Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Job 29 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1Hiob toaa so se,

2“Mʼani agyina asram a atwa mu no,nna a Onyankopɔn hwɛɛ me so no,

3bere a ne kanea hyerɛn mʼatifina mede ne kanea nantewee sum mu no!

4Ao, nna a misii so no,bere a Onyankopɔn adamfofa a emu yɛ den hyiraa me fi,

5bere a na Otumfo no da so ka me hona me mma atwa me ho ahyia no,

6bere a na nufusu mu srade afɔw mʼakwanna abotan hwiee ngo sɛ nsu maa me no.

7“Bere a na mekɔ kuropɔn pon anomekɔtena mʼagua so wɔ ɔmanfo aguabɔbea,

8mmerante hu me a, wogyina nkyɛnna mpanyimfo sɔre gyina hɔ;

9atitiriw gyae kasana wɔde wɔn nsa kata wɔn ano;

10mmapɔmma tɛm dinn,na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dudom.

11Wɔn a wɔte me nka nyinaa ka me ho asɛmpa,na wɔn a wohu me nyinaa kamfo me,

12efisɛ meboaa ahiafo a wosu pɛɛ mmoa,ne ayisaa a wonni aboafo.

13Onipa a na ɔrewu no hyiraa me;na memaa akunafo ani gyee wɔn koma mu.

14Mede trenee furaa sɛ mʼadurade;atɛntrenee yɛɛ me nkataso ne mʼabotiri.

15Meyɛɛ aniwa maa anifuraefo,ne anan maa mmubuafo.

16Meyɛɛ ahiafo agya;na mekaa ahɔho asɛm maa wɔn.

17Mibubuu amumɔyɛfo sena mihwim wɔn a wodi wɔn nya no fii wɔn anom.

18“Medwenee sɛ, ‘Mewu wɔ mʼankasa me fi mu,na me nna dɔɔso sɛ nwea.

19Me ntin beduu nsu ano,na obosu agugu me mman so anadwo mu nyinaa.

20Mʼanuonyam rempa da,na agyan ayɛ foforo wɔ me nsam daa.’

21“Nnipa hwehwɛɛ sɛ wotie me,wɔyɛɛ dinn, twɛn mʼafotu.

22Sɛ mekasa wie a wɔnnkasa bio,efisɛ me nsɛm tɔɔ wɔn asom yiye.

23Wɔtwɛn me sɛnea wɔtwɛn osu a ɛpete,na wɔmenee me nsɛm sɛ osutɔ bere nsu.

24Sɛ meserew mekyerɛ wɔn a, wɔntaa nnye nni;mʼanimtew som bo ma wɔn.

25Mebɔɔ kwan maa wɔn na metenaa ase sɛ wɔn hene;metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ nʼasraafo mu;meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekye agyaadwotwafo werɛ.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]