Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 28 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Woe to the proud crown of the drunkards of Ephraim, and to the fading flower of its glorious beauty, which sits on the head of the lush valley of those overcome with wine! Nnome nka nhwiren abotiri a ɛyɛ Efraim asabowfo ahohoahoade no nhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho wɔ nyam, a ɛda asasebere bon so. Nnome nka kuropɔn no, nea nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no.
2 Look, the Sovereign Father has one who is mighty and strong; like a hailstorm, a destroying tempest, like a storm of mighty, overflowing waters, he will hurl it down to the earth with his hand. Hwɛ, Awurade wɔ obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden. Ɔte sɛ mparuwbo ne mframa a ɛsɛe ade ɔte sɛ osu a ɛne mframa nam, ne osuhweam a ɛhyɛ suka ma ɔbɛtow no ahwe fam ahoɔden so.
3 The proud crown of the drunkards of Ephraim will be trampled underfoot. Saa nhwiren abotiri no a ɛyɛ Efraim asabowfo ahohoahoade no, wobetiatia so.
4 And the fading flower of its glorious beauty, which sits on the head of the lush valley, will be like a first-ripe fig before summer—whoever sees it swallows it as soon as it is in his hand. Saa nhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho wɔ nyam, a ɛda asasebere bon so no, bɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwabere adu, sɛ obi hu na ɔte a odi no ntɛm so.
5 In that day the Father of heaven's armies will be a crown of glory and a diadem of beauty to the remnant of his people, Saa da no Asafo Awurade bɛyɛ Anuonyam ahenkyɛw, nhwiren abotiri fɛfɛ ama ne nkurɔfo nkae no.
6 and a spirit of justice to the one who sits in judgment, and strength to those who turn back the battle at the gate. Ɔbɛyɛ atɛntrenee honhom ama otemmufo a ɔte agua mu. Ɔbɛyɛ ahoɔden farebae ama wɔn a wɔpam atamfo wɔ nkurow apon ano.
7 These also reel with wine and stagger with strong drink: the priest and the prophet reel with strong drink, they are confused by wine, they stagger with strong drink, they reel when they see visions, they stumble in giving their rulings. Na eyinom nso nsa ma wɔtɔ ntintan na bobesa ma wohinhim; bobesa ma asɔfo ne adiyifo tɔ ntintan na nsa ma wɔn ani so yɛ wɔn totɔtotɔ; na wohinhim wɔtɔ ntintan bere a wɔrenya anisoadehu, na wɔn ano fomfom wɔ adwenkyerɛ mu.
8 For all the tables are covered with filthy vomit, with no clean place left. Ɔfe agugu apon nyinaa so, na baabiara ayɛ fi.
9 "Whom will he teach knowledge, and to whom will he explain the message? Those just weaned from milk, those just taken from the breast? “Hena na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ no? Na hena nso na ɔrekyerɛ nʼasɛm ase akyerɛ no? Mmofra a wɔatwa wɔn nufu, wɔn a wotwaa wɔn nufu nkyɛe no ana?
10 For it is order on order, order on order, line on line, line on line, a little here, a little there." Na ɛyɛ: Yɛ eyi, anaa eyi mmara foforo akyi mmara; ɛha kakra, ɛhɔ kakra.”
11 Indeed, by people of strange lips and a foreign tongue he will speak to this people, Eye, na afei ananafo ano ne kasa foforo na Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfo yi,
12 to whom he had said, "This is the rest; give rest to the weary; this is the resting place"—yet they were not willing to listen. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ha ne ahomegyebea no, momma abrɛfo no nhome; ahodwobea nso ni,” nanso wɔantie no.
13 So the word of our Father will be to them rule on rule, rule on rule, line on line, line on line, a little here, a little there, that they may go and stumble backward, and be broken, and snared, and captured. Enti afei wɔbɛfa Awurade asɛm a ɔde ma wɔn no sɛ: Yɛ eyi anaa eyi, mmara foforo akyi mmara; ha kakra, hɔ kakra, sɛnea wɔrekɔ no ɛbɛma wɔapini wɔn akyi; wobepirapira, na wɔatɔ afiri mu, na wɔakyere wɔn.
14 Therefore hear the word of our Father, you scoffers who rule this people in Jerusalem! Ɛno nti, muntie Awurade asɛm, mo fɛwdifo a mudi saa nkurɔfo yi so wɔ Yerusalem.
