Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 44 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 But now listen, Jacob my servant, Israel whom I have chosen. “Na afei tie, Yakob me somfo, Israel, nea mapaw no.
2 This is what our Father says—he who made you, who formed you from the womb and will help you: Do not be afraid, Jacob my servant, Jeshurun whom I have chosen. Sɛɛ na Awurade se, nea ɔnwen wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu, ɔno na ɔbɛboa wo: Nsuro Yakob, me somfo, Yeshurun, a mapaw no.
3 For I will pour water on the thirsty land and streams on the dry ground; I will pour out my Spirit on your children and my blessing on your descendants. Na mehwie nsu agu asase a awo no so, ne nsuten wɔ asase kesee so; mehwie me Honhom agu wo mma so, ne me nhyira agu wʼasefo so.
4 They will spring up among the grass like willows by flowing streams. Wobefifi sɛnea sare fifi wɔ mmoa adidibea, te sɛ mpampuro a ɛwɔ asuten ho.
5 This one will say, 'I belong to the Father'; another will call himself by the name of Jacob; still another will write on his hand, 'The Father's,' and take the name of Israel. Obi bɛka se, ‘Meyɛ Awurade de’; ɔfoforo bɛfrɛ ne ho se Yakob; afoforo bɛkɔ so akyerɛw wɔn nsa ho se, ‘Awurade de,’ na wɔafa din Israel.
6 This is what our Father says—the King of Israel and his Redeemer, the Father of heaven's armies: I am the first and I am the last; besides me there is no god. “Sɛɛ na Awurade Israelhene ne Ogyefo, Asafo Awurade se: Mene odikanfo ne okyikafo; Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me.
7 Who is like me? Let him proclaim it. Let him declare and lay it out before me, since the day I established an ancient people. Let them foretell what is coming, and what is yet to be. Hena na ɔne me sɛ? Ma ɔmpae mu nka. Ma ɔnka na ɔnkyerɛ wɔ mʼanim nea asisi fi bere a migyee me tete nkurɔfo sii hɔ, ne nea ɛrebɛba. Yiw, ma ɔnhyɛ nea ɛreba ho nkɔm.
8 Do not tremble, do not be afraid. Did I not tell you long ago and declare it? You are my witnesses. Is there any Father besides me? There is no Rock; I know of none. Mommma mo ho mpopo, munnsuro. Mampae mu anka eyi, manhyɛ ho amfi teteete ana? Mone me nnansefo. Onyankopɔn foforo bi ka me ho ana? Dabi, Ɔbotan foforo bi nni hɔ; minnim baako mpo.”
9 All who make idols are nothing, and the things they treasure are worthless. Their own witnesses see nothing and know nothing, so they are put to shame. Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee, na nneɛma a ɛsom wɔn bo no so nni mfaso. Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afura; wonnim wɔn ankasa animguase ho hwee.
10 Who makes a god or casts an idol that does its maker no good? Hena na ɔbɔ onyame na ogu ohoni, a ne so mma no mfaso biara?
11 Look—all his companions will be put to shame, for the craftsmen are only human. Let them all assemble and take their stand; they will be terrified and put to shame together. Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim begu ase; adwumfo nyɛ hwee sɛ nnipa. Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina, ehu ne animguase na ɛbɛka wɔn.
12 The blacksmith shapes an iron tool, working it over the coals; he forms it with hammers and forges it with his strong arm. Yet he grows hungry and his strength fails; he drinks no water and grows faint. Ɔtomfo fa nʼatonnade ɔde hyehyɛ nnyansramma mu; ɔde asae bobɔ so yɛ no ohoni, ɔde nʼabasa mu ahoɔden mmoroso na ɛyɛ; ɔkɔm de no na ɔyɛ mmrɛw; ɔnnom nsu nti ɔtɔ beraw.
13 The carpenter stretches out a measuring line and marks the wood with a stylus; he works it with chisels and marks it with a compass. He shapes it into the figure of a man, with human beauty, to dwell in a shrine. Duadwumfo de hama susuw na ɔde kyerɛwdua sensan; na ɔde pɛe yiyi ho afei ɔde kɔmpaase hyɛ no agyirae. Osen na ɛyɛ sɛ onipa sɛso, ɛyɛ sɛ onipa wɔ nʼanuonyam nyinaa mu, sɛ wɔde besi abosonnan mu.
14 He cuts down cedars, or chooses a cypress or an oak and lets it grow strong among the trees of the forest. He plants a cedar, and the rain makes it grow. Otwitwaa sida, anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔre anaa odum. Ɔma enyinii wɔ kwae mu, anaa oduaa ɔpepaw, na osu ma enyinii.
15 He uses it for fuel. He takes some of it and warms himself; he lights a fire and bakes bread. But he also makes a god and worships it; he makes an idol and bows down to it. Ɛyɛ nea onipa de sɔ ogya; ɔde bi ka ne ho hyew, ɔde bi sɔ ogya to brodo. Nanso ɔde bi sen onyame na ɔsɔre no; ɔyɛ ohoni na ɔkotow no.
