Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

John 11 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 A man named Lazarus was sick, from Bethany, the village of Mary and her sister Martha. Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi yɛ kurow a na Maria ne ne nua Marta fi mu. Da bi, saa ɔbarima yi yaree.
2 Mary—whose brother Lazarus was sick—anointed the Lord with fragrant oil and dried his feet with her hair. Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no na ohwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tinwi pepae no.
3 So the sisters sent word to him, saying, "Lord, the one you love is sick." Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, wo dɔfo no yare.”
4 Hearing this, Jesus said, "This sickness won't end in death, but is for the glory of our Father, so the Son of our Father may be glorified through it." Yesu tee nkra no ɔkae se, “Ɛnyɛ saa ɔyare yi na ebekum Lasaro. Mmom Onyankopɔn pɛ sɛ ɔfa saa ɔyare yi so hyɛ ne ho anuonyam, na saa anuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no.”
5 Now Jesus loved Martha and her sister and Lazarus. Na Yesu pɛ Maria ne ne nuabea Marta ne Lasaro asɛm yiye.
6 So when he heard Lazarus was sick, he stayed two more days where he was. Bere a Yesu tee nkra sɛ Lasaro yare denneennen no wankɔ saa bere no ara mu; ɔtenaa hɔ nnaanu.
7 Then after this he said to the disciples, "Let us go back to Judea." Afei ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Momma yɛnsan nkɔ Yudea.”
8 The disciples said to him, "Rabbi, the Jews just now tried to stone you, and you're going back there?" Nanso asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɛnkyɛe biara na Yudafo no pɛɛ sɛ wosiw wo abo na afei wuse yɛnsan nkɔ hɔ bio yi?”
9 Jesus answered, "Aren't there twelve hours in the day? Anyone who walks by day won't stumble - he sees the light of this world. Yesu kae se, “Nnɔnhwerew dumien na ɛwɔ da koro mu, meboa ana? Ɛno nti sɛ obi nam hann mu a ɔrenhintiw, efisɛ ɔnam wiase hann mu.
10 But if anyone walks at night, he stumbles, because the light is not in him." Nanso sɛ ɔnam anadwo sum mu a obehintiw, efisɛ ɔnam sum mu.”
11 After this, he told them, "Our friend Lazarus has fallen asleep, but I'm going to wake him." Yesu san kae se, “Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akonyan no.”
12 So the disciples said to him, "Lord, if he has fallen asleep, he will get better." Asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, sɛ wada de a ɛno de, na ne ho bɛtɔ no.”
13 Now Jesus had been speaking about his death, but they thought he meant natural sleep. Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu nanso asuafo no de, na wosusuw sɛ nna ara na wada.
14 So then Jesus told them plainly, "Lazarus has died, Ɛno nti Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee se, “Lasaro awu;
15 I'm glad for your sake I wasn't there, so you'll believe. But let's go to him." nanso mo nti ɛyɛ me anigye sɛ na minni hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.”
16 So Thomas, called the Twin, told the other disciples, "Let's go too, and die with him." Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfo asuafo no se, “Momma yɛne Kyerɛkyerɛfo no nyinaa nkɔ na yɛne no nkowu.”
17 So when Jesus arrived, he found that Lazarus had already been in the tomb four days. Yesu duu Betania no na Lasaro awu ama wɔasie no ma adi nnaanan.
18 Bethany was near Jerusalem, about two miles away, Efi Betania rekɔ Yerusalem no nnu akwansin abien,
19 and many of the Jews had come to Martha and Mary to console them about their brother. na saa bere no na Yudafo bebree aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebegyam wɔn wɔ wɔn nua no wu no ho.
20 When Martha heard Jesus was coming, she went to meet him; Mary stayed sitting in the house. Marta tee sɛ Yesu reba no, ofii adi kohyiaa no, na Maria de, ɔtenaa fie.
21 Martha said to Jesus, "Lord, if you had been here, my brother would not have died. Marta ka kyerɛɛ Yesu se, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a anka me nua no anwu!
