Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 29 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Woe to Ariel, Ariel, the city where David encamped! Add year to year; let the feasts keep coming round. Due wo Ariel, Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu! Fa afe ka afe ho na ma wo mfirihyia mu afahyɛ ahorow no nkɔ so.
2 Yet I will press hard on Ariel, and there will be mourning and lament; she will become to me like an altar hearth. Nanso metua Ariel ano; obedi awerɛhow na wato kwadwom, ɔbɛyɛ sɛ afɔremuka so gya.
3 I will encamp against you all around; I will besiege you with a wall and raise up siegeworks against you. Mede dɔm betwa wo ho ahyia; mesisi abantenten atwa wo ho ahyia na madi ntuano dwuma atia wo.
4 You will be brought low; from the ground you will speak, and your words will be muffled in the dust. Your voice will come from the earth like a ghost's, and your speech will whisper out of the dust. Wɔasie wo no, wobɛkasa afi asase mu; wo kasa a mu ntew no befi mfutuma mu aba. Wo nne befi asase no mu aba te sɛ ɔsaman de; wo kasa befi mfutuma mu aka asomsɛm.
5 But the horde of your enemies will become like fine dust, and the horde of the ruthless like blowing chaff. And it will happen in an instant, suddenly. Nanso wʼatamfo bebrebe no bɛyɛ sɛ mfutuma muhumuhu, na atirimɔdenfo bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ. Ɛbɛba prɛko pɛ, amono mu hɔ ara.
6 You will be visited by the Father of heaven's armies with thunder and earthquake and a great roar, with whirlwind and storm and the flame of a devouring fire. Asafo Awurade bɛba. Ɔde aprannaa ne asasewosow ne huuyɛ kɛse, mframahweam ne ahum ne ogyaframa a ɛhyew ade bɛba.
7 And the horde of all the nations that wage war against Ariel, all who fight against her and her stronghold and press hard on her, will be like a dream, a vision of the night. Afei amanaman bebrebe a wotu Ariel so sa nyinaa, wɔn a wɔtow hyɛ ɔne nʼaban so na wotua nʼano no, ɛbɛyɛ wɔn sɛ adaeso, anaa anadwo mu anisoadehu.
8 It will be as when a hungry man dreams he is eating, and wakes with his hunger unsatisfied; or as when a thirsty man dreams he is drinking, and wakes faint, his thirst unquenched. So will it be with the horde of all the nations that fight against Mount Zion. Sɛnea obi a ɔkɔm de no so dae sɛ ɔredidi, na sɛ onyan a ɔte sɛ ɔkɔm de no no; sɛnea obi a osukɔm de no so dae sɛ ɔrenom nsu, nanso onyan a na watɔ beraw, na osukɔm de no ara no. Saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodow a wɔko tia Bepɔw Sion no.
9 Be dumbfounded and stunned; blind yourselves and be blind! They are drunk, but not with wine; they stagger, but not from strong drink. Mo ho nnwiriw mo na ɛnyɛ mo nwonwa, mo ani mfura a munhu ade; mommobow a emfi nsa, montotɔ ntintan a emfi bobesa.
10 For our Father has poured out on you a spirit of deep sleep; he has shut your eyes, the prophets, and covered your heads, the seers. Awurade de nnahɔɔ ato mo so: Wakata mo ani (adiyifo no); wakata mo ti so (adehufo no).
11 The whole vision is to you like words of a sealed scroll. When they give it to one who can read, saying, "Read this, please," he says, "I can't; it's sealed." Mo de, saa anisoadehu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔw ano wɔ nhoma mmobɔwee mu. Sɛ mode nhoma mmobɔwee no ma obi a, otumi kenkan, na moka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo kenkan eyi” a, obebua se, “Merentumi, efisɛ wɔasɔw ano.”
12 When the scroll is given to one who cannot read, saying, "Read this," he says, "I can't read." Sɛ nso, mode nhoma mmobɔwee no ma nea onnim akenkan, na moka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo kenkan eyi” a, obebua se, “Minnim akenkan.”
