1When Jesus had finished all these sayings, he said to his disciples,OAKCBYesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se,
2"You know Passover comes after two days, and the Son of Man is handed over to be crucified."OAKCB“Sɛnea munim no aka nnaanu na Twam Afahyɛ no adu, na wobeyi Onipa Ba no ama, na wɔabɔ no asennua mu.”
3Then the chief priests and elders of the people gathered in the courtyard of the high priest Caiaphas,OAKCBSaa bere no ara na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi ahyia mu wɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa fi,
4and they plotted together to seize Jesus secretly and kill him.OAKCBretu agyina ahwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyere Yesu, akum no a obiara renhu akyi.
5But they said, "Not during the festival, or there will be an uproar among the people."OAKCBNanso wɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ wɔkyere no Twam Afahyɛ no mu, anyɛ saa a, ɛde basabasayɛ bɛba ɔman no mu.”
6Now when Jesus was in Bethany, in the house of Simon the leper,OAKCBAfei Yesu kɔɔ Betania na ɔkɔɔ Simon ɔkwatani fi.
7a woman came to him with an alabaster jar of very expensive perfume and poured it on his head as he sat at the table.OAKCBƆwɔ hɔ redidi no, ɔbea bi a okura ngo huamhuam bi a ne bo yɛ den yiye toa ma baa hɔ, behwie guu Yesu tirim.
8Seeing this, the disciples were angry, saying, "Why this waste?OAKCBAsuafo no hui no, anyɛ wɔn dɛ. Wɔkae se, “Adesɛe yi ase ne dɛn?
9For this could have been sold for a large sum and given to the poor."OAKCBAnka wobetumi atɔn srade huamhuam yi anya sika bebree de ama ahiafo.”
10Jesus knew this and said to them, "Why trouble this woman? She has done a beautiful thing to me.OAKCBYesu huu wɔn adwene na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Adɛn na mohaw ɔbea yi? Wayɛ ade pa ama me.
11For you always have the poor with you, but you will not always have me.OAKCBMo ne ahiafo wɔ ha daa na me de, me ne mo nni hɔ daa.
12For when she poured this perfume on my body, she did it to prepare me for burial.OAKCBWahwie ngo huamhuam yi agu me so de asiesie me nipadua ama me sie.
13Truly I tell you: wherever this gospel is preached worldwide, what she did will also be told, in memory of her."OAKCBNokware, mise mo sɛ, wɔbɛka nea ɔyɛe yi wɔ wiase baabiara a wɔka asɛmpa no de akae no.”
14Then one of the Twelve, the one called Judas Iscariot, went to the chief priests,OAKCBAfei Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn
15and said, "What are you willing to give me, and I will hand him over to you?" And they counted out thirty pieces of silver for him.OAKCBkobisaa wɔn se, “Sɛ miyi Yesu ma mo a, ahe na mode bɛma me?” Wɔmaa no dwetɛ mpɔw aduasa.
16And from then on he looked for an opportunity to betray him.OAKCBEfi saa bere no, Yuda hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ayi no ama wɔn.
17On the first day of Unleavened Bread, the disciples asked Jesus, "Where do you want us to prepare for you to eat the Passover?"OAKCBApiti Afahyɛ da a edi kan no, asuafo no baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Ɛhe na wopɛ sɛ yekodi Twam Afahyɛ no?”
18He said, "Go into the city to a certain man and tell him, 'The Teacher says: My time is near. I'll keep Passover at your house with my disciples.'"OAKCBObuaa wɔn se, “Monkɔ kurow no mu nkohu ɔpanyin asiamasi nka nkyerɛ no se, ‘Kyerɛkyerɛfo no se, Me bere abɛn, na wo fi na me ne nʼasuafo no bedi Twam Afahyɛ no.’ ”
19And the disciples did as Jesus directed them, and they prepared the Passover.OAKCBAsuafo no dii nea ɔka kyerɛɛ wɔn no so, yɛɛ Twam Afahyɛ aduan no.
20When evening came, he sat at the table with the Twelve.OAKCBAnwummere no na ɔne Dumien no te adidii.
21And as they were eating, he said, "Truly I tell you, one of you will betray me."OAKCBWɔredidi no ɔkae se, “Mereka mo nokware, mo mu baako beyi me ama.”
22Deeply grieved, they each asked him, "Surely not I, Lord?"OAKCBAsɛm yi maa wɔn werɛ howee yiye, na wofii ase bisabisaa mmaako mmaako se, “Awurade, ɛyɛ me ana?”
