Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 41 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Listen to me in silence, coastlands; let the peoples renew their strength. Let them come near and speak; let us together draw near for judgment. “Monyɛ komm wɔ mʼanim, mo nsupɔw! Ma aman no nhyɛ wɔn ho den! Ma wɔmmra ha mmɛkasa; momma yɛmmɔ mu nhyia wɔ asennii hɔ.
2 Who stirred up one from the east, calling him in righteousness to follow him? He hands nations over to him and subdues kings before him; he turns them to dust with his sword, to wind-driven stubble with his bow. “Hena na wakanyan nea ofi apuei no, afrɛ no trenee mu sɛ ɔmmɛsom no? Ɔde aman hyɛ ne nsa na ɔbrɛ ahemfo ase wɔ nʼanim. Ɔde nʼafoa ma wɔdan mfutuma, ɔde ne bɛmma ma wɔdan ntɛtɛ a mframa bɔ hwete.
3 He pursues them and passes on safely, by a path his feet have never traveled. Ɔtaa wɔn na ɔkɔ nʼanim a biribiara nti ne ho, wɔ kwan a ɔmfaa so da no so.
4 Who has performed and done this, calling the generations from the beginning? I am the Father—the first, and with the last; I am he. Hena na wayɛ eyi akosi awiei, afrɛ awo ntoatoaso afi mfiase? Me Awurade, meka adikanfo ne akyikafo ho, Mene ɔno ara.”
5 The coastlands have seen it and are afraid; the ends of the earth tremble; they draw near and come. Nsupɔw no ahu na wɔbɔ hu; nsase ano ho popo. Wotwiw bɛn, na wɔba anim;
6 Each one helps his neighbor and says to his brother, "Take courage!" na obiara boa ne yɔnko na ɔka kyerɛ ne nua se, “Yɛ den!”
7 The craftsman encourages the goldsmith, and the one who smooths with the hammer him who strikes the anvil, saying of the soldering, "It is good"; and they fasten it with nails so it cannot be moved. Odwumfo hyɛ sikadwumfo nkuran, na nea ɔde asae yɛ no trontrom boa nea ɔbɔ atommo so. Ɔka fa nea ɔsɔw no ho se, “Eye pa ara.” Ɔbobɔ ohoni no mu nnadewa sɛnea ɛrentu nhwe fam.
8 But you, Israel, my servant, Jacob, whom I have chosen, the offspring of Abraham, my friend, “Nanso wo, Israel, me somfo, Yakob, nea mayi no no, mo, mʼadamfo Abraham asefo.
9 you whom I took from the ends of the earth, and called from its farthest corners, saying to you, "You are my servant; I have chosen you and not rejected you". Mefaa wo fii nsase ano, fii nʼakyirikyiri ntwea so, na mefrɛɛ wo. Mekae se, ‘Woyɛ me somfo’; mapaw wo na mempoo wo ɛ.
10 "Fear not, for I am with you; do not be dismayed, for I am your Father. I will strengthen you, I will help you, I will uphold you with my righteous right hand. Enti nsuro, na mene wo wɔ hɔ; mma wo werɛ nhow, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo; mede me trenee nsa nifa bɛma wo so.
11 See, all who rage against you will be ashamed and disgraced; those who oppose you will be as nothing and perish. “Wɔn a wɔn bo afuw wo no nyinaa, ampa ara wɔn ani bewu na wɔn anim agu ase; wɔn a wɔsɔre tia wo no rensɛ hwee na wobewuwu.
12 You will look for those who war against you, but you will not find them; those who battle against you will be as nothing at all." Ɛwɔ mu sɛ wobɛhwehwɛ wʼatamfo de, nanso worenhu wɔn. Wɔn a wotu wo so sa no rensɛ hwee koraa.
13 For I, your Father, take hold of your right hand; I am the one who says to you, "Fear not, I am the one who helps you." Na mene Awurade, wo Nyankopɔn, nea okura wo nsa nifa mu na ɔka kyerɛ wo se, Nsuro; mɛboa wo.
14 Fear not, you worm Jacob, you men of Israel! I am the one who helps you, declares our Father; your Redeemer is the Holy One of Israel—your Father. Nsuro, osunson Yakob, Israel a wusua, na me ankasa mɛboa wo,” Awurade na ose, wo gyefo, Israel Ɔkronkronni no.
15 "See, I make you into a threshing sledge, new and sharp, with many teeth; you will thresh the mountains and crush them, and make the hills like chaff. “Hwɛ, mede wo bɛyɛ nhuwso apa, a ɛyɛ amono, ano yɛ nnam na ɛwɔ ɛse bebree. Wubehuhuw mmepɔw no so na woadwiriw wɔn, na woama nkoko ayɛ sɛ ntɛtɛ.
