Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Luke 7 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 After he had finished saying all this to the people, he entered Capernaum. Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfo no wiee no, ɔkɔɔ Kapernaum.
2 A centurion's servant who was dear to him was sick and at the point of death. Saa bere no ara mu na Roma ɔsraani panyin bi somfo a ɔpɛ nʼasɛm yiye yare denneennen a ɔreyɛ awu.
3 Hearing about Jesus, the centurion sent Jewish elders, asking him to come and heal his servant. Ɔsraani panyin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafo mpanyimfo bi se wɔnkɔsrɛ no na ɔmmɛsa ne somfo no yare mma no.
4 Reaching Jesus, they pleaded urgently: he deserves to have you do this for him, Woduu Yesu nkyɛn no, wɔde asɛm no too nʼanim srɛɛ no sɛ, ɔmmoa ɔsraani panyin no, efisɛ ɔyɛ onipa pa.
5 for he loves our nation, and he is the one who built us our synagogue. Wɔkae se, “Ɔyɛ obi a ɔdɔ yɛn man na wasi hyiadan ama yɛn.”
6 Jesus went with them. He was nearly at the house when the centurion sent friends to say, "Lord, don't trouble yourself—I'm not worthy for you to enter under my roof. Yesu ne wɔn sii mu. Wɔreyɛ adu fie hɔ no, ɔsraani panyin no somaa ne nnamfo bi sɛ, wɔnkɔka nkyerɛ Yesu se, “Awurade, nhaw wo ho, na mensɛ sɛ woba me fi.
7 So I did not presume to come to you. But say the word, and let my servant be healed. Saa ara na memfata sɛ meba baabi a wowɔ. Kasa, na me somfo no ho bɛyɛ no den.
8 For I too am a man under authority, with soldiers under me. I tell one, 'Go,' and he goes; another, 'Come,' and he comes; my servant, 'Do this,' and he does it." Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, nanso mewɔ asraafo bebree hyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi se, ‘Kɔ’ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se, ‘Bra’ a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo sɛ, ‘Yɛ eyi’ a, ɔyɛ.”
9 Hearing this, Jesus was amazed at the centurion, turned to the crowd following him, and said, "I tell you, I have not found such faith even in Israel." Yesu tee asɛm no, ne ho dwiriw no na ɔdan nʼani ka kyerɛɛ nnipakuw a wodi nʼakyi no se, “Anokwa, minhuu obiara a ɔwɔ gyidi sɛ saa ɔbarima yi wɔ Israelman nyinaa mu da.”
10 And when those who had been sent returned to the house, they found the servant well. Bere a abɔfo no san koduu fie hɔ no, wohuu sɛ ɔsomfo no ho ayɛ no den.
11 Soon after, he went to a town called Nain, with his disciples and a big crowd. Eyi akyi no, Yesu ne nʼasuafo ne nnipakuw bi a wɔka ne ho no kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu.
12 As he neared the town gate, a dead man was being carried out—an only son to his mother, a widow—and a large crowd from the town was with her. Woduu kurotia no, ohuu sɛ wɔrekosie obi. Na owufo no yɛ ɔbea kunafo bi a ɔwɔ kurow no mu no ba barima koro. Na adɔfo bebree di amu no akyi.
13 When the Lord saw her, he felt compassion for her and said, "Don't cry." Awurade Yesu huu no no, nʼasɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no se, “Gyae su!”
14 He stepped up and touched the bier; the carriers stopped, and he said, "Young man, I tell you, get up." Yesu kosoo funnaka no mu maa wɔn a ɛyɛ wɔn de no gyinae. Ɔka kyerɛɛ owufo no se. “Aberante, mise wo sɛ, nyan!”
15 And the dead man sat up and began to speak, and Jesus gave him to his mother. Aberante no sɔre tenaa ase na ɔkasae. Afei Yesu de no maa ne na.
16 Fear gripped them all; they praised our Father: "A great prophet has risen among us!" "Our Father has visited his people!" Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn yiye na woyii Onyankopɔn ayɛ kae se, “Odiyifo kɛse bi asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn asian aba ne manfo mu.”
17 And this report about him spread through the whole of Judea and all the surrounding country. Nea Yesu yɛɛ yi ho asɛm trɛw koduu Yudea ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa mu.
18 John's disciples told him all these things. Then John called two of his disciples, Yohane asuafo kɔbɔɔ no nea asi no nyinaa ho amanneɛ.