22 But even now I know that whatever you ask of our Father, he will give you." Minim mpo sɛ saa bere yi mu biribiara a wubebisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no ɔbɛyɛ.”
23 Jesus said to her, "Your brother will rise again." Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo nua no bɛsan anya nkwa bio.”
24 Martha said to him, "I know he'll rise again in the resurrection on the last day." Marta buaa no se, “Awurade, minim sɛ owusɔre da no ɔno nso bɛsɔre.”
25 Jesus told her, "I am the resurrection and the life. Whoever believes in me will live, even though he dies, Yesu ka kyerɛɛ no se, “Me na minyan awufo ma wɔn nkwa. Obiara a ogye me di no sɛ wawu mpo a ɔbɛsan anya nkwa.
26 and everyone who lives and believes in me will never die. Do you believe this?" Na obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da. Wugye eyi di ana?”
27 She said to him, "Yes, Lord; I believe you are the Christ, the Son of our Father, the one coming into the world." Marta buae se, “Awurade, migye midi. Migye di sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.”
28 After saying this, she went and called her sister Mary privately: "The Teacher is here—he's calling for you." Marta kaa saa asɛm yi wiee no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kokoa mu ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo no aba na wabisa wo ase.”
29 When Mary heard this, she rose quickly and went to him. Maria tee saa asɛm yi no ɔyɛɛ ntɛm kohyiaa Yesu.
30 Jesus had not yet entered the village; he was still where Martha met him. Saa bere no na Yesu mmeduu akuraa no ase hɔ ɛ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no.
31 The Jews with her in the house, comforting her, saw Mary rise quickly and leave; they followed, thinking she was going to the tomb to weep there. Bere a Yudafo a wɔne Maria wɔ fie hɔ regyam no no huu sɛ wasɔre mpofirim refi adi no wodii nʼakyi, efisɛ na wosusuw sɛ ɔrekɔ da no so akosu.
32 Mary came to Jesus, saw him, fell at his feet, and said, "Lord, if you had been here, my brother would not have died." Maria duu faako a Yesu wɔ no, ɔkotow ne nan ase kae se, “Ao Awurade, sɛ wowɔ ha a anka me nua no anwu.”
33 When Jesus saw her weeping, and the Jews who came with her also weeping, he groaned in spirit and was troubled. Yesu huu sɛ Maria ne Yudafo a wɔka ne ho no resu no, ɛhaw no yiye na ne werɛ howee.
34 And he said, "Where have you laid him?" They said to him, "Lord, come and see." Obisaa wɔn se, “Ɛhe na musiee no?” Wobuaa no se, “Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo.”
35 Jesus wept. Yesu sui.
36 So the Jews said, "See how he loved him!" Yudafo no huu sɛ ɔresu no wɔkae se, “Eyi kyerɛ ɔdɔ a ɔde dɔ no.”
37 But some of them said, "Could this man who opened the blind man's eyes not have kept him from dying?" Wɔn mu bi kae se, “Onipa a ɔmaa onifuraefo huu ade no munnnye nni sɛ anka obetumi agye Lasaro nkwa ana?”
38 So Jesus, again deeply moved in himself, came to the tomb—a cave with a stone against it. Asɛm a nkurɔfo no kaa no maa Yesu werɛ howee. Afei ɔkɔɔ ɔda a wɔde ɔbo ahini ano no so.
39 Jesus said, "Take away the stone." Martha, the dead man's sister, said to him, "Lord, he must smell by now—he's been dead four days." Yesu hyɛɛ wɔn se, “Munyi ɔbo a ehini ɔda no ano no.” Marta a ɔyɛ owufo no nuabea no kae se, “Awurade, ɛbɛyɛ nnaanan ni a wosiee no nti saa bere yi de, ɔbɔn.”
40 Jesus said to her, "Didn't I tell you: if you believe you'll see our Father's glory?" Yesu ka kyerɛɛ Marta se, “Manka ankyerɛ wo se sɛ wugye di a wubehu Onyankopɔn anuonyam?”
