Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 45 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 This is what our Father says to his anointed, to Cyrus, whose right hand I have grasped to subdue nations before him and to strip kings of their armor, to open doors before him so that gates will not be shut: “Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ nea wasra no ngo, Kores a maso ne nsa nifa mu sɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanim na onnye ahemfo akode mfi wɔn nsam sɛ ommuebue apon a ɛwɔ nʼanim sɛnea kurow apon no mu rentoto.
2 I will go before you and level the mountains; I will shatter the doors of bronze and cut through the bars of iron. Medi wʼanim mɛyɛ mmepɔw tamaa; mebubu kɔbere mfrafrae apon agu na matwitwa nnade adaban mu.
3 I will give you the treasures of darkness and hoards stored in secret places, so that you may know that I am the Father of Israel, who calls you by your name. Mede sum mu ademude bɛma wo ahonyade a wɔde asie kokoa mu sɛnea wubehu sɛ, mene Awurade, Israel Nyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ wo no.
4 For the sake of my servant Jacob, and Israel my chosen, I have called you by your name; I give you a title of honor, though you do not know me. Me somfo Yakob nti, Israel a mapaw no nti, mebɔ wo din frɛ wo na mɛma wo anuonyamhyɛ abodin, ɛwɔ mu sɛ wunnyee me ntoo mu de.
5 I am the Father, and there is no other; besides me there is none. I equip you for battle, though you do not know me, Mene Awurade, obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho. Mɛhyɛ wo den, ɛwɔ mu sɛ wunnyee me ntoo mu de,
6 so that people may know, from the rising of the sun to the place of its setting, that there is none besides me. I am the Father, and there is no other. sɛnea ɛbɛyɛ a efi nea owia pue kosi beae a ɛtɔ no nnipa behu sɛ obiara nka me ho. Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio.
7 I form light and create darkness, I make well-being and create calamity; I am the Father, who does all these things. Meyɛ hann, na mebɔ sum. Mede yiyedi ba na mede ɔhaw ba; Me, Awurade, na meyɛ eyinom nyinaa.
8 Rain down, O heavens, from above, and let the skies pour down righteousness; let the earth open wide, that salvation may bear fruit and righteousness spring up together. I, the Father, have created it. “Mo ɔsorosoro munhwie trenee ngu fam; momma emfi omununkum mu ntɔ momma asase mu mmue kɛse, na nkwagye mpue mfi mu, na trenee ne no nnyin; Me, Awurade na mayɛ.
9 Woe to the one who quarrels with his Maker—a pottery shard among the shards of the earth! Does the clay say to the one who forms it, "What are you making?" or, "Your work has no handles"? “Nnome nka nea ɔne ne Yɛfo ham ɛnka nea ɔmfra te sɛ kyɛmfɛre a ɛfra nea egugu fam mu. Dɔte betumi abisa ɔnwemfo se, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’ Wʼadwuma betumi abisa wo se ‘Wunni nsa’?
10 Woe to the one who says to a father, "What are you fathering?" or to a woman, "What are you bringing to birth?" Nnome nka nea ose nʼagya se ‘Dɛn na woawo yi?’ Anaa obisa ne na se, ‘Dɛn na wokyem woe?’
11 This is what the Holy One of Israel—our Father—and the one who formed him—says: Will you question me about my children, and give me orders about the work of my hands? “Sɛɛ na Awurade se, Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfo; Nea ɛfa nneɛma a ɛreba ho no, wubisa me nsɛm a ɛfa me mma ho, anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho?
12 I made the earth and created humanity upon it. It was my hands that stretched out the heavens, and I commanded all their host. Ɛyɛ me na meyɛɛ asase na mebɔɔ adesamma guu so. Me ara me nsa na mede trɛw ɔsoro mu; nsoromma ahorow nyinaa hyɛ mʼase.
13 I have stirred him up in righteousness, and I will make all his ways straight. He will rebuild my city and set my exiles free, not for price or reward, says the Father of heaven's armies. Mɛma Kores so wɔ me trenee mu; meteɛteɛ nʼakwan nyinaa. Ɔbɛsan akyekyere me kuropɔn na wagyaa me nnommumfo, nanso ɔrennye akatua anaa akyɛde, Asafo Awurade na ose.”