19 sent them to the Lord: "Are you the one who is to come, or should we look for another?" Yohane somaa nʼasuafo no mu baanu kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no se, “Wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?”
20 When the men reached him, they said, "John the Baptist sent us to you, asking, 'Are you the one who is to come, or should we expect someone else?'" Asuafo no duu Yesu nkyɛn no, wɔka kyerɛɛ no se, “Osuboni Yohane asoma yɛn wo nkyɛn se yemmebisa wo se, wone nea ɔreba no, anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforo?”
21 In that hour he healed many of diseases, plagues, and evil spirits, and gave sight to many blind. Saa bere no ara mu, Yesu saa nyarewa bebree; otuu ahonhommɔne na ɔmaa anifuraefo huu ade.
22 He answered them, "Go tell John what you've seen and heard: the blind see, the lame walk, lepers become clean, the deaf hear, the dead rise, and the poor hear good news. Yesu buaa wɔn se. “Monkɔka nea moahu na moate yi nkyerɛ Yohane se, mema anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, mesa akwatafo yare, asotifo te asɛm, awufo nyan, meka asɛmpa kyerɛ honhom mu ahiafo.
23 And blessed is the one who is not offended by me." Nhyira ne wɔn a merento wɔn hintidua.”
24 When John's messengers left, Jesus spoke to the crowds about John: "What did you go into the wilderness to see? A reed swaying in the wind? Yohane asuafo no fii Yesu nkyɛn kɔe no, Yesu dii Yohane ho adanse kyerɛɛ nnipakuw no. Obisaa wɔn se, “Mokɔɔ sare so no, dɛn na muhui? Sare a mframa rehim no ana?
25 What then did you go out to see? A man dressed in soft clothes? Look—those dressed in splendor, living in luxury, are in kings' palaces. Ɛno de, dɛn na muhui? Obi a ofura sirikyi ana? Ahemfi na yehu wɔn a wodi yiye na wofura ntama pa.
26 But what did you go out to see—a prophet? Yes, I tell you: more than a prophet. Anaa Onyankopɔn diyifo? Ɛno de, mereka akyerɛ mo se, nea muhuu no no sen odiyifo mpo.
27 This is the one Scripture speaks of: 'Look, I'm sending my messenger ahead of you to prepare your way before you.' Na saa Yohane yi na Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho se, “ ‘Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan. Ɔno na obesiesie kwan ama wo.’
28 I tell you: no one born of women is greater than John—yet the least in our Father's kingdom is greater than he." Meka kyerɛ mo se onipa biara nni hɔ a wɔawo no a ɔyɛ kɛse sen Yohane. Nanso nea ɔyɛ akumaa koraa wɔ Onyankopɔn ahemman mu no sen no.”
29 (When all the people, including the tax collectors, heard this, they declared our Father just, having been baptized with John's baptism, Na wɔn a wɔtee nea ɔkae no nyinaa a towgyefo mpo ka ho bi gye too mu se, Onyankopɔn yɛ ɔtreneeni; na wɔsakraa wɔn adwene maa Yohane bɔɔ wɔn asu.
30 but the Pharisees and lawyers rejected our Father's purpose for themselves, not baptized by him.). Na Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no de, wɔpoo Onyankopɔn asɛm nti, wɔamma Yohane ammɔ wɔn asu.
31 "To what then should I compare the people of this generation, and what are they like? Yesu bisaa wɔn se, “Dɛn na menka mfa nnɛmma yi ho; na dɛn ho na memfa wɔn ntoto?
32 They are like children sitting in the marketplace, calling to each other: 'We played the flute for you, and you didn't dance; we sang a dirge, and you didn't weep.' Wɔte sɛ mmofra bi a wɔregoru wɔ agodibea na wɔn mu bi reka akyerɛ afoforo se, “ ‘Yɛhyɛn mmɛn maa mo, nanso moansaw; yetwaa agyaadwo, nanso moansu.’
33 For John the Baptist came eating no bread, drinking no wine, and you say, 'He has a demon.' Osuboni Yohane aba a onnidi na ɔnnom nsa nso muse, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’
34 The Son of Man came eating and drinking, and you say, 'See, a glutton and a drunkard, a friend of tax collectors and sinners!' Onipa Ba no nso aba a odidi na ɔnom a muse, ‘Monhwɛ odidifo ne ɔkɔwensani a ɔyɛ towgyefo ne “nnebɔneyɛfo” adamfo!’
