Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 54 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Sion Daakye Anuonyam

1“To nnwom, obonin,wo a wonwoo da;pae mu to nnwom, teɛ mu di ahurusi,wo a awo nkaa wo da;efisɛ ɔbea a wannya awo da no mmadɔɔso sen nea ɔwɔ kunu,”Awurade na ose.

2“Trɛw wo ntamadan no mu;twe wo ntamadan ntwamu no mu,nnyae yɛ;toa wo ntampehama no so,bobɔ wo nnyinaso no so ma entim yiye.

3Efisɛ wobɛtrɛw akɔ nifa ne benkum;wʼasefo begye aman afana wɔatena wɔn nkuropɔn amamfo so.

4“Nsuro; wʼanim rengu ase.Nsuro aniwu; wɔremmrɛ wo ase.Wo werɛ befi wo mmabun mu aniwuna wo kunayɛ mu ahohora nso worenkae bio.

5Na wo Bɔfo yɛ wo kunuAsafo Awurade ne ne din,Israel Kronkronni no yɛ wo Gyefo.Wɔfrɛ no asase nyinaa so Nyankopɔn.

6Awurade bɛsan afrɛ wote sɛ ɔyere a woagyaa no na odi yaw wɔ ne koma mu,ɔyere a ɔwaree mmabaabere muna wogyaa no mpofirim,” wo Nyankopɔn na ose.

7“Migyaw wo bere tiaa bi mu,nanso mifi ayamhyehye a mu dɔ mu bɛsan de wo aba.

8Abufuw mmoroso mu,mede mʼani hintaw wo mmere tiaa bi,nanso mʼayamye a ɛnsa da nti,mehu wo mmɔbɔ,”nea Awurade, wo Gyefo se ni.

9“Eyi te sɛ Noa mmere so a mekaa ntam semeremma nsuyiri nkata asase ani bio.Enti afei maka ntam se meremma me bo mfuw wo bio,na merenka wʼanim bio.

10Sɛ mmepɔw wosow,na nkoko tutu a,me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhimna mʼasomdwoe apam no rentwa mu,”sɛɛ na Awurade a ɔwɔ ahummɔbɔ ma mo no se.

11“Kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ ɛ,mede abo anintɔnka besiesie wo,na mede aboɔdemmo bibiri ayɛ wo fapem.

12Mede bogyabo bɛto wʼabantifi afasu,na mede abohemaa a ɛhyerɛn ayɛ wʼapon,na mede aboɔdemmo ayɛ wʼafasu nyinaa.

13Awurade bɛkyerɛkyerɛ wo mmabarima nyinaa,na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.

14Wubetim wɔ trenee mu:Wo ne nhyɛsotraso ntam kwan bɛwareworensuro biribiara.Ahupoo bɛkɔ akyirikyiri,na ɛremmɛn wo.

15Sɛ obi tow hyɛ wo so a, na emfi me;na nea ɔtow hyɛ wo so no de ne ho bɛma wo.

16“Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfoa ofita nnyansramma mu ma ɛdɛwna ɔde ahoɔden bɔ akode a ɛfata ne dwumadi.Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefo sɛ ɔmmɛsɛe ade;

17akode biara a wɔabɔ atia wo no rennyinana tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo sobo no wobɛbɔ agu.Eyi ne Awurade nkoa agyapade,ne wɔn bembu a efi me,”Awurade na ose.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]