14 Our Father says: The wealth of Egypt and the merchandise of Cush, and the Sabeans, men of stature, will come over to you and be yours; they will follow behind you, coming over in chains. They will bow down to you and plead with you, saying, "Surely God is with you, and there is no other; there is none besides him." Sɛɛ na Awurade se: “Nneɛma a efi Misraim ne aguade a efi Kus, ne Sebafo atenten no, wɔbɛba wo nkyɛn abɛyɛ wo dea; wobedi wʼakyi brɛoo aba a wogu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Wobebu nkotodwe wʼanim na wɔasrɛ wo aka se, ‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na obi nni hɔ; onyame biara nni hɔ.’ ”
15 Truly you are a Father who has hidden yourself, the Father of Israel, the Savior. Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie, Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa.
16 All of them are ashamed and disgraced; the makers of idols go off together in confusion. Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase; wɔbɛbɔ mu akɔ animguase mu.
17 But Israel is saved by our Father with an everlasting salvation; you will not be ashamed or disgraced for all eternity. Nanso Awurade begye Israel nkwa, ɔde daapem nkwagye; wɔremma wʼani nwu na wʼanim rengu ase bio kosi daapem.
18 For this is what the Father says, who created the heavens—he is the Father!—who formed the earth and made it; he established it. He did not create it empty; he formed it to be inhabited: I am the Father, and there is no other. Na sɛɛ na Awurade se, nea ɔbɔɔ ɔsorosoro no ɔno ne Onyankopɔn; nea ɔmaa asase, ne tebea na ɔbɔe no, ɔno na ɔtoo ne fapem; wammɔ no sɛ so nna hɔ kwa, mmom, ɔyɛe se nnipa ntena so, ɔka se: “Mene Awurade, na obi nni hɔ.
19 I did not speak in secret, in a land of darkness; I did not say to the descendants of Jacob, "Seek me in vain." I, your Father, speak what is right; I declare what is true. Menkasaa wɔ kokoa mu, mfi asase so baabi a aduru sum; menka nkyerɛɛ Yakob asefo se, ‘Monhwehwɛ me na munhu me.’ Me Awurade, meka nokware no; meka nea eye.
20 Gather together and come; draw near, you survivors of the nations! They have no knowledge—those who carry around their wooden idols and keep praying to a god that cannot save. “Mommoaboa mo ho ano na mommra; munhyia mu, mo aguanfo a mufi amanaman so. Wɔn a wonnim de na wɔsoa nnua ahoni de kyinkyin wɔn a wɔbɔ anyame a wontumi nnye nkwa no mpae.
21 Declare and present your case; let them consult together! Who foretold this long ago and declared it from ancient times? Was it not I, the Father? There is no other besides me—a righteous Father and a Savior; there is none besides me. Mompae mu nka nea ebesi, momfa nto gua, ma wɔmmɔ mu ntu agyina. Hena na odii kan kaa no teteete, hena na ɔdaa no adi fi tete nteredee? Ɛnyɛ me Awurade ana? Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho, trenee Nyankopɔn ne Agyenkwa; obiara nni hɔ sɛ me.
22 Turn to me and be saved, all the ends of the earth! For I am the Father, and there is no other. “Monnan mmra me nkyɛn na munnya nkwa, mo a mowɔ asase ano nyinaa; efisɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ.
23 By myself I have sworn; a word has gone out from my mouth in righteousness that will not return: To me every knee will bow, every tongue will swear allegiance. Maka me ho ntam, mʼano aka wɔ nokwaredi nyinaa mu asɛm a wɔntwe nsan sɛ: obiara bebu nkotodwe wɔ mʼanim. Na obiara bɛpae mu aka se, mene Onyankopɔn.
24 They will say of me, "Only in God are righteousness and strength." To him all who raged against him will come, and they will be ashamed. Wɔbɛka me ho asɛm se, ‘Awurade nko ara mu na trenee ne ahoɔden wɔ.’ ” Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaa bɛba ne nkyɛn na wɔn anim begu ase.
25 In our Father all the children of Israel will be justified, and in him they will glory. Nanso Awurade mu, Israel asefo nyinaa wobebu wɔn bem, na wɔahoahoa wɔn ho.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]