Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Matthew 27 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 At dawn, all the chief priests and elders of the people met and plotted to kill Jesus. Ade kyee no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kɔɔ agyina, hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ama wɔakum Yesu.
2 So they bound him, led him away, and handed him over to Pilate the governor. Afei wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yesu, de no baa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim.
3 Then Judas, his betrayer, seeing Jesus condemned, felt remorse and returned the thirty pieces of silver to the chief priests and elders, Saa bere no ara mu na Yuda a oyii Yesu mae no huu sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, onuu ne ho yiye. Enti ɔsan de sika a ogye fii asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no nkyɛn no brɛɛ wɔn kae se,
4 saying, "I sinned, betraying innocent blood." They said, "Not our concern. You'll see to it." “Mayɛ bɔne, efisɛ mayi onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara no ama.” Wɔn nso kae se, “Ɛmfa yɛn ho. Ɛyɛ wo ara wʼasɛm.”
5 He threw the pieces of silver into the temple, went out, and hanged himself. Ɔtow sika no guu asɔredan no mu, fii hɔ kɔsɛn ne ho.
6 The chief priests took the silver and said, "We can't put this in the treasury—it was payment for blood." Asɔfo mpanyin no sesaw sika no kae se, “Yɛrentumi mfa saa sika yi mfra yɛn tow a yɛagye mu. Efisɛ yɛn mmara mma ho kwan sɛ yebegye sika a wɔde abɔ awudi ho paa.”
7 So they consulted, then bought the potter's field with it, to bury foreigners. Wodwinnwen ho sii gyinae se, wɔde sika no bɛtɔ asase bi a wotu dɔte wɔ mu de nwen nkuku, na wɔde ɛhɔ ayɛ amusiei ama ahɔho a wobewu wɔ Yerusalem no.
8 That is why that field has been called the Field of Blood to this day. Enti na wɔda so frɛ saa asase no se, “Mogya Asase” de besi nnɛ yi.
9 Then what the prophet Jeremiah spoke was fulfilled: "They took the thirty pieces of silver, the price set on him, whom some of Israel's sons priced, Eyi maa nea Odiyifo Yeremia kae se, “Wogyee dwetɛ mpɔw aduasa, bo a Israelfo sese huu sɛ ɛfata,
10 and they gave them for the potter's field, as our Father directed me." na wofii mu tɔɔ asase fii anwemfo nkyɛn, sɛnea Awurade hyɛɛ me” no baa mu.
11 Jesus stood before the governor; the governor asked, "Are you the King of the Jews?" Jesus said, "You say so." Afei wɔde Yesu begyinaa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. Obisaa Yesu se, “Wone Yudafo Hene no ana?” Yesu buae se, “Wo na woaka.”
12 But when he was accused by the chief priests and elders, he gave no answer. Nanso bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin reka nsɛm gu Yesu so no, wankasa.
13 Then Pilate said to him, "Don't you hear how many charges they're bringing against you?" Pilato bisaa no se, “Wonte nea wɔreka no ana?”
14 He gave him no answer, not even to a single charge, so the governor was greatly amazed. Nanso Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ amrado no nwonwa.
15 At each feast the governor would release one prisoner the crowd wanted. Na ɛyɛ amrado no amanne sɛ afe biara Twam Afahyɛ mu no, ogyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wogyaa no.
16 At that time they were holding a notorious prisoner called Barabbas. Saa afe no mu, na onipa bɔnefo bi a wɔfrɛ no Baraba nso da afiase.
17 When they had gathered, Pilate asked, "Which do you want me to release—Barabbas, or Jesus called Christ?" Anɔpa no a nnipadɔm no hyiaa wɔ Pilato ahemfi anim hɔ no, Pilato bisaa wɔn se, “Hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu, mo Agyenkwa no?”
18 For he knew that it was out of envy that they had handed him over. Na onim pefee sɛ Yudafo mpanyin no de ɔtan na akyere Yesu efisɛ na wagye din.
19 While he sat on the judgment seat, his wife sent to him: Have nothing to do with that righteous man, for I suffered much today in a dream because of him. Pilato gu so redi Yesu asɛm no, ne yere soma ma wɔbɛka kyerɛɛ no se, “Gyaa onipa trenee no na ɔnkɔ ne baabi efisɛ anadwo yi, mesoo ne ho dae a ɛyɛ hu yiye maa me ho yeraw me.”
20 But the chief priests and elders persuaded the crowds to ask for Barabbas and to have Jesus put to death. Nanso asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin kasa kyerɛɛ dɔm no se, wommisa na wonnyaa Baraba mma wɔn na wonkum Yesu.
21 The governor said, "Which of the two should I release to you?" They said, "Barabbas." Enti amrado no san bisaa wɔn se, “Nnipa baanu yi mu hena na mopɛ sɛ migyaa no ma mo?” Na dɔm no bɔ gyee so se, “Baraba!”
