Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Isaiah 23 OAKCB

Side by side with the Father's Heart Bible™

Nkɔmhyɛ A Ɛfa Tiro Ho

1Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho:Tarsis ahyɛn, muntwa adwo!Efisɛ wɔasɛe Tirona wɔannyaw no ofi anaa hyɛngyinabea.Wufi Kipro asase soabɛka asɛm akyerɛ wɔn.

2Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔw no sone mo Sidon aguadifo apo so adwumayɛfo ama mo ayɛ adefo.

3Nsu akɛse no sona aduan fi Sihor nam bae;Nil ho nnɔbae na ɛyɛɛ Tiro foto,na ɔbɛyɛɛ amanaman aguadibea.

4Animguase nka wo, Sidon, ne wo, po so abandennen,efisɛ po akasa se,“Menkyemee da, na menwoo da;mentetew mmabarima anaa mmabea da.”

5Sɛ asɛm no du Misraim a,wobedi yaw wɔ nkra a efi Tiro no ho.

6Muntwa nkɔ Tarsis;muntwa adwo, mo a mowɔ supɔw no so.

7Eyi ne mo ahosɛpɛw kuropɔn no,teteete kuropɔn no,nea wɔatu akɔtenaakyirikyiri nsase so no ana?

8Hena na ɔbɔɔ atirimpɔw yi de tiaa Tiro,nea ɔkyekyɛ ahenkyɛw,nea nʼaguadifo yɛ ahenemma,na nʼadetɔnfo agye din wɔ asase so?

9Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔw se,ɔbɛbrɛ anuonyam mu ahomaso asena wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase.

10Yɛ wʼasase so adwuma te sɛnea wɔyɛ wɔ Nil ho noTarsis Babea,efisɛ wunni hyɛngyinabea bio.

11Awurade ama ne nsa so wɔ po no soama ahenni ahorow a ɛwɔ hɔ no repopo.Wahyɛ Kanaan ho mmara se,wɔnsɛe nʼaban.

12Ɔkae se, “Wʼahurisidi no nso ha ara,Sidon Babea Ɔbabun a wɔadwerɛw wo!“Sɔre, twa kɔ Kipro;hɔ mpo worennya ahotɔ.”

13Monhwɛ Babiloniafo asase nosaa nnipa a mprempren wɔnka hwee no!Asiriafo ayɛ nobaabi a nweatam so mmoa te;wosisii wɔn anotua aban bebree,wodwiriw nʼaban guima ɛdan nnwiriwii.

14Muntwa adwo, Tarsis ahyɛn;wɔasɛe wʼaban!

15Saa bere no wɔrenkae Tiro mfe aduɔson a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfe aduɔson akyi no, nea ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛnea ɛwɔ oguamanfo no dwom mu no:

16“Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu,oguamanfo a wɔnnkae wo;bɔ sankuten no yiye, to nnwom bebree,sɛnea wɔbɛkae wo.”

17Mfe aduɔson akyi, Awurade ne Tiro bedi. Ɔbɛsan akodi ne paa sɛ oguamanfo na ɔne ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa adi gua. 18Nanso nea obenya ne ne mfaso nyinaa wɔde bɛto hɔ ama Awurade; wɔremmoaboa ano na wɔremfa nsie. Ne mfaso no bɛkɔ wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no nkyɛn, na wɔanya aduan bebree ne ntade pa.

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]