Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 40 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Comfort, comfort my people, says your Father. Monkyekye, monkyekye me nkurɔfo werɛ. Saa na mo Nyankopɔn se.
2 Speak tenderly to Jerusalem, and proclaim to her that her hard service is completed, that her guilt is forgiven, that she has received from our Father's hand double for all her sins. Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem, na mompae mu nka nkyerɛ no se ne som dennen no aba awiei, wɔatua ne bɔne no so ka, na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔho afi Awurade nsam.
3 A voice is calling out: In the wilderness, prepare the way of our Father; make a straight highway through the desert for our Father. Nne bi reteɛ mu se, “Munsiesie ɔkwan mma Awurade wɔ nweatam no so. Monteɛ ɔtempɔn wɔ sare no so mma yɛn Nyankopɔn.
4 Every valley will be lifted up, and every mountain and hill made low; the uneven ground will become level, and the rough places will become a plain. Obon biara bɛyɛ ma, bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam, asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa, na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw.
5 And the glory of our Father will be revealed, and all people will see it together, for the mouth of our Father has spoken. Na Awurade anuonyam bɛda adi, na nnipa nyinaa behu. Efisɛ Awurade na waka!”
6 A voice says, "Call out!" And I said, "What should I call out?" All people are like grass, and all their faithfulness is like the flower of the field. Nne bi kae se, “Teɛ mu.” Na mekae se, “Menteɛ mu nka dɛn?” “Nnipa nyinaa te sɛ sare, na wɔn anuonyam nyinaa te sɛ afuw so nhwiren.
7 The grass withers, the flower fades when the breath of our Father blows on it; surely the people are grass. Sare hyew, na nhwiren twintwam efisɛ Awurade ahomegu fa wɔn so. Nokware, nnipa no yɛ sare.
8 The grass withers, the flower fades, but the word of our Father stands forever. Sare hyew, na nhwiren twintwam, nanso yɛn Nyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.”
9 Go up on a high mountain, Zion, messenger of good news; lift up your voice with strength, Jerusalem, messenger of good news. Lift it up, do not be afraid; say to the cities of Judah, "Here is your Father!" Wo a wode asɛm pa reba Sion, foro kɔ bepɔw tenten bi so. Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem, ma wo nne so na teɛ mu, ma so, nsuro; ka kyerɛ Yuda nkurow se, “Mo Nyankopɔn ni!”
10 See, the Sovereign Father comes with strength, and his arm rules for him; see, his reward is with him, and his payment goes before him. Hwɛ, Asafo Awurade de tumi reba, na nʼabasa bedi hene ama no. Hwɛ, nʼakatua ka ne ho, na ɔde nʼabasobɔde nam.
11 He will tend his flock like a shepherd; he will gather the lambs in his arms and carry them close to his heart; he will gently lead those that have young. Ɔhwɛ ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo. Ɔboa nguantenmma no wɔ nʼabasa so oturu wɔn ne koko so; na nguan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo.
12 Who has measured the waters in the hollow of his hand, and marked off the heavens with the breadth of his hand, enclosed the dust of the earth in a measure, and weighed the mountains in scales and the hills in a balance? Hena na wasusuw obon mu nsu wɔ ne nsam anaa ɔde ne nsateaa asusuw ɔsoro? Hena na ɔde asase so mfutuma agu kɛntɛn mu, anaa wakari mmepɔw wɔ nsania so ne nkoko wɔ nsania apampaa so?
13 Who has directed the Spirit of our Father, or as his counselor has instructed him? Hena na wate Awurade ase, anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufo?
14 Whom did he consult, and who made him understand? Who taught him the path of justice, and taught him knowledge, and showed him the way of understanding? Hena na Awurade abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase, na hena na ɔkyerɛɛ no ɔkwan pa no? Hena na ɔmaa no nimdeɛ anaa ɔkyerɛɛ no nhumu kwan?
15 The nations are like a drop from a bucket, and are counted as the dust on the scales; he takes up the islands like fine dust. Ampa ara aman no te sɛ nsu sope wɔ bokiti mu; wɔde wɔn toto mfutuma a egu nsania so ho; ɔkari nsupɔw te sɛnea ɛyɛ mfutuma muhumuhu.
