Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Numbers 34 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 And our Father spoke to Moses, saying, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 "command the Israelites: when you enter the land of Canaan, this is the land that will fall to you as inheritance—the land of Canaan, within its borders. “Ka kyerɛ Israelfo no se: ‘Sɛ mubedu Kanaan asase no so a, asase a mede rema mo sɛ mo ankasa asase no a, sɛɛ na mo ahye bɛyɛ:
3 Your south side runs from the Zin wilderness along Edom's edge; your south border starts at the Dead Sea's end, eastward. “ ‘Asase no anafo fam no bɛyɛ Sin sare so a ɛda Edom hye ano no fa bi. Anafo hye no ano befi apuei fam, Nkyene Po no anafo.
4 Your border will turn south of the Ascent of Akrabbim, cross to Zin, reach south of Kadesh-barnea, go on to Hazar-addar, and pass to Azmon. Ɛbɛtoa so akɔtra Akrabbim wɔ anafo hɔ a ɛrekɔ Sin no. Nʼanafo pa ara no bɛyɛ Kades-Barnea, na efi hɔ akosi Hasarada de akowie Asmon.
5 From Azmon the border turns to Egypt's Brook, ending at the Sea. Efi Asmon a, ɔhye no bɛkɔ ara akosi Misraim asuwa no mu na ano akɔpem Ntam Po no ano.
6 "Your western border will be the Mediterranean Sea and its coast. Mo hye a ɛwɔ atɔe no bɛyɛ Ntam Po no ano.
7 "This will be your north border: from the Mediterranean Sea draw your line to Mount Hor. Mo hye a ɛda atifi no befi ase wɔ Ntam Po no ano na atoa so akosi bepɔw Hor,
8 From Mount Hor mark a line to Lebo-hamath, ending at Zedad; de akɔ Lebo Hamat na akɔ Sedad
9 then the border will extend to Ziphron and end at Hazar-enan. This will be your northern border. na atoa so akɔ Sifron na akowie wɔ Hasar-Enan.
10 "You will mark out your eastern border from Hazar-enan to Shepham. Apuei hye no befi Hasar-Enan akɔ Sefam.
11 The border will go down from Shepham to Riblah, east of Ain, then go down and reach the slope east of the Sea of Chinnereth. Ɔhye no besian afi Sefam akosi Ribla wɔ Ain apuei fam. Efi hɔ a, ebesiansian afa mmepɔw no ase wɔ Galilea Po no apuei fam.
12 The border goes down to the Jordan, ending at the Dead Sea. This will be your land, with its borders all around." Ɔhye no besian afa Asubɔnten Yordan ho na akɔpem Nkyene Po no. “ ‘Sɛnea mo nsase ne mo ahye te ni.’ ”
13 Moses commanded the Israelites: This is the land you will inherit by lot, which our Father commanded to give to the nine tribes and the half-tribe. Afei Mose hyɛɛ Israelfo no se, “Momfa ntontobɔ so nkyekyɛ asase yi sɛ mo agyapade. Awurade ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusua akron ne fa no,
14 The tribe of Reuben's sons, by their fathers' houses, and the tribe of Gad's sons, by their fathers' houses, have already taken their inheritance; so has the half-tribe of Manasseh. efisɛ Ruben ne Gad mmusuakuw no ne Manase abusua no fa no de, wɔanya wɔn agyapade dedaw.
15 The two and a half tribes received their inheritance across the Jordan from Jericho, eastward toward the sunrise. Saa mmusua abien ne fa yi anya wɔn agyapade wɔ Yeriko akyi, Yordan apuei fam a ɛhwɛ apuei no.”
16 And our Father spoke to Moses, saying, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
17 "names of the men who will divide the land for you as inheritance: Eleazar the priest and Joshua son of Nun. “Nnipa a wɔn din didi so yi na mayi wɔn sɛ wɔnkyekyɛ asase no mu mma mo sɛ mo agyapade: Ɔsɔfo Eleasar ne, Nun babarima Yosua.
18 And you will take one leader from each tribe to divide the land for inheritance. Yi abusua biara mu ɔpanyin baako na ɔmmoa nkyekyɛ asase no.
19 These are the names of the men: from the tribe of Judah, Caleb the son of Jephunneh; “Wɔn din na edidi so yi: “Yefune babarima Kaleb, Yuda abusuakuw ntuanoni;
20 from the tribe of the sons of Simeon, Shemuel the son of Ammihud; Amihud babarima Semuel, Simeon abusuakuw ntuanoni;
21 from the tribe of Benjamin, Elidad the son of Chislon; Kislon babarima Elidad, Benyamin abusuakuw ntuanoni;
22 from the tribe of the sons of Dan, a leader, Bukki the son of Jogli; Yogli babarima Buki, Dan abusuakuw ntuanoni;
23 from Joseph's sons: from Manasseh's tribe, leader Hanniel son of Ephod, Efod babarima Haniel, Yosef babarima Manase abusuakuw ntuanoni;
24 and from the tribe of the sons of Ephraim, a leader, Kemuel the son of Shiphtan; Siftan babarima Kemuel, Yosef babarima Efraim abusuakuw ntuanoni;
25 from the tribe of the sons of Zebulun, a leader, Elizaphan the son of Parnach; Parknak babarima Elisafan, Sebulon abusuakuw ntuanoni;
26 from the tribe of the sons of Issachar, a leader, Paltiel the son of Azzan; Asan babarima Paltiel, Isakar abusuakuw ntuanoni;
27 from the tribe of the sons of Asher, a leader, Ahihud the son of Shelomi; Selomi babarima Ahihud, Aser abusuakuw ntuanoni;
28 and from the tribe of the sons of Naphtali, a leader, Pedahel the son of Ammihud." Amihud babarima Pedahel, Naftali abusuakuw ntuanoni.”
29 These are the ones our Father commanded to divide the inheritance among the children of Israel in the land of Canaan. Saa nnipa yi na Awurade yii wɔn sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ agyapade no mu mma Israelfo no wɔ Kanaan asase so no.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]