Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ecclesiastes 3 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 For everything there is a season, and a time for every matter under heaven: Biribiara wɔ ne berɛ, na dwumadie biara a ɛwɔ ɔsoro ase wɔ ne berɛ.
2 a time to be born, and a time to die; a time to plant, and a time to uproot what is planted; Awoɔ wɔ ne berɛ, na owuo wɔ ne berɛ, ogu wɔ ne berɛ, na otwa nso wɔ ne berɛ,
3 a time to kill, and a time to heal; a time to tear down, and a time to build up; ɔkum wɔ ne berɛ, na ayaresa wɔ ne berɛ, ɔbubu wɔ ne berɛ, na ɔsi nso wɔ ne berɛ,
4 a time to weep, and a time to laugh; a time to mourn, and a time to dance; agyaadwotwa wɔ ne berɛ, na ɔsereɛ nso wɔ ne berɛ, awerɛhoɔ wɔ ne berɛ, na asa wɔ ne berɛ,
5 a time to throw away stones, and a time to gather stones together; a time to embrace, and a time to refrain from embracing; aboɔ hweteɛ wɔ ne berɛ, na aboɔ anoboa wɔ ne berɛ, akwaaba wɔ ne berɛ, na nanteyie wɔ ne berɛ,
6 a time to seek, and a time to lose; a time to keep, and a time to throw away; adehwehwɛ wɔ ne berɛ, na adehwereɛ wɔ ne berɛ, adekora wɔ ne berɛ, na adetoguo wɔ ne berɛ,
7 a time to tear, and a time to sew; a time to be silent, and a time to speak; adeɛ mu sunsuane wɔ ne berɛ, na ne pempam wɔ ne berɛ, kommyɛ wɔ ne berɛ, na kasa wɔ ne berɛ,
8 a time to love, and a time to hate; a time for war, and a time for peace. ɔdɔ wɔ ne berɛ, na ɔtan wɔ ne berɛ, ɔko wɔ ne berɛ, na asomdwoeɛ wɔ ne berɛ.
9 What gain has the worker from his toil? Mfasoɔ bɛn na odwumayɛfoɔ nya firi nʼadwumaden mu?
10 I have seen the task that God has given people to keep them busy. Mahunu adesoa a Onyankopɔn de ato nnipa so.
11 He made everything beautiful in its time, and set eternity in the human heart—yet no one can grasp what God has done from start to end. Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne berɛ mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa akoma mu, nanso wɔntumi nte deɛ Onyankopɔn ayɛ firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no ase.
12 I know nothing is better for them than to enjoy life and do good while they live. Menim sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma nnipa kyɛn sɛ wɔbɛgye wɔn ani na wayɛ deɛ ɛyɛ ɛberɛ a wɔte ase.
13 Also, that everyone eat, drink, and find satisfaction in all their work—this is God's gift. Sɛ obiara bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ wɔ ne dwumadie nyinaa mu, yei ne Onyankopɔn akyɛdeɛ.
14 I know all God does lasts forever; nothing can be added, nothing removed. He has done it so people will fear before him. Menim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfiri mu. Onyankopɔn yɛ yei sɛdeɛ nnipa de anidie bɛma no.
15 What is has already been, and what will be has already been; and God seeks out what was driven away. Biribiara a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ no, aba pɛn, na deɛ ɛbɛba no nso aba dada; na Onyankopɔn bɛfrɛ deɛ asi dada no ama akontabuo.
16 I also saw under the sun: evil in the place of judgment, and evil in the place of righteousness. Na mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase sɛ: Amumuyɛsɛm wɔ deɛ atemmuo wɔ, atɛnteneneebea no, amumuyɛsɛm wɔ hɔ.
17 I said in my heart: "God will judge the righteous and the wicked, for there's a time for every matter and every deed, there." Medwenee wɔ mʼakomam sɛ, “Onyankopɔn bɛbu teneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn, ɛfiri sɛ adwuma biara bɛnya ne berɛ, adeyɛ biara ne ne berɛ.”
18 I said in my heart: "God tests people, so that they may see they're just animals." Afei medwenee sɛ, “Nnipa deɛ, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wɔhunu sɛ wɔte sɛ mmoa.
19 Humans and animals share one fate: one dies as the other dies; both have the same breath. Humans have no advantage over animals—all is vapor. Onipa hyɛberɛ te sɛ mmoa deɛ, na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛdeɛ ɔbaako wuo no, saa ara na ɔfoforɔ nso wuo. Wɔn nyinaa wɔ ahomeɛ baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhudeɛ.
20 All go to one place; all came from the dust, and all return to the dust. Wɔn nyinaa kɔ faako; wɔn nyinaa firi dɔteɛ mu na wɔsane kɔ dɔteɛ mu.
21 Who knows whether the human spirit goes up, and whether the animal's spirit goes down to the earth? Hwan na ɔnim sɛ onipa honhom foro soro, na aboa deɛ siane kɔ asase mu anaa?”
22 So I saw nothing is better than a person rejoicing in their work, since that is their lot. For who can show them what comes after them? Enti mehunuu sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, ɛfiri sɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hwan na ɔbɛtumi de no asane aba sɛ ɔmmɛhwɛ deɛ ɛbɛsi ne wuo nʼakyi?
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]