16 Lebanon is not enough to burn, nor its animals enough for a burnt offering. Lebanon nnɔɔso mma afɔremuka so gya, na ne mmoa renso mma ɔhyew afɔrebɔde.
17 All the nations are as nothing before him; they are regarded by him as less than nothing and emptiness. Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim; obu wɔn adehunu bi a wɔnka hwee.
18 To whom then will you liken our Father? Or what likeness will you compare to him? Afei hena ho na wode Onyankopɔn bɛtoto? Nsɛsode bɛn ho na wode no bɛto?
19 An idol! A craftsman casts it, and a goldsmith overlays it with gold and casts silver chains for it. Ohoni de, odwumfo na ɔyɛ, na sikadwumfo de sikakɔkɔɔ agu ho na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no.
20 Anyone too poor for such an offering chooses wood that will not rot; he seeks out a skillful craftsman to set up an idol that will not topple. Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛde yi mma no kɔhwehwɛ dua a ɛremporɔw. Ɔhwehwɛ odwumfo nyansafo na wayɛ ohoni a ɛremmunum nhwe fam asi hɔ.
21 Do you not know? Do you not hear? Has it not been told you from the beginning? Have you not understood from the foundations of the earth? Wunnim ana? Wontee ana? Wɔnnka nkyerɛɛ wo mfii mfiase no ana? Efi bere a wɔbɔɔ asase no, wontee ase ana?
22 He sits enthroned above the vault of the earth, its people below like grasshoppers; he spreads the skies like a thin veil, pitching them as a tent to live in. Ɔte ahengua so wɔ asase dantaban no atifi ɛso nnipa te sɛ tɛwtɛw ɔtwe ɔsoro mu te sɛ bamkyinii, na ɔtrɛw mu sɛ ntamadan tena mu.
23 He brings princes to nothing, and makes the rulers of the earth as emptiness. Ɔma ahemmea yɛ nnipahunu na wiase yi sodifo nso, ɔbrɛ wɔn ase.
24 They are barely planted, barely sown, their stem has barely taken root in the ground, when he blows on them and they wither, and the storm sweeps them away like chaff. Wɔtɛw wɔn ara pɛ, woduaa wɔn ara pɛ, wogyee ntin wɔ asase mu pɛ, na wahome agu wɔn so ama wɔakisa, na mframa abɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ.
25 "To whom then will you compare me, that I should be like him?" says the Holy One. “Hena ho na wode me bɛto? Anaasɛ hena na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ose.
26 Look up into the heavens and see: who created these? He who brings out their host by number, calling them all by name; because he is great in strength and mighty in power, not one is missing. Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro: Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa? Nea oyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako, na ɔbɔ obiara din frɛ no. Nʼahoɔden ne ne tumi nti wɔn mu baako mpo nyera.
27 Why do you say, Jacob, and complain, Israel, "My way is hidden from our Father, and my Father disregards my right"? Adɛn na wunwiinwii, Yakob, na woka se, Israel, “Mʼakwan ahintaw Awurade; na me Nyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”?
28 Have you not known? Have you not heard? Our Father is the everlasting Father, the Creator of the ends of the earth. He does not faint or grow weary; no one can fathom his understanding. Wunnim ana? Wontee ana? Awurade yɛ daapem Nyankopɔn, na ɔyɛ asase nyinaa yɛfo. Ɔremmrɛ na ɔrentɔ beraw, na ne nhumu nni nhwehwɛmu.
29 He gives power to the weary, and increases strength for the powerless. Ɔma nea watɔ beraw ahoɔden nea wayɛ mmerɛw nso, ɔto nʼahoɔden so.
30 Even youths will grow faint and weary, and young men will fall exhausted; Mpo, mmabun brɛ, na wɔtɔ beraw, na mmerante hintihintiw hwehwe ase;
31 but those who wait for our Father will renew their strength; they will soar on wings like eagles; they will run and not be weary; they will walk and not faint. Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so benya ahoɔden foforo. Wɔde ntaban sɛ akɔre de betu akɔ wim; wobetu mmirika, na wɔrentɔ beraw. Wɔbɛnantew, na wɔrentɔ piti.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]