Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Genesis 48 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 After this, Joseph was told, "Look, your father is sick." So he took his two sons, Manasseh and Ephraim. Mmere bi akyi no, wɔka kyerɛɛ Yosef se, “Wʼagya yare.” Enti Yosef faa ne mmabarima baanu, Efraim ne Manase kaa ne ho kɔsraa no.
2 Jacob was told, "Look, your son Joseph has come to you." Israel mustered his strength and sat up on the bed. Bere a wɔbɔɔ Yakob amanneɛ se, “Wo ba Yosef aba wo nkyɛn rebɛsra wo” no, Yakob miaa nʼani sɔre tenaa ne mpa so.
3 Jacob told Joseph, "El Shaddai—our Father Almighty—appeared to me at Luz in the land of Canaan and blessed me. Yakob ka kyerɛɛ Yosef se, “Otumfo Nyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ Lus a ɛwɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ na ohyiraa me,
4 He said to me, 'I will make you fruitful, multiply you, and make you into a group of peoples; I will give this land to your offspring after you as an everlasting possession.' ka kyerɛɛ me se, ‘Mɛma woawo, ama wʼase afɛe. Mɛma wʼasefo ayɛ ɔman kɛse. Mede saa asase yi bɛma wʼasefo afebɔɔ sɛ wɔn agyapade.’
5 Now, your two sons born to you in Egypt before I came to you here are mine. Ephraim and Manasseh will be mine, like Reuben and Simeon. “Ɛno nti, mede wo mma baanu a wɔwoo wɔn maa wo ansa na mereba wo nkyɛn wɔ Misraim asase so ha no bɛka me mma no ho. Efraim ne Manase bɛka me mma ho, sɛnea Ruben ne Simeon yɛ me mma no.
6 But children you father after them are yours; they'll be called under their brothers' names in their inheritance. Mma foforo biara a wobɛwo wɔn wɔ Efraim ne Manase akyi no na wɔbɛyɛ wo de. Wɔde wɔn bɛka wɔn nuanom no ho wɔ asase a wɔde bɛma wɔn sɛ wɔn agyapade no so.
7 As for me, when I came from Paddan, Rachel died beside me in the land of Canaan, on the way, still some distance from Ephrath; I buried her there on the way to Ephrath" (that is, Bethlehem). Bere a mifi Paddan-Aram reba no, ababaa Rahel wuu wɔ ɔkwan mu ma ɛyɛɛ me yaw. Na aka akwansin kakraa bi na yɛadu Efrat. Ɛno nti, misiee no wɔ Eufrate, a wɔfrɛ no Betlehem no kwankyɛn baabi.”
8 When Israel saw Joseph's sons, he said, "Who are these?" Bere a Israel huu Yosef mmabarima no, obisae se, “Na eyinom yɛ hefo?”
9 Joseph said to his father, "These are my sons, whom our Father gave me here." He said, "Please bring them to me, so I may bless them." Yosef buaa nʼagya se, “Wɔyɛ mmabarima a Onyankopɔn de wɔn adom me wɔ ha.” Na Israel kae se, “Fa wɔn bra mʼanim ha na minhyira wɔn.”
10 Israel's eyes were dim with age—he couldn't see well. So Joseph brought them close to him, and he kissed and embraced them. Saa bere no, esiane onyin nti, na Israel ani so ayɛ wusiwusi a onhu ade papa. Ne saa nti, Yosef de ne mma no kɔɔ ne nkyɛn pɛɛ ma ɔyɛɛ wɔn atuu, fifew wɔn ano.
11 Israel told Joseph, "I never expected to see your face—now our Father has even let me see your offspring." Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Manna mannwene sɛ mehu wʼanim bio da, nanso hwɛ nea Onyame ayɛ. Wama me ho kwan ama mahu wo mma nso.”
12 Then Joseph took them from between his father's knees and bowed with his face to the ground. Yosef maa wɔn so fii Israel kotodwe anim, na ɔno ara nso buu nkotodwe de nʼanim butuw fam.
