Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

John 10 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 "Truly, truly, I tell you: whoever doesn't enter the sheepfold through the gate, but climbs in another way, is a thief and a robber. “Mereka nokware akyerɛ mo Farisifo no se, onipa biara a ɔmfa nguankuw kwan ano na ɔfa ɔkwan foforo so foro kɔ mu no yɛ owifo.
2 But the one who enters by the gate is the shepherd of the sheep. Onipa a ɔfa ɔkwan ano kɔ mu no ne oguanhwɛfo no.
3 The gatekeeper opens for him, and the sheep hear his voice. He calls his own sheep by name and leads them out. Ɔpon no anohwɛfo no bue ɔpon no ma no, na sɛ ɔfrɛ nguan no nso a wɔte ne nne ma ɔde wɔn fi adi.
4 After bringing all his own out, he goes ahead of them, and the sheep follow him because they know his voice. Sɛ ɔde wɔn fi adi a, odi nguan no anim na nguan no nso di nʼakyi, efisɛ wɔte ne nne.
5 They will never follow a stranger—they'll run from him, since they don't know the voice of strangers." Wɔrenni onipa foforo biara akyi. Na sɛ ɔfrɛ wɔn a wɔremma, efisɛ wɔnte ne nne.”
6 Jesus told them this figure of speech, but they didn't grasp what he meant. Yesu buu wɔn saa bɛ yi nanso nnipa no ante no ase.
7 So Jesus said again, "Truly, truly, I tell you, I am the gate for the sheep. Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio se, “Mereka nokware akyerɛ mo se mene nguannan no ano pon no.
8 "All who came before me are thieves and robbers, but the sheep did not listen to them. Wɔn a wodii mʼanim kan no yɛ awifo ne adwowtwafo; ɛno nti nguan no ante wɔn nne anni wɔn akyi.
9 I am the gate; whoever enters through me will be saved, going in and out, finding pasture. Mene ɔpon no. Obiara a ɔnam me so bewura mu no benya nkwa; wobewura mu asan afi adi na wobenya adidibea.
10 The thief comes only to steal, kill, and destroy. I came so they may have life, and have it in abundance. Owifo ba a, obewia anaasɛ obedi awu anaasɛ ɔbɛsɛe ade. Me de, maba sɛ ɛbɛyɛ a mubenya nkwa a edi mu.
11 "I am the good shepherd. The good shepherd lays down his life for the sheep. “Mene oguanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa no ne obi a otumi de ne nkwa to hɔ ma ne nguan.
12 The hired hand, not a shepherd, doesn't own the sheep. Seeing the wolf coming, he leaves the sheep and flees—the wolf snatches and scatters them. Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nguan so no nyɛ nguan no wura; ɛno nti, sɛ ohu sɛ pataku reba a oguan gyaw nguan no hɔ, na pataku no tow hyɛ nguan no so ma wɔbɔ ahwete.
13 The man runs away because he is a hired hand and cares nothing for the sheep. Ɔpaani no guan, efisɛ wɔabɔ no paa na nguan no yiyedi mfa ne ho.
14 "I am the good shepherd. I know my own and my own know me, “Mene oguanhwɛfo pa no. Minim me nguan na me nguan nso nim me,
15 as the Father knows me and I know the Father, and I lay down my life for the sheep. sɛnea Agya no nim me na me nso minim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mewu ama nguan no.
16 I have other sheep not of this fold; I must lead them too, and they will hear my voice. They will become one flock, one shepherd. Nguan afoforo bi wɔ hɔ a wɔyɛ me de nanso wonnya mmɛkaa saa nguankuw yi ho ɛ. Ɛsɛ sɛ mede wɔn nso bɛka saa nguankuw yi ho. Wobetie me nne na wɔbɛyɛ nguankuw baako a oguanhwɛfo baako pɛ na ɔhwɛ wɔn so.
17 This is why the Father loves me: I lay down my life only to take it up again. Agya no dɔ me efisɛ masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio.
18 No one takes it from me, but I lay it down on my own. I have authority to lay it down, and authority to take it up again. This charge I received from my Father." Obiara rentumi nnye me nkwa mfi me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesan gye bio. Eyi ne nea mʼAgya ahyɛ me sɛ menyɛ no.”