22 Pilate asked them, "What then do I do with Jesus called Christ?" They all said, "Have him crucified!" Pilato bisaa wɔn bio se, “Sɛ saa de a, ɛno de, dɛn na menyɛ Yesu, mo Agyenkwa no?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asennua mu!”
23 He said, "Why? What wrong has he done?" But they cried out louder, "Crucify him!" Pilato bisaa wɔn se, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” Nanso wɔkɔɔ so bɔ gyee so ara se, “Bɔ no asennua mu!”
24 Seeing he could do nothing, but a riot was starting instead, Pilate took water, washed his hands before the crowd, and said, "I am innocent of this man's blood; you see to it." Pilato huu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a ɛnyɛ ye na basabasayɛ reba no, ɔma wɔsaw nsu guu ade mu brɛɛ no ma ɔhohoroo ne nsa wɔ dɔm no anim kae se, “Minni saa onipa trenee yi mogya ho fɔ. Nea ɛbɛba biara no yɛ mo asɛm!”
25 And all the people answered, "His blood be on us and on our children!" Nnipadɔm no san bɔ gyee so bio se, “Ne mogya mmegu yɛn ne yɛn mma ti so.”
26 Then he released Barabbas to them, had Jesus whipped, and handed him over to be crucified. Afei Pilato yii Baraba fii afiase hɔ de no maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa, na ɔde no maa Roma asraafo no sɛ wɔmfa no nkɔbɔ no asennua mu.
27 Then the governor's soldiers took Jesus into the governor's headquarters and gathered the whole regiment around him. Asraafo no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ, na wɔfrɛɛ asraafo dɔm baa hɔ.
28 They stripped him and put a scarlet robe on him. Woyii Yesu atade a na ɛhyɛ no no de batakari kɔkɔɔ bi hyɛɛ no,
29 They twisted a crown of thorns, set it on his head, put a reed in his right hand, knelt before him, and mocked him: "Hail, King of the Jews!" na wɔde nsɔe atenten nwenee kyɛw hyɛɛ no, na wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa sɛ ahempema, na wobubuu nkotodwe wɔ nʼanim fii ase bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, “Yudafo Hene, wo nkwa so.”
30 And they spit on him, took the reed, and struck him on the head again and again. Wɔtetee ntasu guu ne so na wogyee dua no fii ne nsam de paa nʼapampam ntoatoaso.
31 After mocking him, they stripped off the robe, dressed him in his own clothes, and led him away to crucify him. Wodii ne ho fɛw wiei no, wɔworɔw batakari kɔkɔɔ a wɔde hyɛɛ no no, de nʼankasa atade no san hyɛɛ no. Afei wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asennua mu.
32 Going out, they found a Cyrenian named Simon and forced him to carry Jesus's cross. Bere a wɔde no rekɔ faako a wɔbɔ asennua mu hɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ofi Kirene a ɛwɔ Abibirim. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no bi.
33 And when they came to a place called Golgotha (which means Place of a Skull), Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota a ne nkyerɛase ne “Nitiri So.”
34 they gave him wine mixed with bitter gall to drink; he tasted it and refused to drink. Ɛhɔ na asraafo no maa no nsa nwenweenwen bi sɛ ɔnnom. Yesu kaa nʼano no, wannom.
35 And when they had crucified him, they divided his garments among themselves by casting lots. Afei wɔbɔɔ no asennua mu no, wɔbɔɔ nʼatade no so ntonto kyekyɛ fae.
36 Then they sat down and kept watch over him there. Wɔn nyinaa tenatenaa ase wɛn no.
37 Over his head they posted the charge against him: "This is Jesus, the King of the Jews." Wɔkyerɛw nsɛm a wɔka guu ne so no bi fam nʼatifi se, “YESU, YUDAFO HENE NO NI.”
38 Then two robbers were crucified with him, one on his right and one on his left. Wɔbɔɔ awudifo baanu bi asennua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so na ɔbaako nso dɛn ne benkum so.
39 Those who passed by hurled insults at him, shaking their heads, Nnipa a wotwaa mu wɔ hɔ no nyinaa wosow wɔn ti, yeyaw no
40 saying, "You who would destroy the temple and rebuild it in three days—save yourself! If you're the Son of God, come down from the cross!" se, “Wo na wuse sɛ wubetumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no, gye wo ho! Sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa ara a, ɛno de sian fi asennua no so si fam ma yɛnhwɛ!”
41 In the same way the chief priests, with the scribes and elders, also mocked him, saying, Saa ara nso na asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bedii ne ho fɛw se,
42 "he saved others; himself he can't save. He's King of Israel—let him come down from the cross now, and we'll believe in him. “Ogye afoforo, nanso ontumi nnye ne ho! Sɛ wone Israelfo hene no ampa ara a, sian fi asennua no so si fam, na yennye wo nni.
43 He trusts in God—let God save him now, if he wants him, for he said, 'I am God's Son.'" Ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Afei ma Onyankopɔn nnye no! Waka nso se, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba.’ ”
44 And the robbers who were crucified with him also heaped insults on him in the same way. Awudifo bi a wɔbɔɔ wɔne no asennua mu no nso yeyaw no saa ara.
