Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 30 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 "Woe to the rebellious children," declares our Father, "who carry out a plan, but not mine, and who forge an alliance, but not of my Spirit, heaping sin upon sin; “Munnue mmofra asoɔdenfo,” sɛɛ na Awurade se, “Wɔn a wɔde nhyehyɛe a emfi me yɛ adwuma, na wɔyɛ apam a emfi me honhom mu, na wɔboaboa bɔne ano;
2 who set out to go down to Egypt, without asking for my counsel, to take refuge in the protection of Pharaoh and to seek shelter in the shadow of Egypt. wɔn a wɔkɔ Misraim a wommisa me ansa; wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ bammɔ fi Farao nkyɛn, wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ hintabea.
3 Therefore the protection of Pharaoh will become your shame, and the shelter in the shadow of Egypt your humiliation. Nanso Farao bammɔ bɛyɛ animguase ama mo, Misraim nwini de ahohora bɛbrɛ mo.
4 For though Pharaoh's officials are at Zoan and his envoys reach Hanes, Ɛwɔ mu, wɔwɔ adwumayɛfo wɔ Soan na wɔn ananmusifo adu Hanes de,
5 everyone comes to shame through a people that cannot help them, that brings no aid and no profit, but only shame and disgrace." nanso wɔn nyinaa anim begu ase nnipa bi a wɔn so nni wɔn mfaso nti, wɔmmfa mmoa anaa mfaso mma, na mmom animguase ne ahohora.”
6 "An oracle concerning the beasts of the Negev. Through a land of trouble and anguish, where the lioness and the lion prowl, and the viper and the darting serpent lurk, they carry their riches on the backs of donkeys and their treasures on the humps of camels, to a people who cannot help them. Adehunu a ɛfa Negeb mmoa ho: wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so, nea gyata ne gyatabere, nhurutoa ne awɔ a wɔn ho yɛ hare wɔ, ananmusifo no de wɔn ahonyade soa mfurum ne wɔn ademude wɔ yoma afu so, de kɔ saa ɔman a ne so nni mfaso no so,
7 Egypt's help is worthless and empty; therefore I call her "the Harmless Monster." de kɔ Misraim a ne mmoa so nni mfaso, enti mefrɛ no Rahab nea Onsi Hwee.
8 "Now go, write it before them on a tablet and inscribe it in a book, that it may be for the time to come, as a witness forever. Kɔ afei, kyerɛw wɔ kyerɛwpon so ma wɔn, kurukyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee so sɛnea nna a ɛreba no mu no ɛbɛyɛ adansede a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.
9 For they are a rebellious people, deceitful children, children unwilling to hear the instruction of our Father. Saa nnipa yi yɛ atuatewfo, mma asisifo, mma a wɔmpɛ sɛ wotie Awurade nkyerɛkyerɛ.
10 They say to the seers, "Do not see," and to the prophets, "Do not prophesy to us what is right; tell us pleasant things, prophesy illusions. Wɔka kyerɛ adehufo se, “Munhu mo ani so ade bio!” ne adiyifo no nso se, “Monnka anisoadehu a ɛyɛ nokware no nkyerɛ yɛn bio! Monka abodwosɛm nkyerɛ yɛn, monhyɛ nnaadaa nkɔm.
11 Leave the way, turn aside from the path, let us hear no more about the Holy One of Israel. Mumfi saa ɔtempɔn yi so, momman mfi saa ɔkwan yi ho na munnyae Israel Kronkronni a mode no haw yɛn yi!”
12 Therefore this is what the Holy One of Israel, our Father, says: Because you reject this word and trust in oppression and deceit and lean on them, Enti sɛɛ na Israel Ɔkronkronni no se: “Esiane sɛ moapo saa nkra yi, na mode mo ho ato nhyɛso ne nnaadaa so nti,
13 therefore this guilt will be to you like a breach about to fall, a bulge in a high wall, whose collapse comes suddenly, in an instant. saa bɔne yi bɛyɛ sɛ ɔfasu tenten bi a ahyɛ kam na akyea na ebu mpofirim, ama mo.
14 Its breaking is like the smashing of a potter's jar, shattered so ruthlessly that among its fragments not a shard is found to scoop fire from the hearth or to dip water from the cistern. Ebebubu nketenkete ayɛ sɛ kuku. Ɛbɛyam pasaa a, sin koraa renka a wobetumi de asɔ gya afi muka mu anaa wɔde bɛsaw nsu afi ahina mu.”
15 For this is what the Sovereign Father, the Holy One of Israel, said: In returning and rest you will be saved; in quietness and trust will be your strength. But you were unwilling, Sɛɛ na Otumfo Awurade, Israel Kronkronni no se: “Ahonu mu ne ntoboase mu na mo nkwagye wɔ kommyɛ ne ahotoso mu na mo ahoɔden wɔ, nanso, morennya mu biara.
16 and you said, "No! We will flee on horses"—therefore you will flee; and, "We will ride on swift steeds"—therefore your pursuers will be swift. Mokaa se, ‘Dabi da, yɛbɛtena apɔnkɔ so aguan.’ Enti mubeguan! Mokaa se, ‘yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare so akɔ.’ Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ hare!
17 1,000 will flee at the threat of one; at the threat of five you will flee, till you are left like a flagstaff on a mountaintop, like a signal on a hill. Apem beguan ɔbaako ho hu nti; baanum ho hu nti mo nyinaa beguan akɔ, akosi sɛ wobegyaw mo te sɛ frankaa dua a esi bepɔw atifi, te sɛ frankaa a esi koko so.”