15 Because you have said, "We have struck a covenant with death, and with the grave we have made an agreement; when the overwhelming flood passes through, it will not reach us, for we have made lies our refuge and hidden ourselves in falsehood", Mohoahoa mo ho se, “Yɛne owu ayɛ apam, yɛne ɔda ayɛ nhyehyɛe sɛ asotwe a ano yɛ den ba a, ɛrentumi nka yɛn, efisɛ yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbea ne nnaadaa ayɛ yɛn hintabea.”
16 therefore this is what the Sovereign Father says: "Look, I am laying in Zion a stone, a tested stone, a precious cornerstone, a sure foundation: the one who believes will not panic. Enti nea Otumfo Awurade se ni, “Hwɛ! Mede ɔbo bi retim Sion, ɔbo a wɔasɔ ahwɛ, tweatibo a ɛsom bo ama fapem a ɛyɛ den; nea ɔde ne ho to so no remmɔ hu.
17 And I will make justice the measuring line and righteousness the plumb line; hail will sweep away the refuge of lies, and waters will flood the hiding place. Mede atɛntrenee bɛyɛ susuhama na treneeyɛ ayɛ ɔfasu kirebennyɛ susuhama mparuwbo bɛsɛe wo guankɔbea a ɛyɛ atoro no, na nsu abɛkata wo hintabea hɔ.
18 Then your covenant with death will be wiped out, and your agreement with the grave will not stand; when the overwhelming flood passes through, you will be trampled down by it. Wobetwa apam a wo ne owu ayɛ no mu; nhyehyɛe a wo ne ɔda ayɛ no nso rennyina sɛ asotwe a ano yɛ den no ba a, ebetwiw afa mo so.
19 As often as it passes through, it will seize you; for morning by morning it will pass through, by day and by night, and it will be sheer terror just to take in the news." Mpɛn dodow biara a ɛbɛba no ɛbɛsoa mo akɔ; anɔpa, awia ne anadwo biara, ɛbɛfa mu akɔ.” Saa nkra yi ntease de ehu bɛba.
20 For the bed is too short to stretch out on, and the blanket too narrow to wrap up in. Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔteɛ wɔn mu wɔ so, kuntu no yɛ hiahiaa sɛ ɛbɛso wɔn ho kata.
21 For our Father will rise up as he did at Mount Perazim, he will be stirred as in the Valley of Gibeon, to do his work—strange is his work!—and to perform his task—foreign is his task! Awurade bɛsɔre sɛnea ɔsɔree wɔ Perasim bepɔw so no, ɔbɛkanyan ne ho sɛnea ɔyɛɛ wɔ Gibeon Bon mu, yɛɛ nʼadwuma, nʼadwuma nwonwaso no dii ne dwuma, dwumadi a bi mmaa da.
22 Now therefore do not scoff, or your chains will grow tighter; for I have heard a decree of destruction from the Father of heaven's armies, against the whole land. Afei gyae wo fɛwdi no, anyɛ saa a wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru; Awurade, Asafo Awurade aka akyerɛ me ɔsɛe ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa.
23 Listen and hear my voice; pay attention and hear my words. Muntie na monte me nne; monwɛn mo aso na muntie nea meka.
24 Does the farmer plow all day to plant? Does he keep breaking up and tilling his ground? Sɛ okuafo funtum asase sɛ ɔrebedua so a, ɔyɛ no daa ana? Ɔkɔ so tutu, fɛntɛm asase no ana?
25 When he has leveled its surface, does he not scatter dill and sow cumin, and plant wheat in rows and barley in its plot, and spelt along the border? Sɛ osiesie asase no ani a, onnua ɛme, na ɔmpete ntɛtɛ wɔ so ana? Onnua awi ne atoko mu biara wɔ nʼafa ana?
26 His Father instructs him rightly; his Father teaches him. Ne Nyankopɔn ma no akwankyerɛ na ɔkyerɛ no ɔkwan pa.
27 Dill is not threshed with a sledge, nor is a cart wheel rolled over cumin; but dill is beaten out with a stick, and cumin with a rod. Wɔmfa asae mpo ɛme ho, wɔmfa teaseɛnam hankare mfa ntɛtɛ so; wɔde pema na ɛboro ɛme, na wɔde abaa aboro ntɛtɛ.
28 Grain for bread must be crushed, but he does not thresh it forever; he drives his cart wheel and horses over it, yet does not crush it to powder. Wɔyam aburow de to brodo nti obi nkɔ so nyam a onnwie da. Ɛwɔ mu, ɔde nʼawiporowee teaseɛnam hankare fa so de, nanso ɛnyɛ nʼapɔnkɔ na wɔyam.
29 This too comes from the Father of heaven's armies; he is wonderful in counsel and magnificent in wisdom. Eyinom nyinaa fi Asafo Awurade, afotu mu nwonwani, na ne nyansa boro so.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]