16 He burns half the wood in the fire; over it he roasts meat, eats his fill, and warms himself. He says, 'Ah, I am warm; I can feel the fire.' Ɔde dua no mu fa sɔ ogya; so na ɔnoa nʼaduan, ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee. Afei ɔka ne ho hyew na ɔka se, Aa! mahu ogya; me ho ayɛ me hyew.
17 And from what is left he makes a god, his idol; he bows down to it and worships, he prays to it and says, 'Save me, for you are my god!' Nkae no ɔde yɛ onyame, ne ohoni; ɔkotow no na ɔsɔre no. Ɔbɔ no mpae se, “Gye me; wo ne me nyame.”
18 They know nothing, they understand nothing; their eyes are plastered over so they cannot see, and their hearts too, so they cannot understand. Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase; wɔatare wɔn ani so nti wonhu ade, wɔato wɔn adwene mu nti wɔnte hwee ase.
19 No one stops to think, no one has the knowledge or insight to say, 'Half of it I burned in the fire; I even baked bread over its coals, I roasted meat and ate. Will I make the rest into an abomination? Will I bow down to a block of wood?' Obiara nna nnwen ho, obiara nni nimdeɛ anaa nhumu a ɔde bɛka se, “Mede fa sɔɔ ogya; na mpo metoo brodo wɔ ne nnyansramma so; metotoo nam wɔ so wee. Ɛsɛ sɛ mede nkae no yɛ akyiwade ana? Ɛsɛ sɛ mekotow gyentia ana?”
20 He feeds on ashes; a deluded heart has led him astray. He cannot save himself or say, 'Am I not holding a lie in my right hand?' Saa onipa no di nsõ, nnaadaa koma ma no to kwan; ɔrentumi nnye ne ho, anaa nka se, “Nea mikura wɔ me nsa nifa yi nyɛ atoro ana?”
21 Remember these things, Jacob, and you, Israel, for you are my servant. I formed you; you are my servant. Israel, I will not forget you. “Kae saa nneɛma yi, Yakob, efisɛ, woyɛ me somfo, Israel. Me na meyɛɛ wo, woyɛ me somfo; Ao Israel, me werɛ remfi wo.
22 I have swept away your rebellions like a cloud, your sins like the morning mist. Return to me, for I have redeemed you. Mapra wo mfomso agu te sɛ omununkum ne wo bɔne te sɛ anɔpa bosu. San bra me nkyɛn, efisɛ magye wo.”
23 Sing, heavens, for our Father has done it! Shout aloud, depths of the earth. Break into singing, mountains, forest, and every tree in it! For our Father has redeemed Jacob, and he displays his glory in Israel. Momfa ahosɛpɛw nto dwom, ɔsorosoro, na Awurade na wayɛ eyi. Mommɔ ose, asase ase. Momma nnwonto so, mo mmepɔw, mo kwae ne emu nnua nyinaa, na Awurade agye Yakob, wada nʼanuonyam adi wɔ Israel.
24 This is what our Father says—your Redeemer, who formed you from the womb: I am your Father, the Maker of all things, who alone stretched out the heavens, who spread out the earth by myself, “Sɛɛ na Awurade se, wo Gyefo a ɔnwen wo wɔ awotwaa mu no: “Mene Awurade, nea wayɛ nneɛma nyinaa, nea ɔno nko ara trɛw ɔsoro mu nea ɔno nko ara twee asase mu,
25 who frustrates the signs of false prophets and makes fools of diviners, who overturns the learning of the wise and turns their knowledge into foolishness, nea ɔsɛe atoro adiyifo nsɛnkyerɛnne na ɔma nkɔmhyɛfo yɛ nkwaseafo, nea otutu anyansafo adenim gu na ɔdan no nkwaseasɛm,
26 who confirms the word of his servant and fulfills the counsel of his messengers, who says of Jerusalem, 'She will be inhabited,' and of the cities of Judah, 'They will be rebuilt, and I will restore their ruins,' nea ɔma nʼasomfo nsɛm ba mu nea ɔhyɛ nʼasomafo nkɔmhyɛ mu ma, “nea ɔka fa Yerusalem ho se, ‘Wɔbɛtena mu,’ ne Yuda nkurow ho se, ‘Wɔbɛkyekye,’ ne mmubui ho se, ‘Mɛyɛ no foforo,’
27 who says to the deep, 'Be dry; I will dry up your rivers,' nea ɔka kyerɛ asubun se, ‘Yow, na mɛma wo nsuwa ayoyow,’
28 who says of Cyrus, 'He is my shepherd, and he will accomplish all that I please'; who says of Jerusalem, 'She will be rebuilt,' and of the temple, 'Your foundation will be laid.' nea ɔka wɔ Kores ho se, ‘Ɔyɛ me guanhwɛfo na obewie nea mepɛ nyinaa yɛ; ɔbɛka afa Yerusalem ho se, “Ma wɔnkyekyere bio,” na waka afa asɔredan no ho se, “Ma wɔnto ne fapem.” ’ ”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]