel bɛkɔ nnommum mu, wɔ akyirikyiri asase so.’ ”
12 Amaziah said to Amos, "Go, seer! Run to Judah. Earn your bread there, prophesy there. Na Amasia ka kyerɛɛ Amos se, “Fi ha kɔ, wo ɔdehufo! San kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm.
13 But never prophesy again at Bethel, for it is the king's sanctuary, a royal temple." Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, efisɛ ha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.”
14 Amos answered Amaziah, "I was no prophet or prophet's son, but a herdsman and a grower of sycamore figs. Amos buaa Amasia se, “Mennyɛ odiyifo anaa odiyifo bi ba, na na meyɛ oguanhwɛfo a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so.
15 But our Father took me from following the flock, and our Father told me, 'Go, prophesy to my people Israel.' Nanso Awurade frɛɛ me fii nguan sohwɛ so, ka kyerɛɛ me se, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfo Israelfo.’
16 Now hear the word of our Father. You say, 'Do not prophesy against Israel, do not preach against the house of Isaac.' Na afei, tie Awurade asɛm. Woka se, “ ‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfo, na gyae asɛnka a wode tia Isakfifo no.’
17 So our Father says: 'Your wife will become a prostitute in the city, your sons and daughters will fall by the sword, your land will be divided by a measuring line, and you yourself will die in an unclean land. Israel will surely go into exile, away from its own land.'" “Enti asɛm a Awurade ka ni: “ ‘Wo yere bɛbɔ aguaman wɔ kuropɔn yi mu, wo mmabarima ne wo mmabea bewuwu wɔ afoa ano. Wobesusuw wʼasase na wakyekyɛ mu, na wʼankasa nso, wubewu wɔ abosonsomman mu, na ɔkwan biara so Israel bɛkɔ nnommum mu, wɔ akyirikyiri asase so.’ ”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]