35 Yet wisdom is justified by all her children." Nanso wɔn a wodi Onyankopɔn akyi nokware mu no de, wɔn bra di adanse sɛ, nʼakwan nyinaa ye.”
36 A Pharisee invited him to eat with him; he went into the Pharisee's house and reclined at the table. Farisini bi frɛɛ Yesu adidi ma ɔpenee so kɔe.
37 A woman in the city, a sinner, learned he was reclining at table in the Pharisee's house and brought an alabaster bottle of perfume. Ɔte hɔ redidi no, ɔbea bi a obu bra bɔne wɔ kurow no mu tee ne nka no, ɔde aduhuam bi a ɛsom bo tumpan ma kɔɔ hɔ.
38 Standing behind him at his feet, weeping, she began wetting his feet with her tears, wiped them with her hair, kissed his feet, and anointed them with the perfume. Ɔkotow Yesu nan ase sui, maa ne nusu no fɔw Yesu nan ase. Afei ɔde ne tinwi pepaa nisu no, soo ne nan de aduhuam no sraa ho.
39 Seeing this, the Pharisee who'd invited him thought, "If he were a prophet, he'd know who's touching him and what kind of woman she is—a sinner." Farisini a ɔfrɛɛ Yesu adidi no huu nea ɔbea no yɛe no, ɔkaa wɔ ne tirim se, “Sɛ saa onipa yi yɛ odiyifo ampa ara a, anka obehu sɛ saa ɔbea yi bu ɔbra bɔne.”
40 Jesus replied to him, "Simon, I have something to say to you." He said, "Say it, Teacher." Yesu huu Farisini no adwene ma ɔka kyerɛɛ no se, “Simon, mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.” Simon nso ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, ka ɛ.”
41 "A certain moneylender had two debtors. One owed 500 denarii, and the other fifty. Yesu ka kyerɛɛ no se, “Osikani bi bɔɔ nnipa baanu bi bosea. Ɔmaa ɔbaako denare ahannum; na ɔbaako no nso ɔmaa no denare aduonum.
42 Since neither could pay, he canceled both debts. So which of them will love him more?" Wɔn mu biara antumi antua ne ka a ɔde no no nti, ɔde kyɛɛ wɔn. Wɔn mu hena na wugye di sɛ ɔbɛpɛ ɔdefo no asɛm yiye?”
43 Simon answered, "I suppose the one he forgave the larger debt." Jesus said, "You judged rightly." Simon buae se, “Migye di sɛ nea ɔde ne ka kɛse kyɛɛ no no.” Yesu kae se, “Woabua no yiye.”
44 Turning to the woman, he told Simon, "Do you see this woman? I entered your house—you gave no water for my feet, but she wet my feet with her tears and wiped them with her hair. Afei Yesu dan nʼani kyerɛɛ ɔbea no bisaa Simon se, “Woahu saa ɔbea yi? Mebaa wo fi, woamma me nsu anhohoro mʼanan ase; nanso saa ɔbea yi de ne nisu ahohoro mʼanan ase, asan de ne tinwi apepa.
45 You gave me no kiss, but she, from when I came in, hasn't stopped kissing my feet. Mebae yi, woanyɛ me atuu amfa amma me akwaaba; nanso efi bere a ɔbea yi bɛtoo me wɔ ha yi, onnyaee me nan mu so.
46 You did not anoint my head with oil, but she has anointed my feet with perfume. Woamfa ngo amfɔw me tirim; nanso ɔbea yi de aduhuam a ɛsom bo asra mʼanan ase.
47 So I tell you, her many sins are forgiven, because she loved much. But whoever is forgiven little loves little." Eyi nti mereka akyerɛ wo se, nea ɔbea yi ayɛ nti, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ no, efisɛ wayi ɔdɔ kɛse bi adi akyerɛ. Na nea wɔde ne bɔne a esua akyɛ no no, ne dɔ nso sua.”
48 And he said to her, "Your sins are forgiven." Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Wɔde wo bɔne akyɛ wo.”
49 Then his fellow guests began asking each other, "Who is this, who even forgives sins?" Wɔn a ɔne wɔn te adidii no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Hena ne saa onipa yi a otumi de bɔne kyɛ?”
50 And he said to the woman, "Your faith has saved you; go in peace." Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Wo gyidi agye wo nkwa. Fa asomdwoe kɔ.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]