13 The Sovereign Father said: "Because this people comes near with its mouth and honors me with its lips, but its heart is far from me; their fear of me is a rule taught by men, Awurade ka se, “Saa nnipa yi de anohunu twiw bɛn me na wɔde wɔn anofafa hyɛ me anuonyam, nanso wɔn koma mmɛn me. Som a wɔsom me no yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara.
14 therefore, look, I will again do wonders with this people, wonder upon wonder; the wisdom of their wise men will perish, and the understanding of their discerning ones will vanish." Enti mɛma nnipa yi ho adwiriw wɔn bio mede anwonwade ntoatoaso bɛyɛ; mɛsɛe anyansafo nyansa, na mɛma nimdefo adenim ayɛ ɔkwa.”
15 Woe to those who go deep to hide their plans from our Father, whose deeds are done in the dark, who say, "Who sees us? Who knows us?" Wonnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ wɔde wɔn atirimpɔw behintaw Awurade, wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wosusuw sɛ, “Hena na ohu yɛn? Hena na ɔbɛte ase?”
16 How you twist everything around! Should the potter be treated like his clay—as if the thing made could tell its maker, "He didn't make me," or the thing shaped could tell the one who formed it, "He knows nothing"? Musisi nneɛma ti ase, sɛnea modwene sɛ ɔnwemfo te sɛ dɔte no! Nea wayɛ betumi aka akyerɛ nea ɔyɛe no se, “Ɛnyɛ wo na woyɛɛ me ana”? Kuku betumi aka afa ɔnwemfo ho se “Onnim hwee ana”?
17 Is it not just a little while before Lebanon will be turned into a fruitful field, and the fruitful field counted as a forest? Ɛrenkyɛ koraa, wɔrennan Lebanon nyɛ no asasebere na asasebere no nso nyɛ sɛ kwae ana?
18 On that day the deaf will hear the words of a scroll, and out of gloom and darkness the eyes of the blind will see. Saa da no, ɔsotifo bɛte nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu na kusuuyɛ ne esum mu mpo onifuraefo ani behu ade.
19 The humble will find fresh joy in our Father, and the poor among mankind will rejoice in the Holy One of Israel, our Father. Ahobrɛasefo bedi ahurusi wɔ Awurade mu bio; ahiafo ho bɛsɛpɛw wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu.
20 For the ruthless will be no more and the scoffer will be finished; all who are bent on evil will be cut off, Atutuwpɛfo bɛyera, wɔrenhu fɛwdifo bio, na wɔn a wodwen bɔne nyinaa, wobetwa wɔn agu,
21 those who with a word make a man out to be a sinner, who lay a snare for the one who defends justice at the gate, and with empty arguments turn aside the one in the right. wɔn a wɔka asɛm baako ma obi di fɔ, wɔn a wosum nea ɔreyi ne ho ano afiri wɔ asennii na wodi adansekurum ma wobu nea odi bem no fɔ no nso wobetwa wɔn agu.
22 Therefore this is what our Father says, who redeemed Abraham, concerning the house of Jacob: "No longer will Jacob be ashamed, no longer will his face grow pale. Enti sɛɛ na Awurade a ogyee Abraham nkwa no ka kyerɛ Yakob fifo: “Yakob anim rengu ase bio; wɔn anim rehoa bio.
23 For when he sees his children, the work of my hands among them, they will keep my name holy; they will keep holy the Holy One of Jacob and stand in awe of our Father. Sɛ wohu wɔn mma wɔ wɔn mu, wɔn a wɔyɛ me nsa ano adwuma no a wɔbɛyɛ me din no kronkron; wobegye Yakob ɔkronkronni no kronkronyɛ ato mu, na wɔde fɛre agyina Israel Nyankopɔn no anim.
24 Those who wander in spirit will come to understanding, and those who grumble will accept instruction." Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu benya ntease; wɔn a wonwiinwii nso begye nkyerɛkyerɛ ato mu.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]