Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Job 10 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

1“Abrabɔ afono me;enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsiena mɛkasa afi me kra yawdi mu.

2Mɛka akyerɛ Onyankopɔn se: Mmu me kumfɔ,na mmom kyerɛ kwaadu a wobɔ me.

3Ɛyɛ wo fɛ sɛ wohyɛ me so,de po wo nsa ano adwuma,na woserew hwɛ amumɔyɛfo nhyehyɛe?

4Wowɔ ɔhonam mu ani ana?Wuhu ade te sɛ ɔdesani ana?

5Wo nkwanna te sɛ ɔdesanianaa wo mfe te sɛ onipa hoɔdenfo,

6a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ me mfomsona wopɛɛpɛɛ me bɔne mu?

7Ɛwɔ mu, wunim sɛ minni fɔ,na obiara nso ntumi nnye me mfi wo nsam.

8“Wo nsa na ɛnwenee me na ɛbɔɔ me.Afei wobɛdan wo ho asɛe me ana?

9Kae sɛ wonwen me sɛ dɔte.Na wobɛdan me ayɛ me mfutuma bio ana?

10So woanhwie me sɛ nufusuna woammɔ me toa sɛ srade,

11amfa were ne honam ankata me hoankeka nnompe ne ntin antoatoa mu ana?

12Womaa me nkwa, yii ayamye kyerɛɛ me,na ɔhwɛsie mu wohwɛɛ me honhom so.

13“Nanso eyi na wode siee wo koma mu,na minim sɛ na eyi wɔ wʼadwene mu.

14Sɛ meyɛɛ bɔne a anka wobɛhwɛ mena wobɛma me so asotwe.

15Na sɛ midi fɔ a, nnome nka me!Na sɛ mpo midi bem a, merentumi mma me ti so,efisɛ aniwu ahyɛ me mana mʼamanehunu amene me.

16Na sɛ mema me ti so a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata,na bio woda wʼanwonwatumi no adi tia me.

17Wode nnansefo foforo betia mena woma wʼabufuw ano yɛ den wɔ me so;wʼasraafo tu ba me so bere biara.

18“Adɛn nti na woma wɔwoo me?Ɛkaa me nko a anka miwui ansa na ani bi rehu me.

19Sɛ anka mamma nkwa yi mu,anaasɛ wɔsoaa me fi awotwaa mu de me kɔɔ ɔda mu tee!

20So ɛnkaa kakraa bi na me nna kakraa no to ntwaa ana?Gyaa me na minya anigye bere tiaa bi

21ansa na makɔ koransankusuuyɛ ne sunsuma kabii asase so,

22asase a ɛyɛ anadwo sum kabii,sum kabii ne sakasaka,baabi a ɛhɔ hann mpo te sɛ sum.”

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]