23He replied, "The one who has dipped his hand in the bowl with me will betray me.OAKCBYesu buae se, “Nea ɔne me nsa da asanka baako mu no, ɔno na obeyi me ama.
24The Son of Man goes, just as is written of him. But how terrible for the man who betrays him—better for him had he never been born."OAKCBOnipa Ba no rekɔ sɛnea wɔakyerɛw afa ne ho de, nanso onipa a obeyi no ama no, nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no mpo a, anka eye.”
25Judas, his betrayer, said, "Surely not I, Rabbi?" He said to him, "You have said so."OAKCBYuda a obeyi no ama nso bisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛyɛ me ana?” Yesu buaa no se, “Woaka.”
26As they ate, Jesus took bread, blessed and broke it, gave it to the disciples, and said, "Take, eat; this is my body."OAKCBBere a wɔredidi no. Yesu faa brodo, na ohyiraa so bubuu mu, de maa nʼasuafo no kae se: “Munnye nni, eyi ne me nipadua.”
27Taking a cup and giving thanks, he gave it to them, saying, "Drink from it, all of you,OAKCBNa ɔfaa kuruwa no, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn kae se, “Mo nyinaa monnom bi,
28for this is my blood of the covenant, poured out for many for forgiveness of sins.OAKCBna eyi ne me mogya a ɛhyɛ Apam Foforo no mu den, a wohwie gu ma nnipa bebree nya bɔnefakyɛ.
29I tell you: I won't drink this fruit of the vine again, from now until the day I drink it new with you in my Father's kingdom."OAKCBMise mo sɛ, merennom saa nsa yi bi bio da, de bɛkɔ akosi da a me ne mo bɛnom bi bio wɔ mʼAgya Ahenni no mu.”
30And when they had sung a hymn, they went out to the Mount of Olives.OAKCBNa wɔtoo dwom wiee no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw no so.
31Then Jesus told them, "Tonight you will all fall away because of me.For it is written: 'I will strike the shepherd, and the flock's sheep will be scattered.'OAKCBYesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Anadwo yi, mo nyinaa beguan agya me. Na wɔakyerɛw se, “ ‘wɔbɛbɔ oguanhwɛfo no, na nguankuw no abɔ apete.’
32But after I am raised up, I will go ahead of you to Galilee."OAKCBNa sɛ miwu sɔre a, medi mo kan akɔ Galilea.”
33Peter said to him, "Though they all fall away because of you, I will never fall away."OAKCBPetro buae se, “Sɛ nnipa nyinaa beguan agya wo a, me de, merenguan nnya wo da.”
34Jesus said to him, "I tell you the truth: before the rooster crows tonight, you will deny me three times."OAKCBYesu buae se, “Nokware mise wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa!”
35Peter said, "Even if I must die with you, I won't deny you." All the disciples said the same.OAKCBPetro pae mu kae se, “Mpo sɛ etwa sɛ me ne wo wu a, merempa wo da!” Asuafo no nyinaa nso kaa saa asɛm koro yi ara.
36Then Jesus came with them to a place called Gethsemane and told the disciples, "Sit here while I go pray over there."OAKCBYesu de wɔn kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane. Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Montena ha na merekɔ hɔ akɔbɔ mpae.”
37And taking with him Peter and the two sons of Zebedee, he became deeply grieved and distressed.OAKCBƆfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho, na ne werɛ fii ase howee, na ne ho nso yeraw no.
38Then he told them, "My soul is crushed with sorrow, even to death. Stay here and watch with me."OAKCBƆka kyerɛɛ wɔn se, “Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu. Montena ha na mo ne me nwɛn.”
39Going a little farther, he fell on his face and prayed, "My Father, if possible, let this cup pass from me. Yet not as I will, but as you will."OAKCBNa ɔkɔɔ nʼanim kakra, de nʼanim kobutuw fam bɔɔ mpae se, “MʼAgya, sɛ ebetumi a, ma wonyi kuruwa yi mfi me so. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ na ɛnyɛ nea mepɛ.”
40He came to the disciples and found them asleep. He said to Peter, "So, couldn't you stay awake with me one hour?OAKCBNa ɔsan baa asuafo baasa no nkyɛn behuu sɛ wɔadeda. Ɔfrɛɛ Petro bisaa no se, “Petro, woantumi antena ase ne me anwɛn dɔnhwerew baako pɛ mpo?
41Stay alert and pray, so you don't fall into temptation; the spirit is willing, but the flesh is weak."OAKCBMonwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom no pɛ de, nanso ɔhonam no yɛ mmerɛw!”