45 Now from noon until three in the afternoon darkness came over all the land. Bere a wɔbɔɔ Yesu asennua mu no, sum duruu asase so mmaa nyinaa fi owigyinae kɔpem nnɔnabiɛsa.
46 About three in the afternoon, Jesus cried loudly, "Eli, Eli, lema sabachthani?"—meaning, "My God, my God, why have you forsaken me?" Ɛbɛyɛ nnɔnabiɛsa bere mu no, Yesu teɛɛ mu dennen se, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase kyerɛ sɛ, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?”
47 When some of those standing there heard this, they said, "This man is calling Elijah." Wɔn a wogyina hɔ no bi tee no wɔkae se, “Ɔrefrɛ Elia.”
48 One of them ran at once, soaked a sponge in sour wine, put it on a reed, and gave him a drink. Mpofirim, wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔw bi de bɔɔ nsa nwenweenwen bi mu de tuaa dua bi so de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom.
49 But the others said, "Leave him alone. Let us see whether Elijah will come to save him." Nanso nnipa no nkae no kae se, “Gyaa no na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abegye no ana.”
50 And Jesus cried out again with a loud voice and gave up his spirit. Na Yesu teɛɛ mu dennen bio no, ogyaa ne honhom mu wui.
51 Suddenly the curtain of the temple was torn in two, from top to bottom. The earth shook, the rocks split. Ɛhɔ ara, ntama a etwa asɔredan no mu no mu suanee abien fi soro kosii fam. Asase wosowee. Abotan paapaee.
52 The tombs were opened, and many bodies of the holy ones who had fallen asleep were raised. Nna so buebue maa atreneefo a wɔawuwu nyannyanee.
53 After Jesus's resurrection, they left the tombs, entered the holy city, and appeared to many. Yesu wusɔre akyi no, wopuepue fii wɔn nna mu kɔɔ Yerusalem, koyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree.
54 The centurion and those with him guarding Jesus saw the earthquake and what happened, and were terrified, saying, "Truly this man was the Son of God!" Asraafo a wɔwɔ hɔ no huu asase wosow ne nsɛm a esisii wɔ hɔ no, wɔn koma tuu yiye ma wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”
55 Many women watched from a distance; they had followed Jesus from Galilee to serve him. Saa bere no na mmea bebree a Yesu ho dɔ nti, wodii nʼakyi fii Galilea no gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so.
56 Among them: Mary Magdalene, Mary mother of James and Joseph, and the mother of Zebedee's sons. Mmea no bi ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo ne Yosef na. Na Sebedeo mmabarima no na nso ka ho.
57 At evening a rich man from Arimathea named Joseph came, himself a disciple of Jesus. Eduu anwummere no, osikani bi a wɔfrɛ no Yosef a ofi Arimatea a na ɔyɛ Yesu suani no,
58 He went to Pilate and asked for Jesus' body. Then Pilate ordered it given to him. kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛ ma wɔde Yesu amu no maa no.
59 Joseph took the body, wrapped it in a clean linen cloth. Yosef faa amu no de nwera kyekyeree ho,
60 He put it in his new tomb, cut into the rock, rolled a large stone across the tomb's entrance, and left. na ɔde no kɔtoo ɔno ankasa ne boda foforo bi a watwa mu, pirew ɔbo kɛse bi hinii ano, ansa na ɔregyaw hɔ akɔ.
61 Mary Magdalene and the other Mary were there, sitting opposite the tomb. Maria Magdalene ne Maria baako no de, na wɔte nkyɛn baabi rewɛn ɔboda no.
62 The next day—after Preparation Day—the chief priests and Pharisees gathered before Pilate, Ade kyee a ɛyɛ da a edi Twam Afahyɛ no ahosiesie akyi no, asɔfo mpanyin ne Farisifo no kɔɔ Pilato nkyɛn,
63 and said, "Sir, we remember that deceiver, while still alive, said, 'After three days I will rise.' kɔka kyerɛɛ no se, “Owura, ɔtorofo no kaa bere bi se, ‘Nnansa akyi no mɛsɔre.’
64 So order the tomb secured until the third day, or his disciples may come, steal him, and tell the people, 'He has been raised from the dead.' That last deception would be worse than the first." Eyi nti ma yɛn kwan na yɛnkɔwɛn da no ano nkosi nnansa, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼasuafo no ntwa wɔn ho nkowia amu no mmɔ no dawuru se wasɔre afi awufo mu. Na sɛ ɛkɔba saa de a anka akyiri no nnaadaa bɛsen kan de no.”
65 Pilate said to them, "You have a guard. Go, make it as secure as you can." Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa awɛmfo. Momma wɔnkɔwɛn.”
66 So they went and made the tomb secure by sealing the stone and posting the guard. Enti wɔkɔtetaree ɔboda no ano, maa awɛmfo kɔwɛn hɔ.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]