Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Philippians 2 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 So if any encouragement in Christ, any comfort from love, any deep communion in the Holy Spirit, any tenderness and compassion exist, Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den ana? Ne dɔ kyekye mo werɛ ana? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi ana? Mowɔ ayamye ne ayamhyehye ma mo ho mo ho ana?
2 complete my joy: think alike, love alike, unite in spirit, one in purpose. Sɛ ɛte saa de a, ɛno de, munnya adwene koro wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botae koro mu, na mʼanigye awie pɛyɛ.
3 Do nothing out of selfish ambition or empty conceit, but in humility consider others better than yourselves. Monnyɛ pɛsɛmenkominya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ anuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mummu mo yɔnkonom nsen mo ankasa mo ho.
4 Each of you should attend not only to your own interests, but also to others'. Mommma obiara nhwɛ ne nko ara nʼade nko, na mmom onsusuw ne mfɛfo nso de ho bi.
5 Have this mindset among yourselves—one that is yours in Christ Jesus, Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo de no bi.
6 who, existing in the form of our Father, did not consider equality with our Father something to be grasped, Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu de, nanso wanhwɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ.
7 but emptied himself by taking on the form of a servant and being born in human likeness. Ɔdan ne tumi kɛse ne nʼanuonyam too nkyɛn. Mmom, ofii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so, baa sɛ onipa bɛyɛɛ nʼade sɛ onipa.
8 And appearing as a human being, he humbled himself by becoming obedient to death—even death on a cross. Ɔbrɛɛ ne ho ase, yɛɛ osetie de koduu owu mu, asennua ho wu mu mpo.
9 Therefore our Father exalted him to the highest place and gave him the name that is above every name, Eyi nti Onyankopɔn maa ne so kɔɔ baabi a ɛkorɔn koraa, maa no din a edi din nyinaa so.
10 so that at the name of Jesus every knee should bow, in heaven and on earth and under the earth, Na ɛno nti sɛ wɔbɔ Yesu din a, ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa bɛkotow no.
11 and every tongue confess that Jesus Christ is Lord, to the glory of our Father. Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka se, Yesu Kristo ne Awurade, de ahyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.
12 So, my dear ones, as you've always obeyed—not only in my presence but now much more in my absence—keep working out your salvation with fear and trembling, Enti me nnamfo pa, sɛnea na me ne mo te hɔ a na mutie me no, saa ara nso na bere a minni mo nkyɛn mprempren yi ɛsɛ sɛ mutie me ara ne no. Monkɔ so mfa ahopopo ne osuro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagye ho adwumayɛ,
13 for our Father works in you, giving both the will and the work for his good purpose. efisɛ Onyankopɔn na ɔma mufi mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.
14 Do everything without grumbling or arguing, Dwuma biara a mudi no, munnnwiinwii na monnnye ho akyinnye,
15 so you may be blameless and pure, faultless children of our Father amid a crooked and depraved generation—shining among them like stars in the world, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronkron sɛ Onyankopɔn mma nokwafo a wɔte wiase a nkontompofo ne nnebɔneyɛfo ahyɛ mu ma tɔ no. Ɛsɛ sɛ mohyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nsoromma a ɛwɔ soro
16 holding firmly to the word of life, so I can boast on Christ's day that I didn't run or work for nothing. wɔ nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. Sɛ moyɛ saa na Kristo da no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no; efisɛ ɛbɛda no adi sɛ dwuma a mibedii no anyɛ ɔkwa.
17 But even if I'm poured out as a drink offering on the sacrifice and service of your faith, I'm glad and rejoice with you all. Ebia na ɛsɛ sɛ wohwie me mogya gu sɛ afɔrebɔde sɛnea mo ɔsom no nso yɛ afɔrebɔde ma Onyankopɔn no. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ anigyesɛm a me ne mo nyinaa na ebenya saa ahosɛpɛw no.
18 So you too should be glad and rejoice with me. Yiw, momma mo ani nnye, sɛnea me nso mʼani agye no.
19 I hope, in the Lord Jesus, to send Timothy to you soon, so I too may be encouraged, knowing how you are. Anidaso a mewɔ wɔ Awurade Yesu mu no nti, mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran.
20 I have no one else like him, who will genuinely care for your welfare. Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no.
21 For they all look after their own interests, not those of Jesus Christ. Obiara pɛ ɔno ara ne yiyedi a Yesu Kristo ho asɛm mfa ne ho.
22 You know Timothy's proven worth—like a son with a father, he served with me in the gospel work. Mo ankasa mudi ho adanse wɔ dwuma a wadi ho. Wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne nʼagya a wɔaka abɔ mu adi asɛmpa no ho dwuma.
23 So I hope to send him as soon as I see how things go with me, Sɛ mihu sɛnea nneɛma rekɔ so ma me a, ɛrenkyɛ biara mɛsoma no aba mo nkyɛn.
24 and I am confident in the Lord that I myself will come soon. Na Awurade mu anidaso a mewɔ nti, minim sɛ ɛrenkyɛ biara mʼankasa mɛba mo nkyɛn.
25 I thought it necessary to send Epaphroditus back to you—my brother, coworker, and fellow soldier, your messenger and servant for my needs. Mʼadwene ho sɛ, mɛsoma yɛn nua Epafrodito a wayɛ adwuma, na odi me nkyɛn mu ako na wasom mo sɛ mo somafo de aboa me no wɔ mo nkyɛn.
26 He has longed for you all, and is troubled that you heard he was sick. Ne ho pere no sɛ obehu mo nyinaa na ɛhaw mo nso sɛ motee ne nka sɛ ɔyare.
27 Indeed he was sick, and nearly died. But our Father had mercy on him—not only him but me too, sparing me sorrow upon sorrow. Ampa ara, na ɔyare a anka ɔreyɛ awu. Nanso Onyankopɔn huu no ne me nso mmɔbɔ, efisɛ wamma manni awerɛhow.
28 So I'm more eager to send him, so seeing him again you'll rejoice and I'll worry less. Me ho peree me yiye sɛ mɛsoma no aba mo nkyɛn na muhu no a, mo ani asan agye, na me nso mʼawerɛhow to atwa.
29 Welcome him in the Lord with all joy, and honor people like him, Momfa ahosɛpɛw nnye no sɛ onua wɔ Awurade mu. Momfa obu ne nidi mma nnipa a wɔte sɛ ɔno nyinaa,
30 because he neared death for Christ's work, risking his life to make up your missing help to me. efisɛ ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre a ɛnam so maa anka ɔrewu ama Kristo adwuma de aboa me a anka morentumi mmoa saa no.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]