42A second time he went away and prayed, "My Father, if this cannot pass unless I drink it, your will be done."OAKCBƆsan gyaw wɔn hɔ nea ɛto so abien kɔbɔɔ mpae se, “MʼAgya, sɛ wɔrenyi kuruwa yi mfi me so, na nom ara na ɛsɛ sɛ menom a, nea wopɛ nyɛ.”
43And he came again and found them sleeping, for their eyes were heavy.OAKCBƆsan baa wɔn nkyɛn bio behuu wɔn sɛ wɔadeda efisɛ na wɔn ani kum yiye.
44So leaving them again, he went away and prayed a third time, saying the same words again.OAKCBƆsan kɔɔ mpaebɔ a ɛto so abiɛsa so kɔbɔɔ mpae kaa asɛm koro no ara.
45Then he came to the disciples and said to them, "Still sleeping and resting? Look, the hour has come, and the Son of Man is betrayed into the hands of sinners.OAKCBƆsan baa asuafo no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, monna na monhome. Nanso dɔn no adu. Wɔrebeyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa!
46Get up, let's go! Look, the one who betrays me is here!"OAKCBMonsɔre na yɛnkɔ! Monhwɛ! Nea ɔreyi me ama no na ɔreba no!”
47While he was still speaking, Judas, one of the Twelve, suddenly came with a large crowd carrying swords and clubs, sent by the chief priests and elders of the people.OAKCBOgu so rekasa no, Yuda a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako ne dɔm a Yudafo mpanyin asoma wɔn a wokurakura afoa ne nkontimmaa baa hɔ.
48Now the betrayer had given them a signal: "The one I kiss is him—seize him."OAKCBNa Yuda aka akyerɛ wɔn se, “Nea mefew nʼafono no ne onipa no; mokyere no”
49And immediately he came up to Jesus and said, "Greetings, Rabbi!" And he kissed him.OAKCBYuda baa Yesu nkyɛn bɛbam no kae se, “Me wura!” Na ofew nʼafono.
50Jesus told him, "Friend, do what you came to do." Then they came, grabbed Jesus, and held him.OAKCBYesu ka kyerɛɛ no se, “Damfo, nea wobaa ha se worebɛyɛ no, yɛ no ntɛm.” Ɛhɔ ara, wɔn a wɔne Yuda nam no kyeree Yesu.
51And look, one of those with Jesus reached out his hand, drew his sword, struck the high priest's servant, and cut off his ear.OAKCBWɔn a wɔka Yesu ho no mu baako twee nʼafoa de twaa Ɔsɔfopanyin no akoa bi aso.
52Then Jesus said to him, "Put your sword back in its place. All who take the sword will die by the sword.OAKCBYesu ka kyerɛɛ no se, “Fa wʼafoa no to nea ɛda. Na wɔn a wɔtwe afoa no, afoa ano na wobewu.
53Do you think I can't call on my Father, who'd at once send me more than twelve legions of angels?OAKCBMunnim sɛ metumi aka akyerɛ mʼAgya na wasoma nʼabɔfo mpempem aba ntɛm so, na wɔabɛbɔ yɛn ho ban?
54But how then would the Scriptures be fulfilled, that it must happen this way?"OAKCBNanso sɛ meyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na nea Kyerɛwsɛm no ka se ɛsɛ sɛ esi wɔ eyi ho no bɛba mu?”
55At that hour Jesus said to the crowds, "Did you come out with swords and clubs to seize me, as against a bandit? I sat teaching in the temple daily, and you didn't arrest me.OAKCBBere no mu ara na Yesu bisaa dɔm a wɔbaa ne so no se, “Midi atuatewfo anim nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so sɛ mode rebɛkyere me yi? Metenaa mo nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu da biara, nso moansiw me kwan.
56But all this happened to fulfill the prophets' Scriptures." Then all the disciples abandoned him and fled.OAKCBNanso eyi nyinaa aba sɛnea ɛbɛyɛ a nea adiyifo no kae wɔ Kyerɛwsɛm mu no bɛba mu.” Saa bere no ara mu na asuafo no nyinaa guan gyaa no.
57Then those who arrested Jesus brought him to Caiaphas the high priest, where the scribes and the elders had gathered.OAKCBAfei dɔm a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa anim, baabi a mmarakyerɛfo ne Yudafo mpanyin nyinaa ahyia hɔ.
