Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Genesis 49 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Jacob called his sons and said, "Gather, so I can tell you what will happen to you in the days ahead. Yakob frɛɛ ne mmabarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Mummetwa me ho nhyia, na menka mo nea ɛbɛba mo so daakye.
2 Assemble and listen, sons of Jacob; listen to Israel your father. “Yakob mmabarima, mommoaboa mo ho ano, na muntie; muntie mo agya Israel.
3 Reuben, you are my firstborn, my might and the firstfruits of my strength, excelling in dignity and excelling in power. “Ruben, wo na woyɛ mʼabakan. Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnne a edi kan a ɛboro anuonyam ne tumi so.
4 Unstable as water, you will not excel, because you went up to your father's bed; then you defiled it—he went up to my couch. Woyɛ kitikiti sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio, efisɛ woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdae, de guu mʼanim ase.
5 Simeon and Levi are brothers; weapons of violence are their swords. “Simeon ne Lewi yɛ anuanom. Wogyina hɔ ma basabasayɛ ne asisi.
6 May I never enter their council; may my honor not be joined to their assembly. For in their anger they killed men, and in their willfulness they hamstrung oxen. Mma me nkɔka wɔn agyinatu ho, efisɛ wɔnam wɔn abufuw so akunkum nnipa, na wokunkum anantwi de gyee wɔn ani.
7 Cursed be their anger, for it is fierce, and their wrath, for it is cruel! I will divide them throughout Jacob and scatter them throughout Israel. Nnome nka wɔn abufuw, efisɛ ano yɛ den, na ɛyɛ atirimɔdensɛm! Ɛno nti, mɛbɔ wɔn asefo ahwete Israelman mu nyinaa.
8 Judah, your brothers will praise you; your hand will be on the neck of your enemies; your father's sons will bow down before you. “Yuda, wo nuabarimanom beyi wo ayɛ. Wobɛsɛe wʼatamfo nyinaa. Wʼagya mmabarima bɛkotow wo.
9 Judah is a lion's cub; from the prey, my son, you have come back. He stooped down; he crouched as a lion and as a lioness—who dares rouse him? Yuda, woyɛ gyata ba a woawe wʼatamfo nam awie. Wote sɛ gyata a wabutuw. Hena na obetumi akɔka no?
10 The scepter will not depart from Judah, nor the ruler's staff from between his feet, until he comes to whom it belongs, and to him will be the obedience of the peoples. Ahempema remfi Yuda nsam, na saa ara nso na ahempema remfi nʼanan ntam, kosi sɛ, nea ɛyɛ ne dea a aman nyinaa betie no no bɛba.
11 Binding his foal to the vine and his donkey's colt to the choice vine, he has washed his garments in wine and his robes in the blood of grapes. Ɔbɛsa nʼafurum wɔ bobe dua mu. Ɔde nʼafurum ba bɛsa bobe pa mman mu. Ɔbɛhoro ne ntama wɔ nsa mu, na wahoro nʼatade nso wɔ bobesa kɔɔ mu.
12 His eyes are darker than wine, and his teeth whiter than milk. Nʼaniwa aba bebiri asen bobesa. Ne se bɛyɛ fitaa asen nufusu.
13 Zebulun will dwell at the shore of the sea; he will become a haven for ships, and his border will be at Sidon. “Sebulon bɛtena mpoano. Obesisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn. Nʼahye so bɛtrɛw akosi Sidon.
14 Issachar is a strong donkey, crouching between the sheepfolds. “Isakar yɛ afurum hoɔdenfo a obutuw hɔ rehome wɔ nguankuw mu.
15 He saw that a resting place was good and that the land was pleasant, so he bent his shoulder to the load and became a servant at forced labor. Sɛ ohu sɛnea nʼahomegyebea ye fa, ne sɛnea nʼasase no so dwo a, obekuntun agye adesoa, na wapene so sɛ akoa ama ɔhyɛ adwuma.
