Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Numbers 33 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 These are the stages of the Israelites' journey out of Egypt, by their divisions under Moses and Aaron's hand. Eyi ne akwantu nhyehyɛe a Israelfo dii so bere a Mose ne Aaron de wɔn fi Misraim no.
2 Moses wrote their starting points by stage, at our Father's command; these are their stages by starting points. Mose kyerɛw faako a wɔfaa nyinaa sɛnea Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Eyinom ne mmeae ahorow a wɔsoɛɛ wɔ wɔn akwantu no mu.
3 They set out from Rameses on the fifteenth day of the first month, the day after Passover—the Israelites marched out boldly, in full view of all the Egyptians, Wosii mu fii Rameses kuropɔn no mu wɔ Twam Afahyɛ a edi kan no akyi ɔsram edi kan da ɛto so dunum. Wɔde akokoduru fii hɔ a Misraimfo no rehwɛ wɔn.
4 while the Egyptians buried all their firstborn, whom our Father had struck down among them, and on their gods our Father executed judgments. Saa bere no na Misraimfo no resie wɔn mmakan a Awurade kunkum wɔn anadwo a ade rebɛkye ama wɔatu kwan no, efisɛ na Awurade de atemmu aba wɔn anyame no nyinaa so.
5 The children of Israel set out from Rameses and camped at Succoth. Wofii Rameses no, wɔbɛbɔɔ atenae wɔ Sukot.
6 They set out from Succoth and camped at Etham, which is on the edge of the wilderness. Wofii Sukot bɛbɔɔ atenae wɔ Etam, sare no ano.
7 They left Etham, turned back to Pi-hahiroth, east of Baal-zephon, and camped before Migdol. Wofii Etam san wɔn akyi baa Pihahirot a ɛwɔ Baal-Sefon apuei fam, na wɔbɔɔ atenae bɛnee bepɔw Migdol.
8 They set out from before Hahiroth, crossed the sea into the wilderness, traveled three days through the wilderness of Etham, and camped at Marah. Wofi Pihahirot, na wotwaa Po Kɔkɔɔ no kɔɔ sare so. Wɔde nnansa nantew faa Etam sare so kɔbɔɔ atenae wɔ Mara.
9 They left Marah and reached Elim, where twelve water springs and seventy palm trees stood; there they camped. Wofii Mara no, wɔbaa Elim; baabi a na mmura dumien ne mmedua aduɔson wɔ hɔ.
10 They set out from Elim and camped by Yam Suph. Wofii Elim no, wɔbɔɔ atenae wɔ Po Kɔkɔɔ no ho.
11 They set out from Yam Suph and camped in the wilderness of Sin. Wofii Po Kɔkɔɔ no ho, kɔbɔɔ atenae wɔ Sin nweatam so.
12 They set out from the wilderness of Sin and camped at Dophkah. Wotu fii Sin sare so kɔbɔɔ atenae Dofka.
13 They set out from Dophkah and camped at Alush. Wofii Dofka kɔbɔɔ atenae wɔ Alus.
14 They left Alush and camped at Rephidim, where the people had no water to drink. Wofii Alus kɔbɔɔ atenae wɔ Refidim, baabi a na wonnya nsu mma nnipa no nnom.
15 They set out from Rephidim and camped in the wilderness of Sinai. Wofii Refidim no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Sinai sare so.
16 They set out from the wilderness of Sinai and camped at Kibroth-hattaavah. Wofii Sinai sare so no, wɔkɔɔ atenae wɔ Kibrot-Hataawa.
17 They set out from Kibroth-hattaavah and camped at Hazeroth. Wofii Kibrot-Hataawa no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Haserot.