58Peter followed at a distance, to the high priest's courtyard, went in, and sat with the guards to watch how it would end.OAKCBPetro tew ne ho dii nnipadɔm no akyi baa Ɔsɔfopanyin no fi hɔ bi. Ɔkɔtenaa asomfo a wɔwɔ hɔ no mu se ɔrehwɛ asɛm a ebesi.
59The chief priests and the whole Council sought false testimony against Jesus, to put him to death,OAKCBAsɔfo mpanyin ne Yudafo asennifo akunini nyinaa hyiaa wɔ hɔ hwehwɛɛ sɛ wobenya nnansefo bi a wobedi adansekurum ato Yesu so, na wɔagyina so abu no kumfɔ.
60but they found none, though many false witnesses came forward. At last two came forward,OAKCBNnipa bebree bedii adanse, nanso wohuu sɛ wɔredi adansekurumu, efisɛ na wɔn nsɛm a wɔka no nyinaa bɔ abira. Akyiri no, nnipa baanu bi ba bɛkae
61and said, "This man said, 'I can destroy God's temple and rebuild it in three days.'"OAKCBse, “Saa onipa yi kae se, ‘Metumi abubu Onyankopɔn asɔredan na masi no nnansa!’ ”
62The high priest stood up and said to him, "Have you no answer? What are these men testifying against you?"OAKCBƆsɔfopanyin no sɔre bisaa Yesu se, “Dɛn na wowɔ ka? Wokaa saa anaasɛ woanka saa?”
63But Jesus was silent. The high priest said, "I put you under oath by the living God: tell us whether you are the Christ, the Son of God."OAKCBNanso Yesu ammua no. Ɔsɔfopanyin no ka kyerɛɛ no se, “Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!”
64Jesus told him, "You've said it. But I tell you: from now on you'll see the Son of Man seated at Power's right hand, coming on heaven's clouds."OAKCBYesu ka kyerɛɛ no se, “Yiw, woaka. Na mereka kyerɛ mo nyinaa: Efi nnɛ mubehu Onipa Ba no sɛ mete Onyankopɔn nifa na ɔnam omununkum mu resan aba.”
65Then the high priest tore his clothes: "He has blasphemed! Why do we still need witnesses? You've now heard the blasphemy.OAKCBƆsɔfopanyin no sunsuan nʼatade mu teɛɛ mu se, “Abususɛm! Nnansefo bɛn na wɔn ho hia yɛn bio? Mo nyinaa ate abususɛm a ɔkae no!
66What is your judgment?" They answered, "He deserves death."OAKCBAsɛm bɛn na mowɔ ka?” Wɔn nyinaa teɛɛ mu se, “Ɔsɛ owu!”
67Then they spit in his face and struck him; and some slapped him,OAKCBAfei wɔtee ntasu guu nʼani so. Ebinom bobɔɔ no akuturuku na ebinom nso bobɔɔ no asotɔre
68saying, "Prophesy to us, Christ! Who hit you?"OAKCBkae se, “Wone Agyenkwa no! Kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo?”
69Peter sat outside in the courtyard. A servant girl approached, saying, "You too were with Jesus the Galilean."OAKCBSaa bere no na Petro te adiwo. Abaawa bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Wo nso, na wo ne Yesu na ɛnam. Mo nyinaa mufi Galilea.”
70But he denied it before them all, saying, "I don't know what you're talking about."OAKCBNanso Petro san se, “Minnim nea woreka yi ho hwee.”
71As he went out to the gate, another servant girl saw him and told those there, "This man was with Jesus of Nazareth."OAKCBAkyiri no, abaawa foforo bi hyiaa no wɔ ɔpon bi ano ka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn gyina hɔ no se, “Na saa ɔbarima yi ne Yesu Nasareni no na ɛnam.”
72And again he denied it with an oath, "I do not know the man."OAKCBPetro de ntam san bio se, “Minnim saa onipa a moreka ne ho asɛm no.”
73Shortly after, the bystanders came to Peter: "Surely you're one of them too, since your accent gives you away."OAKCBƐkyɛe kakra no, mmarima a wogyina hɔ no bi bɛka kyerɛɛ Petro se, “Yenim sɛ woyɛ nʼasuafo no mu baako, na wo kasa nso da wo adi sɛ woyɛ Galileani.”
74Then he began to curse himself and swear, "I don't know the man." At once a rooster crowed.OAKCBPetro fii ase dii nsew, kekaa ntam se, “Minnim onipa no!” Amono mu hɔ ara na akokɔ bɔnee.
75Peter remembered Jesus' words: "Before the rooster crows, you will deny me three times." He went out and wept bitterly.OAKCBƐhɔ na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no se, “Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no. Na ofii adi kosui.