18 Therefore our Father waits to be gracious to you, and therefore he rises to show you mercy. For he is a Father of justice; blessed are all who wait for him. Nanso Awurade pɛ sɛ ɔdom mo; ɔma ne ho so, kyerɛ wo nʼahummɔbɔ. Efisɛ Awurade yɛ ɔtreneeni Nyankopɔn. Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!
19 A people will live in Zion, in Jerusalem; you will weep no more. At the sound of your cry he will surely be gracious; when he hears, he answers you. Sionfo a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. Sɛ musu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! Sɛ ɔte a obegye mo so prɛko pɛ.
20 Though our Father gives you the bread of adversity and water of suffering, your Teacher will no longer hide, but your eyes will see your Teacher. Ɛwɔ mu, Awurade brɛ mo amanehunu sɛ aduan ne ɔhaw sɛ nsu de, nanso, afei mubehu Awurade, mo kyerɛkyerɛfo no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan.
21 Your ears will hear a word behind you: "This is the way; walk in it," when you turn right or left. Sɛ mofa nifa anaa benkum a, mobɛte nne bi wɔ mo akyi a ɛka se, “Ɔkwan no ni na momfa so.”
22 Then you will desecrate your silver-plated carved images and gold-plated metal idols. You will throw them away like a menstrual cloth and say, "Get out!" Afei mobɛtow mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsode a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛtow wɔn agu sɛ ntamagow fi, na moaka kyerɛ wɔn se, “Mumfi yɛn so nkɔ.”
23 He will send rain for the seed you sow, and bread from the land's produce, rich and plentiful. That day your livestock will graze in broad pastures. Afei ɔde osu behyira mo bere a mudua nnuaba, na aduan a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Da no, mo anantwi bedidi wɔ adidibea a ɛtrɛw so.
24 The oxen and donkeys that work the ground will eat seasoned fodder, winnowed with shovel and fork. Mo anantwi ne mo mfurum a wofuntum asase no bɛwe atoko pa ne ne ntɛtɛ a, wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛw mu.
25 On every high mountain and hill will run streams of water, on the day of the great slaughter when the towers fall. Saa okum kɛse da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛteɛ wɔ bepɔw tenten ne koko a ɛkorɔn biara so.
26 The moon's light will be like the sun's, and the sun's light seven times brighter, like the light of seven days, when our Father binds up his people's brokenness and heals the wound he inflicted. Ɔsram bɛhyerɛn sɛ owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mpɛn ason, te sɛ nnafua ason mu hyerɛn, bere a Awurade kyekyere ne nkurɔfo akuru na ɔsa apirakuru a ɔde ama wɔn no.
27 Look—the name of our Father comes from afar, burning with his anger, in thick rising smoke; his lips are full of fury, and his tongue is like a devouring fire. Hwɛ! Awurade fi akyirikyiri reba, ɔde abufuwhyew ne wusiw kumɔnn; abufuw ahyɛ nʼanom ma, na ne tɛkrɛma yɛ ogya a ɛhyew nneɛma.
28 His breath is like an overflowing torrent that reaches up to the neck, to sift the nations in the sieve of destruction and to put a bridle on the jaws of the peoples that leads them astray. Ne home te sɛ asuworoe a ɛsen ntɛmntɛm, na ɛforo kɔdeda kɔn mu. Ɔwosow aman no wɔ ɔsɛe sɔnee so; ɔde nnareka a ɛma wɔfom kwan hyehyɛ nnipa no nnyepi.
29 You will have a song, as in the night when a holy feast is kept, and gladness of heart, as when one marches to the sound of the flute to go to the mountain of our Father, to the Rock of Israel. Na mobɛto dwom te sɛ anadwo a mudi afahyɛ kronkron no; mo koma bedi ahurusi te sɛ bere a nnipa de atɛntɛbɛn foro kɔ Awurade bepɔw no so, kɔ Israel Ɔbotan no nkyɛn.
30 And our Father will make his majestic voice heard and reveal the descending blow of his arm, in furious anger and a flame of devouring fire, with cloudburst and storm and hailstones. Awurade bɛma nnipa ate nʼabrɛmpɔnnne na ɔbɛma wɔahu ne basa a ɛresian na ɛde abufuwhyew ne ogya a ɛhyew nneɛma osu dennen, aprannaa ne mparuwbo reba.
31 For at the voice of our Father the Assyrians will be shattered, when he strikes them with his rod. Awurade nne bɛhwe Asiria; ɔde nʼabaa bɛbɔ wɔn ahwe fam.
32 And every stroke of the punishing rod that our Father lays on them will come with tambourines and lyres, as he fights against them with the blows of his brandished arm. Ɔbɛbɔ wɔn wɔ ɔko mu, na bere biara a ɔbɛbɔ wɔn no ɛbɛyɛ sɛ akasae ne sankuten so nnwonto koro.
33 For a burning place has long been prepared; indeed, it is made ready for the king, its pyre deep and wide, with fire and wood in abundance; the breath of our Father, like a stream of sulfur, sets it ablaze. Wɔasiesie Topet dedaada; wɔayɛ no krado ama ɔhene no. Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebree wɔ ne gya amoa no a emu dɔ na ɛtrɛw no mu; Awurade home te sɛ sufre asuten no bɛsɔ mu gya.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]