13 Joseph took both—Ephraim in his right hand, toward Israel's left, Manasseh in his left, toward Israel's right—and brought them near him. Ɔsɔre no, ɔde ne nsa nifa soo Efraim mu, de no gyinaa Yakob benkum so, na ɔde ne nsa benkum soo Manase mu, de no gyinaa Yakob nifa so bɛn no pɛɛ.
14 Israel reached out his right hand and put it on Ephraim's head—the younger—then his left hand on Manasseh's head, crossing his hands—for Manasseh was the firstborn. Israel teɛɛ ne nsa nifa de too Efraim a ɔyɛ akumaa no apampam, na ɔde ne nsa benkum no too Manase nso apampam. Ɛwɔ mu sɛ na Manase yɛ abakan de, nanso ɔde ne nsa benkum na ɛtoo nʼapampam.
15 Then he blessed Joseph and said, "Our Father, before whom my fathers Abraham and Isaac walked—our Father who has been my shepherd all my life long to this day, Ohyiraa Yosef se, “Onyankopɔn a mʼagyanom Abraham ne Isak nantew nʼanim, ne me Nyankopɔn a ɔhwɛɛ me sɛ oguanhwɛfo de besi nnɛ no,
16 the Messenger who has redeemed me from all evil—bless the boys. May my name live on in them, and the names of my fathers Abraham and Isaac; and may they grow into a multitude in the midst of the earth." ɔsoro bɔfo a ogyee me fii ɔhaw nyinaa mu no, onhyira saa mmarimaa yi. Wɔmfa me din ne mʼagyanom, Abraham ne Isak din ntoto wɔn, na wɔn ase mfɛe wɔ asase so.”
17 Joseph saw his father's right hand on Ephraim's head; it upset him, so he grasped his father's hand to move it from Ephraim's head to Manasseh's head. Bere a Yosef huu sɛ nʼagya de ne nsa nifa ato Efraim apampam no, anyɛ no dɛ. Enti oyii nʼagya nsa nifa no fii Efraim apampam, kɔtoo Manase apampam.
18 Joseph said to his father, "No, my father, for this is the firstborn—put your right hand on his head." Yosef ka kyerɛɛ nʼagya se, “Dabi, mʼagya, oyi ne mʼabakan, nti fa wo nsa nifa to nʼapampam.”
19 But his father refused and said, "I know, my son, I know. He too will become a people, he too will be great. Yet his younger brother will be greater than him, and his descendants will become many nations." Nanso nʼagya ampene so kae se, “Me ba, minim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman, na wayɛ ɔkɛse. Nanso ne nua kumaa no bɛyɛ ɔkɛse asen no, na nʼasefo bɛyɛ aman bebree.”
20 That day he blessed them, saying, "Israel will bless through you, saying, 'May our Father make you like Ephraim and like Manasseh.'" And he put Ephraim before Manasseh. Enti da no, Yakob hyiraa mmarimaa no se, “Israelfo nyinaa nam mo din so behyirahyira wɔn ho wɔn ho. Wɔbɛka se, ‘Onyankopɔn behyirahyira mo, ama moakɔ so frɔmfrɔm te sɛ Efraim ne Manase.’ ” Saa ɔkwan yi so na Yakob fa maa Efraim bedii Manase anim.
21 Israel said to Joseph, "Look, I am about to die, but our Father will be with you and bring you back to your fathers' land. Na Israel ka kyerɛɛ Yosef se, “Merebewu, nanso Onyankopɔn bɛhwɛ mo so, na wasan de mo akɔ Kanaan, mo agyanom asase so bio.
22 And to you, rather than to your brothers, I have given one mountain slope that I took from the hand of the Amorites with my sword and with my bow." Wo a mprempren woabɛyɛ wo nuanom nyinaa so panyin no, mede asase a menam me afoa ne mʼagyan so gye fii Amorifo nkyɛn no rema wo.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]