19 These words brought division among the Jews once again. Asɛm a Yesu kae no nti, ɛmaa mpaapaemu baa Yudafo no mu.
20 Many of them said, "He is demon-possessed and out of his mind. Why listen to him?" Wɔn mu pii kae se, “Ɔwɔ honhommɔne! Nʼadwene mu ka no! Adɛn nti na mutie no?”
21 But others said, "These aren't a demon-possessed man's words. Can a demon open blind eyes?" Afoforo nso kae se, “Onipa a ɔwɔ honhommɔne rentumi nkasa sɛɛ! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ honhommɔne betumi ama onifuraefo ahu ade?”
22 Then came the Feast of Dedication at Jerusalem. It was winter, Awɔw bere bi mu a Asɔredandwira duu wɔ Yerusalem no,
23 and Jesus was walking in the temple, in Solomon's Colonnade. Yesu kɔpasee wɔ asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ hɔ se Salomo Abrannaa so.
24 The Jews surrounded him and said, "How long will you hold us in suspense? If you are the Christ, tell us plainly." Yudafo no betwaa ne ho hyia kae se, “Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn.”
25 Jesus answered, "I told you, and you don't believe. The works I do in my Father's name testify about me, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Maka akyerɛ mo dedaw nanso munnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi so yɛ no di me ho adanse,
26 but you do not believe, because you are not my sheep. nanso munnnye nni, efisɛ monyɛ me nguan.
27 My sheep listen to my voice; I know them, and they follow me. Me nguan te me nne, me nso minim wɔn na wodi mʼakyi.
28 I give them eternal life, and they will never perish, and no one will snatch them from my hand. Mema wɔn nkwa a enni awiei a wɔrenwu da, na obi rentumi nhuam wɔn mfi me nsam.
29 My Father, who gave them to me, is greater than all; no one can snatch them out of the Father's hand. MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sen obiara, na obiara rentumi nhuam wɔn mfi me nsam.
30 I and the Father are one." Me ne Agya no yɛ baako.”
31 Again the Jews picked up stones to stone him. Yudafo no san tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no.
32 Jesus replied, "I have shown you many good works from the Father. For which of these are you going to stone me?" Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahu, na emu nea ɛwɔ he ho nti na mopɛ sɛ musiw me abo yi?”
33 "We're stoning you not for good work," they said, "but for blasphemy, because you, a mere man, claim to be God." Yudafo no buaa no se, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no nti na yɛpɛ sɛ yesiw wo abo, na mmom wʼabususɛm a wokae no nti. Woyɛ onipa desani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!”
34 Jesus answered them, "Is it not written in your Law: 'I have said you are gods'? Yesu buaa wɔn se, “Wɔakyerɛw wɔ mo ara ankasa mo mmara mu se, Onyankopɔn kae se, ‘Moyɛ anyame.’
35 If he called them 'gods,' to whom the word of my Father came—and Scripture cannot be broken, Ɛno nti sɛ Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokware so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no se ‘anyame’ a,
36 what about the one the Father set apart and sent into the world? Why accuse me of blasphemy for saying, 'I am the Son of our Father'? adɛn na sɛ nea Agya no somaa no baa wiase no ka se, ‘mene Onyankopɔn Ba no’ a muse waka abususɛm?
37 "If I am not doing the works of my Father, then do not believe me. Sɛ menyɛ nnwuma a mʼAgya pɛ sɛ meyɛ no de a ɛno de, munnnye me nni.
38 But if I do them, even if you won't believe me, believe the works, so you'll know and keep knowing the Father is in me, and I in the Father." Nanso sɛ meyɛ mʼAgya no nnwuma na sɛ munnnye me nni mpo a munnye nnwuma no nni sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ ne mu.”
39 Again they tried to seize him, but he escaped their grasp. Nkurɔfo no pɛɛ sɛ wɔkyere no bio, nanso wɔantumi.
40 Jesus then went back across the Jordan, to the place where John had first been baptizing, and stayed there. Yesu san twa kɔɔ Yordan agya wɔ faako a Yohane bɔ asu no kɔtenaa hɔ.
41 Many came to him, saying, "John performed no sign, but all John said about this man was true." Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodow no ara kae se, “Yohane anyɛ anwonwade, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no yɛ nokware.”
42 And in that place many believed in him. Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu bebree gyee no dii.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]