16 Dan will judge his people as one of the tribes of Israel. “Dan bebu ne manfo atɛn sɛ Israel mmusuakuw no baako.
17 Dan will be a serpent in the road, a viper by the path, that bites the horse's heels so that his rider falls backward. Dan bɛyɛ sɛ ɔwɔ a ɔda kwankyɛn; ɔbɛyɛ sɛ ahurutoa a ɔnam ɔtempɔn mu a ɔka ɔpɔnkɔ nantin, sɛnea ɛbɛma ne sotefo atew ahwe nʼakyi.
18 I wait for your salvation, my Father. “Awurade, wo nkwagye na meretwɛn.
19 Gad—raiders will raid him, but he will raid at their heels. “Nnipa bɔnefo bɛtow ahyɛ Gad so, na ɔno nso betiw wɔn atow ahyɛ wɔn so.
20 Asher's food will be rich, and he will yield royal delicacies. “Aser aduan a odi no bɛyɛ aduan pa. Na ɔbɛma ahennuan a ɛyɛ akɔnnɔ.
21 Naphtali is a doe let loose that bears beautiful fawns. “Naftali te sɛ ɔforote a wɔagyaa no a ɔwo mma ahoɔfɛfo.
22 Joseph is a fruitful branch, a fruitful branch by a spring; his branches run over the wall. “Yosef yɛ ngodua a ɛsow aba, a esi asuten ho, na ne mman tra afasu.
23 The archers bitterly attacked him, shot at him, and harassed him severely. Agyantowfo kaa no hyɛe, de abufuw tow hyɛɛ ne so.
24 Yet his bow remained unmoved; his arms were made agile by the hands of the Mighty One of Jacob—our Father—from there comes the Shepherd, the Stone of Israel. Nanso ne bɛma no gyinaa pintinn, na ne basa mu yɛɛ den; esiane Otumfo Nyankopɔn a Yakob som no no a ɔyɛ oguanhwɛfo ne Israel botantim no;
25 By the God of your father who will help you, by El Shaddai—the Almighty, our Father—who will bless you with blessings of heaven above, blessings of the deep that crouches beneath, blessings of the breasts and of the womb. esiane Onyankopɔn a wʼagya som no a ɔboa wo no; Otumfo a ɔde ɔsoro nhyira behyira wo; nhyira a efi asase ase pɛɛ; nhyira a efi nufu ne ɔyafunu mu no.
26 The blessings of your father are mighty beyond the blessings of my ancestors, reaching to the riches of the everlasting hills. May they be on the head of Joseph, and on the brow of him who was set apart from his brothers. Wʼagya nhyira a wɔahyira no no bɛdɔɔso asen tete nteredee mmepɔw ne nkoko a etintim hɔ daa no so nnɔbae. Eyinom nyinaa mmra Yosef ti so, engugu anuanom no mu nea wɔapaw no no anintɔn so.
27 Benjamin is a ravenous wolf, in the morning devouring the prey and at evening dividing the spoil." “Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam; ɔbɔ aporɔw anɔpa, kyere ne hanam we, na edu anwummere a, ɔkyekyɛ nam nkae no.”
28 All these are the twelve tribes of Israel; this is what their father said as he blessed them, each with the blessing fitting him. Eyi ne nhyira a Israel mmusuakuw dumien no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛnea ɛfata no.
29 He commanded them: "I am being gathered to my people. Bury me with my fathers in the cave in Ephron the Hittite's field, Yakob rebewu no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn se, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanyimfo ho. Sɛ miwu a, munsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuw a wosiee me mpanyimfo wɔ mu no mu.
30 in the cave in the field at Machpelah, east of Mamre in Canaan, which Abraham bought along with the field from Ephron the Hittite as a burial place. Ɛno ne ɔboda ne afuw a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no fii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusiei.
31 There they buried Abraham and Sarah his wife; there they buried Isaac and Rebekah his wife; and there I buried Leah, Saa ɔboda no mu na wosiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wosiee Isak ne ne yere Rebeka, na misiee Lea nso.
32 the field and the cave that is in it were bought from the Hittites. Me nena Abraham tɔɔ afuw no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa fii Hetifo no nkyɛn.”
33 Jacob finished commanding his sons, drew his feet into the bed, breathed his last, and was gathered to his people." Bere a Yakob kasa kyerɛɛ ne mma no wiee no, ɔmaa ne nan so guu ne mpa so wui. Wokosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]