Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Philemon 1 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Paul, a prisoner of Christ Jesus, and Timothy our brother, to Philemon, our dear friend and co-worker, Saa nhoma yi fi Paulo a esiane Kristo Yesu nti ɔyɛ odeduani ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon
2 and to our sister Apphia, our fellow soldier Archippus, and the church that meets in your house: ne asafo a wohyia wɔ wo fi no ne yɛn nuabea Apia ne yɛn yɔnko sraani Arkipo no:
3 Grace and peace to you from our Father and the Lord Jesus Christ. Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
4 I always thank my Father as I remember you in my prayers, Onua Filemon, bere biara a mebɔ mpae no mebɔ bi ma wo na meda me Nyankopɔn nso ase.
5 because I hear of your love and faith in the Lord Jesus and for all his holy people. Mete ɔdɔ a wodɔ Onyankopɔn nkurɔfo ne gyidi a wowɔ wɔ Awurade Yesu mu no.
6 I pray your shared faith becomes effective as you come to understand every good thing we have in Christ. Sɛnea wo ne afoforo kura gyidi koro mu no, mebɔ mpae sɛ wɔn nso behu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa.
7 Your love has brought me great joy and comfort, brother, since you've refreshed the hearts of his holy people. Onua pa, wo dɔ no ama me anigye na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyan Onyankopɔn nkurɔfo.
8 Therefore, although in Christ I am bold enough to command you to do what is right, Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu nti, metumi de akokoduru ahyɛ wo, ama woayɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ,
9 instead, for love's sake I appeal—I, Paul, an old man, now also a prisoner of Christ Jesus. nanso me Paulo a meyɛ akwakoraa ne Kristo Yesu deduani fi ɔdɔ mu mprempren
10 I appeal to you for my child Onesimus, whose father I became while I was in chains. resrɛ wo ama me ba Onesimo a ɔbɛyɛɛ me ba, bere a na meda afiase no.
11 He was once useless to you, but now is useful to you and me. Bere bi a atwa mu no na ne so nni mfaso mma wo, nanso mprempren de, ne so wɔ mfaso ma me ne wo.
12 I am sending him back to you—and in doing so I am sending my very heart. Merema ɔno a ɔyɛ mʼankasa me koma no asan aba wo nkyɛn.
13 I wanted to keep him with me, to serve me on your behalf while I'm in chains for the gospel. Esiane asɛmpa no nti, mepɛe sɛ ɔtena me nkyɛn bere a meda afiase yi, sɛnea ɛbɛyɛ a obesi wʼanan mu aboa me.
14 But I wanted to do nothing without your consent, so your good deed would not be forced, but voluntary. Nanso na mempɛ sɛ mefi wʼakyi ayɛ biribi, sɛnea ɛrenyɛ sɛ adɔe biara a wobɛyɛ no fi ɔhyɛ mu na mmom efi ɔpɛ pa mu nti.
15 Perhaps this is why he was separated from you briefly, so you'd have him back forever. Ebia na Onesimo fii wo nkyɛn bere tiaa bi sɛnea ɛbɛyɛ a wubegye no ato mu bio afebɔɔ.
16 No longer as a slave, but more than a slave—a beloved brother, especially to me, but even more to you, both in the flesh and in the Lord. Mprempren ɔnyɛ ɔsomfo kɛkɛ efisɛ ɔkyɛn ɔsomfo. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfo ne onua wɔ Awurade mu.
17 So if you consider me a partner, welcome him as you would welcome me. Enti sɛ wudwen me ho sɛ wo ne me bɔ mu di dwuma a, saa ara nso na gye no to mu sɛnea wubegye me no ara no.
18 If he wronged you at all, or owes anything, put it on my account. Sɛ wayɛ wo biribi anaasɛ ɔde wo ka bi a, bu tia me.
19 I, Paul, write this with my own hand: I'll repay it—not to mention you owe me yourself as well. Me Paulo, mʼankasa me nsa ano nkyerɛw ni. Metua wo ka, na mmom mma wo werɛ mfi sɛ wo nipadua no ankasa de me ka.
20 Yes, brother, do me this favor in the Lord—refresh my heart in Christ. Enti me nua, mesrɛ wo sɛ, Awurade nti, yɛ me saa adɔe yi; ka me koma hyew sɛ wo nua wɔ Kristo mu.
21 Trusting you'll obey, I write to you, knowing you'll do even more than I ask. Mewɔ anidaso sɛ, nea merekyerɛw wo yi, wobɛyɛ ama aboro nea merebisa wo yi so.
22 Also prepare a guest room for me—I hope through your prayers to be graciously given back to you. Afei pɛ ɔdan ma me, efisɛ minim sɛ Onyankopɔn betie mo mpaebɔ ama mabɛka mo ho bio.
23 Epaphras, my fellow prisoner in Christ Jesus, sends you greetings, Epafra a Kristo Yesu nti ɔne me da afiase no kyia wo.
24 and so do Mark, Aristarchus, Demas, and Luke, my fellow workers. Saa ara nso na Marko, Aristarko, Dema ne Luka nso kyia wo.
25 The grace of the Lord Jesus Christ be with your spirit. Amen. Awurade Yesu Kristo adom nka wo honhom.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]