41 So they removed the stone. Jesus looked up and said, "Father, I thank you that you heard me. Woyii ɔbo no fii ɔda no ano. Afei Yesu hwɛɛ ɔsoro, bɔɔ mpae se, “Agya, meda wo ase sɛ wutie me.
42 I knew you always hear me, but I said this for the crowd standing here, so they may believe you sent me." Minim sɛ wutie me daa nyinaa nanso esiane nnipa a wɔwɔ ha nti na mereka eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye adi sɛ wo na wosomaa me.”
43 When he had said this, he cried out with a loud voice, "Lazarus, come out!" Ɔkaa eyi wiee no, ɔteɛɛ mu dennen se, “Lasaro, sɔre bra!”
44 The dead man came out, feet and hands bound with strips of linen, and his face wrapped in cloth. Jesus said to them, "Untie him; let him go." Lasaro sɔre bae a ntama a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan ne ho ntama no na ɔnkɔ.”
45 So many of the Jews who came to Mary and saw what Jesus did believed in him. Yudafo a wɔbɛsraa Maria na wohuu nea Yesu yɛe no mu bebree gyee no dii.
46 But some of them went to the Pharisees and told them what Jesus had done. Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifo no hɔ kɔkaa nea esii no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
47 So the chief priests and Pharisees convened the council and said, "What are we doing? For this man performs many signs. Enti Farisifo no ne asɔfo mpanyin no hyiaa baguafo no kae se, “Dɛn na yɛreyɛ? Monhwɛ anwonwade a saa onipa yi reyɛ!
48 If we leave him alone, everyone will believe in him, and the Romans will come and take away both our place and our nation." Sɛ yɛma ɔkɔ so yɛ nea ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa begye no adi na wɔadi nʼakyi. Sɛ ɛba saa a Roma aban bebisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa.”
49 But one of them, Caiaphas, high priest that year, told them, "You know nothing at all. Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ ɔsɔfopanyin no kae se, “Mo de munnim hwee!
50 Don't you see it's better for you that one man die for the people than the whole nation perish?" Munnim sɛ eye ma mo sɛ onipa baako bewu ama nnipa no nyinaa sen sɛ wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?”
51 He didn't say this on his own; as high priest that year, he prophesied Jesus would die for the nation, Emfi ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ esiane sɛ na ɔyɛ ɔsɔfopanyin saa bere no nti na ɔhyɛɛ nkɔm se, “Yesu bewu de agye mo nkwa,”
52 not only for the nation, but also to gather into one the scattered children of our Father. na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom ɛnam eyi so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa na wɔayɛ ɔman baako.
53 So from that day on they plotted to put him to death. Efi saa bere no, Yudafo mpanyin no faa adwene sɛ wobekum Yesu.
54 So Jesus no longer moved about openly among the Jews, but withdrew to a town called Ephraim near the wilderness, and stayed there with his disciples. Eyi nti Yesu anyi ne ho adi wɔ Yudea, na ofii hɔ kɔɔ sare so kurow bi a wɔfrɛ no Efraim ne nʼasuafo no kɔtenaa hɔ.
55 The Jews' Passover was near, and many went up from the country to Jerusalem before it to purify themselves. Na Yudafo Twam Afahyɛ no rebɛn nti nnipa pii fii wɔn nkuraa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekodwira wɔn ho de atwɛn afahyɛ no.
56 So they looked for Jesus, asking each other as they stood in the temple, "What do you think? Surely he won't come to the feast?" Na wɔrehwehwɛ Yesu ahu no. Ɛno nti woduu asɔredan mu hɔ no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Mugye di sɛ Yesu bɛba afahyɛ yi bi ana?” Ebinom kae se, “Yennye nni.”
57 The chief priests and Pharisees had ordered that anyone who knew his whereabouts must report it, so they could arrest him. Saa bere yi na asɔfo mpanyin ne Farisifo no ahyɛ sɛ, sɛ obi nim faako a Yesu wɔ a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkyere no.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]