16 You will winnow them, and the wind will carry them away, and the storm will scatter them. But you will rejoice in our Father; in the Holy One of Israel you will glory. Wubehuhuw wɔn so, mframa bɛma wɔn so, na ahum abɔ wɔn akɔ. Nanso wʼani begye wɔ Awurade mu na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no anuonyam.
17 When the poor and needy seek water, and there is none, and their tongues are parched with thirst, I, your Father, will answer them; I, the Father of Israel, will not forsake them. “Ohiani ne mmɔborɔni kyin pɛ nsu, nanso bi nni hɔ; osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so ayow. Nanso me Awurade, mɛma wɔn mmuae. Me, Israel Nyankopɔn, merennyaw wɔn.
18 I will open rivers across the barren heights, and springs down in the valleys; I will make the desert pools of water, and dry ground flowing springs. Mɛma nsubɔnten ateɛ wɔ sorɔnsorɔmmea a awu no so, na nsuti apue wɔ abon mu. Mɛdan nweatam ayɛ no mmura, na nsase a awo adan nsuti bebree.
19 I will plant in the wilderness the cedar, the acacia, the myrtle, and the olive; I will set in the desert the cypress, the plane, and the pine together, Meduadua wɔ nweatam so, sida, ɔkanto, ohuam ne ngonnua. Meduadua ɔpepaw wɔ asase wosee so asɛsɛ ne kwabɔhɔre abɔ mu,
20 that they may see and know, may consider and understand together, that my hand has done this, that I, the Holy One of Israel, have created it." sɛnea nnipa behu na wɔate, na wɔasusuw ho na wɔate ase sɛ, Awurade nsa na ayɛ saa ade yi, Israel ɔkronkronni no na ɔma ɛbae.
21 Set forth your case, says our Father; bring your proofs, says the King of Jacob. “Bɔ wo nkuro,” Awurade na ose. “Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu,” Yakob Hene na ose.
22 Let them bring them, and tell us what is to happen. Tell us the former things, what they were, that we may consider them and know their outcome; or declare to us the things to come. “Fa wʼahoni no bra na wɔmmɛka nea ebesi nkyerɛ yɛn. Wɔmmɛka sɛnea na kan nneɛma no te nkyerɛ yɛn, sɛnea yebedwen ho afa na yɛahu nea ebefi mu aba. Anaasɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ebesi nkyerɛ yɛn.
23 Tell us what is to come hereafter, that we may know that you are gods; do good, or do harm, that we may be dismayed and filled with fear together. Monka yɛn nea ebesi daakye, na ama yɛahu sɛ moyɛ anyame. Monyɛ biribi, sɛ eye anaa enye, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn werɛ bɛhow na ehu aka yɛn.
24 Look, you are nothing, and your work is less than nothing; whoever chooses you is an abomination. Nanso, monnka hwee, na mo nnwuma so nni mfaso; nea ɔfa mo no yɛ akyiwade.
25 I stirred up one from the north, and he has come, from the rising of the sun one who calls on my name; he tramples rulers like mortar, like a potter treading clay. “Makanyan obi a ofi atifi fam na ɔreba, nea ofi owia apuei na ɔbɔ me din. Otiatia ahemfo so te sɛ dɔte a wɔde si dan, te sɛ ɔnwemfo a ɔrewɔw dɔte.
26 Who declared it from the beginning, that we might know, and beforehand, that we might say, "He is right"? There was no one who declared it, no one who proclaimed, no one who heard your words. Hena na ɔkaa eyi ho asɛm fii mfiase, sɛnea anka ɛbɛma yɛahu, anaa waka ato hɔ, sɛnea yebetumi aka se, ‘Ne de no ye’? Obiara anka eyi, obiara anni kan anka, obiara ante nsɛm biara amfi wo nkyɛn.
27 I was the first to say to Zion, "Look, here they are!" and I gave to Jerusalem a herald of good news. Me na midii kan ka kyerɛɛ Sion, ‘Hwɛ, woni!’ Memaa Yerusalem ɔsomafo a ɔde asɛmpa ba.
28 "But when I look, there is no one; among these there is no counselor who, when I ask, can give an answer. Mehwɛ, nanso obiara nni hɔ, obiara nni wɔn mu a obetu wɔn fo, sɛ mibisa wɔn a, obiara ntumi mma mmuae.
29 See, they are all a delusion; their works are nothing; their cast idols are empty wind." Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ atorofo! Wɔn nneyɛe nka hwee; wɔn nsɛsode yɛ mframa ne basabasayɛ nko ara.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]