18 They set out from Hazeroth and camped at Rithmah. Wofii Haserot kɔbɔɔ atenae wɔ Ritma.
19 They set out from Rithmah and camped at Rimmon-perez. Wofii Ritma kɔbɔɔ atenae wɔ Rimon Peres.
20 They set out from Rimmon-perez and camped at Libnah. Wofii Rimon Peres kɔbɔɔ atenae wɔ Libna.
21 They set out from Libnah and camped at Rissah. Wofii Libna kɔbɔɔ atenae wɔ Risa.
22 They set out from Rissah and camped at Kehelathah. Wofii Risa kɔbɔɔ atenae wɔ Kahelata.
23 They set out from Kehelathah and camped at Mount Shepher. Wofii Kahelata kɔbɔɔ atenae wɔ Sefer Bepɔw so.
24 They set out from Mount Shepher and camped at Haradah. Wofii Sefer Bepɔw so kɔbɔɔ atenae wɔ Harada.
25 They set out from Haradah and camped at Makheloth. Wofii Harada kɔbɔɔ atenae wɔ Makhelot.
26 They set out from Makheloth and camped at Tahath. Wofii Makhelot kɔbɔɔ atenae wɔ Tahat.
27 They set out from Tahath and camped at Terah. Wofii Tahat kɔbɔɔ atenae wɔ Tera.
28 They set out from Terah and camped at Mithkah. Wofii Tera kɔbɔɔ atenae wɔ Mitka.
29 They set out from Mithkah and camped at Hashmonah. Wofii Mitka kɔbɔɔ atenae wɔ Hasmona.
30 They set out from Hashmonah and camped at Moseroth. Wofii Hasmona kɔbɔɔ atenae wɔ Moserot.
31 They set out from Moseroth and camped at Bene-jaakan. Wofii Moserot kɔbɔɔ atenae wɔ Beneyaakan.
32 They set out from Bene-jaakan and camped at Hor-haggidgad. Wofii Beneyaakan kɔbɔɔ atenae wɔ Horhagidgad.
33 They set out from Hor-haggidgad and camped at Jotbathah. Wofii Horhagidgad kɔbɔɔ atenae wɔ Yotbata.
34 They set out from Jotbathah and camped at Abronah. Wofii Yotbata kɔbɔɔ atenae wɔ Abrona.
35 They set out from Abronah and camped at Ezion-geber. Wofii Abrona kɔbɔɔ atenae wɔ Esion-Geber.
36 They set out from Ezion-geber and camped in the wilderness of Zin, that is, Kadesh. Wofii Esion-Geber kɔbɔɔ atenae wɔ Kades, wɔ Sin sare so.
37 They left Kadesh and camped at Mount Hor, on the edge of Edom's land. Wofii Kades kɔbɔɔ atenae wɔ Bepɔw Hor so, wɔ Edom hye ano.
38 Aaron the priest climbed Mount Hor at our Father's command and died there in the fortieth year after the children of Israel left the land of Egypt, in the fifth month, on its first day. Bere a woduu Bepɔw Hor ase no, Awurade ka kyerɛɛ ɔsɔfo Aaron se ɔnkɔ bepɔw no atifi, na ɛhɔ na okowui. Asɛm yi sii mfe aduanan so a Israelfo tu fii Misraim no.
39 Aaron was 123 years old when he died on Mount Hor. Aaron dii mfe ɔha aduonu abiɛsa, bere a owuu wɔ Bepɔw Hor so no.
40 The Canaanite king of Arad, living in the Negev of Canaan, heard the Israelites were coming. Saa bere no ara mu na Kanaanhene Arad a ɔtenaa Negeb wɔ Kanaan asase so no tee sɛ Israelfo no reba nʼasase so.
41 They set out from Mount Hor and camped at Zalmonah. Israelfo no toaa wɔn akwantu no so fi Bepɔw Hor so kɔbɔɔ atenae wɔ Salmona.
42 They set out from Zalmonah and camped at Punon. Wofii Salmona kɔtenaa Punon.
43 They set out from Punon and camped at Oboth. Wofii Punon kɔtenaa Obot.
44 They set out from Oboth and camped at Iye-abarim, on the border of Moab. Wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim, Moab hye so kɔtenaa hɔ.
45 They set out from Iyim and camped at Dibon-gad. Wofii hɔ no, wɔkɔtenaa Dibon Gad.
46 They set out from Dibon-gad and camped at Almon-diblathaim. Wofii Dibon Gad kɔtenaa Almon Diblataim.
47 They set out from Almon-diblathaim and camped in the mountains of Abarim, near Nebo. Wofii Almon Diblataim kɔtenaa Abarim mmepɔw a ɛbɛn Nebo no so.
48 They left the mountains of Abarim and camped on the plains of Moab, by the Jordan at Jericho. Akyiri no, wotutu fii hɔ twaa mu wɔ Yeriko kɔbɔɔ atenae wɔ Moab tataw so wɔ Asubɔnten Yordan ho.
49 They camped along the Jordan, from Beth-jeshimoth to Abel-shittim, on the plains of Moab. Wɔwɔ saa beae hɔ no, wɔtenaa mmeae bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan ho—efi Bet-Yesimot kosi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tataw so no.
50 Our Father spoke to Moses in the plains of Moab by the Jordan at Jericho, saying: Bere a wɔabɔ atenase wɔ hɔ no na Awurade nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfo no se,
51 "Speak to the Israelites and tell them: When you cross the Jordan into the land of Canaan. “Sɛ mutwa Asubɔnten Yordan kodu Kanaan asase so a,
52 Drive out everyone living in the land before you; destroy all their carved images and metal figures, and tear down all their high places. mompam nnipa a wɔte hɔ no nyinaa na monsɛe wɔn abosom ne ahoni a wɔde abo ayɛ ne nsɔree a wɔasisi no petee mu wɔ mmepɔw so ne mmeae a wɔsom wɔn ahoni no nyinaa.
53 Possess the land and live in it, for I have given you the land to possess. Mede asase no ama mo. Momfa na montena so.
54 Divide the land by lot among your clans—more land to larger clans, less to smaller ones. Wherever the lot falls for someone, that becomes theirs. You will inherit by your ancestral tribes. Munnyina ntontobɔ so nkyekyɛ asase no, sɛnea mo mmusua no te. Wɔn a wɔdɔɔso no, wɔbɛma wɔn asase kɛse na wɔn a wosua no nso benya asase ketewa. Sɛnea ntonto no besi abɔ biara no na ɛbɛyɛ wɔn de. Monhwɛ mo agyanom mmusua so mfa nkyekyɛ.
55 "But if you don't drive out the land's residents before you, those you leave will be barbs in your eyes and thorns in your sides, troubling you in the land where you live. “Sɛ moampam nnipa a wɔte hɔ no a, wɔbɛyɛ mo ani ase mpe ne mo honam mu nsɔe. Wɔbɛhaw mo wɔ asase a mobɛtena so no so.
56 And then I will do to you what I had planned to do to them." Na mede nea masusuw sɛ mɛyɛ wɔn no, bɛyɛ mo.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]