Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Ecclesiastes 7 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 A good name is better than fine perfume, and the day of death than the day of birth. Din pa yɛ sen aduhuam papa, na owuda yɛ sen awoda.
2 It is better to go to the house of mourning than to go to the house of feasting, for that is the end of everyone, and the living should take it to heart. Eye sɛ obi bɛkɔ ayi ase sen sɛ ɔbɛkɔ aponto ase, efisɛ owu yɛ onipa biara nkrabea na ɛsɛ sɛ ateasefo hyɛ eyi nsow.
3 Sorrow is better than laughter, for a sad face is good for the heart. Awerɛhow ye sen ɔserew, efisɛ anim a ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ de koma mu nsiesie pa ba.
4 The heart of the wise is in the house of mourning, but the heart of fools is in the house of pleasure. Onyansafo koma wɔ ayi ase, nanso nkwaseafo koma wɔ ahosɛpɛwfo fi.
5 It is better to hear the rebuke of the wise than to hear the song of fools. Eye sɛ wobetie onyansafo animka sen sɛ wobetie nkwaseafo dwom.
6 For like the crackling of thorns under a pot, so is the laughter of the fool. This too is fleeting. Sɛnea nsɔe turuturuw wɔ ɔsɛn ase no saa ara na nkwaseafo serew te. Eyi nso yɛ ahuhude.
7 Surely oppression turns a wise person into a fool, and a bribe corrupts the heart. Asisi ma onyansafo dan ɔkwasea, na kɛtɛasehyɛ sɛe koma.
8 The end of a matter is better than its beginning, and a patient spirit is better than a proud spirit. Asɛm awiei ye sen ne mfiase, na ntoboase ye sen ahantan.
9 Do not be quick in your spirit to become angry, for anger settles in the lap of fools. Mma wo koma nsɔre ntɛmntɛm, na abufuw da nkwaseafo srɛ so.
10 Do not say, "Why were the former days better than these?" For it is not from wisdom that you ask this. Nka se, “Adɛn nti na tete nna no ye sen nnɛ mmere yi?” Onyansafo mmisa nsɛm sɛɛ.
11 Wisdom is good with an inheritance, an advantage to those who see the sun. Nimdeɛ, ɛyɛ ade pa sɛ agyapade ara pɛ, so wɔ mfaso ma wɔn a wohu owia.
12 For wisdom is a shelter, just as money is, but the advantage of knowledge is this: wisdom preserves the life of the one who has it. Sɛnea nimdeɛ yɛ bammɔ no, saa ara na sika nso te; nanso nhumu ho ade a eye ne sɛ: nea ɔwɔ nimdeɛ no bɔ ne nkwa ho ban.
13 Consider the work of God: who can straighten what he has made crooked? Dwene nea Onyankopɔn ayɛ ho: Hena na obetumi ateɛ nea wɔama akyea?
14 In the day of prosperity be joyful, and in the day of adversity consider: God has made the one as well as the other, so that no one can find out anything that will come after them. Mmere pa mu, ma wʼani nnye; nanso mmere bɔne mu, hu sɛ Onyankopɔn na wayɛ ne nyinaa. Ɛno nti onipa rentumi nhu nea ɛbɛto no daakye.
15 In my fleeting days I've seen it all: a righteous man dying in his righteousness, a wicked man living long in his evil. Me nkwanna a ɛyɛ ahuhude yi mu, mahu nneɛma abien: Ɔtreneeni a owu wɔ ne trenee mu, ne omumɔyɛfo a ɔtena ase kyɛ wɔ nʼamumɔyɛ mu.
16 Do not be excessively righteous, and do not make yourself overly wise; why should you destroy yourself? Nyɛ wo ho ɔtreneeni ntra so, na nyɛ wo ho onyansafo mmoro so; adɛn nti na wosɛe wo ho?
17 Don't be too wicked, and don't be foolish—why die before your time? Nyɛ omumɔyɛfo ntra so, na nyɛ ɔkwasea nso, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wuwu ansa na wo bere aso.
18 Good to grasp this, and not let go of that too, for whoever fears God comes through both. Eye sɛ wubeso baako no mu den nanso nnyaa nea aka no mu. Onipa a osuro Onyankopɔn no besiw nneyɛe mmoroso nyinaa ano.
19 Wisdom makes the wise person stronger than ten rulers who are in a city. Nimdeɛ ma onyansafo baako tumi bebree sen kuropɔn mu asodifo du.
20 Surely there is no one righteous on earth who does good and never sins. Onipa treneeni biara nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne da.
21 Also, do not take to heart everything people say, or you may hear your servant cursing you, Mfa nea nnipa ka nyinaa nyɛ asɛm, anyɛ saa a wobɛte sɛ wo somfo redome wo,
22 for your own heart knows that many times you yourself have cursed others. na wunim wɔ wo koma sɛ wo nso woadome nkurɔfo mpɛn bebree.
23 I tested all this by wisdom. I said, "I am determined to be wise"—but it was beyond me. Mede nimdeɛ asɔ eyinom nyinaa ahwɛ, na mekae se, “Masi mʼadwene pi sɛ mɛyɛ onyansafo” nanso na eyi boro me so.
24 Whatever exists is far off and deep, very deep—who can discover it? Sɛnea nimdeɛ te biara, ɛwɔ akyiri na emu dɔ, hena na obetumi ahwehwɛ ahu?
25 I turned my heart to know, explore, and seek wisdom and the sum of things, and to know the evil of foolishness and the foolishness that is madness. Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛte ase, ayɛ nhwehwɛmu na mapɛɛpɛɛ nimdeɛ ne sɛnea nneɛma nhyehyɛe te na mate amumɔyɛ mu agyimisɛm ase, ne nkwaseasɛm mu adammɔsɛm nso.
26 I find the woman more bitter than death: her heart is snares and nets, her hands chains. One good before God escapes her; the sinner is caught by her. Mahu nea ɛyɛ nwene sen owu; ɔbea a ɔyɛ afiri; ne koma yɛ nnaadaa na ne nsa yɛ mpokyerɛ. Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no renkɔ ne ho nanso ɔbɔnefo de ɔbɛtɔ nʼafiri mu.
27 "See, this is what I found," says the Teacher, "adding one to another to find the sum, Ɔsɛnkafo no se, “Hwɛ eyi ne nea mahwehwɛ ahu: “Mekekaa nneɛma bobɔɔ so pɛɛ sɛ mihu sɛnea nneɛma nhyehyɛe te,
28 which my soul kept seeking but didn't find. One man in 1,000 I found, but a woman among all these I didn't find. mereyɛ nhwehwɛmu, na minhu hwee no, mihuu ɔbarima treneeni baako wɔ mmarima apem mu, nanso manhu ɔbea treneeni biara wɔ wɔn mu.
29 Look, this alone I found: God made humanity upright, but they sought many schemes." Eyi nko ara na mahu: Onyankopɔn yɛɛ adesamma atreneefo, nanso nnipa adan wɔn ho hwehwɛ nhyehyɛe foforo.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]