Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Ecclesiastes 3 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 For everything there is a season, and a time for every matter under heaven: Biribiara wɔ ne bere, na dwumadi biara a ɛwɔ ɔsoro ase wɔ ne bere.
2 a time to be born, and a time to die; a time to plant, and a time to uproot what is planted; Awo wɔ ne bere, na owu wɔ ne bere, ogu wɔ ne bere na otwa nso wɔ ne bere,
3 a time to kill, and a time to heal; a time to tear down, and a time to build up; okum wɔ ne bere na ayaresa wɔ ne bere, obubu wɔ ne bere, na osi nso wɔ ne bere,
4 a time to weep, and a time to laugh; a time to mourn, and a time to dance; agyaadwotwa wɔ ne bere, na ɔserew nso wɔ ne bere, awerɛhow wɔ ne bere na asaw wɔ ne bere,
5 a time to throw away stones, and a time to gather stones together; a time to embrace, and a time to refrain from embracing; abo hwete wɔ ne bere na abo anoboa wɔ ne bere, atuuyɛ wɔ ne bere na ne ntetewmudi nso wɔ ne bere,
6 a time to seek, and a time to lose; a time to keep, and a time to throw away; adehwehwɛ wɔ ne bere na adehwere wɔ ne bere, adekora wɔ ne bere na adetowgu wɔ ne bere,
7 a time to tear, and a time to sew; a time to be silent, and a time to speak; ade mu sunsuane wɔ ne bere na ne pempam wɔ ne bere, kommyɛ wɔ ne bere na kasa wɔ ne bere,
8 a time to love, and a time to hate; a time for war, and a time for peace. ɔdɔ wɔ ne bere na ɔtan wɔ ne bere, ɔko wɔ ne bere na asomdwoe wɔ ne bere.
9 What gain has the worker from his toil? Mfaso bɛn na odwumayɛni nya fi nʼadwumaden mu?
10 I have seen the task that God has given people to keep them busy. Mahu adesoa a Onyankopɔn de ato nnipa so.
11 He made everything beautiful in its time, and set eternity in the human heart—yet no one can grasp what God has done from start to end. Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne bere mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa koma mu, nanso wontumi nte nea Onyankopɔn ayɛ fi mfiase kosi awiei no ase.
12 I know nothing is better for them than to enjoy life and do good while they live. Minim sɛ biribiara nni hɔ a eye ma nnipa kyɛn sɛ wobegye wɔn ani na wɔayɛ nea eye bere a wɔte ase.
13 Also, that everyone eat, drink, and find satisfaction in all their work—this is God's gift. Sɛ obiara bedidi na wanom na wanya anigye wɔ ne dwumadi nyinaa mu, eyi ne Onyankopɔn akyɛde.
14 I know all God does lasts forever; nothing can be added, nothing removed. He has done it so people will fear before him. Minim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfi mu. Onyankopɔn yɛ eyi sɛnea nnipa de nidi bɛma no.
15 What is has already been, and what will be has already been; and God seeks out what was driven away. Biribiara a ɛwɔ hɔ nnɛ no, aba pɛn, na nea ɛbɛba no nso aba dedaw; na Onyankopɔn bɛfrɛ nea asi dedaw no ama akontaabu.
16 I also saw under the sun: evil in the place of judgment, and evil in the place of righteousness. Na mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase sɛ: Amumɔyɛsɛm wɔ nea atemmu wɔ, atɛntreneebea no, amumɔyɛsɛm wɔ hɔ.
17 I said in my heart: "God will judge the righteous and the wicked, for there's a time for every matter and every deed, there." Medwenee wɔ me koma mu se, “Onyankopɔn bebu atreneefo ne amumɔyɛfo nyinaa atɛn, efisɛ adwuma biara benya ne bere, nneyɛe biara ne ne bere.”
18 I said in my heart: "God tests people, so that they may see they're just animals." Afei medwenee se, “Nnipa de, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wohu sɛ wɔte sɛ mmoa.
19 Humans and animals share one fate: one dies as the other dies; both have the same breath. Humans have no advantage over animals—all is vapor. Onipa nkrabea te sɛ mmoa de na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛnea ɔbaako wu no, saa ara na ɔfoforo nso wu. Wɔn nyinaa wɔ ɔhome baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhude.
20 All go to one place; all came from the dust, and all return to the dust. Wɔn nyinaa kɔ faako; wɔn nyinaa fi dɔte mu na wɔsan kɔ dɔte mu.
21 Who knows whether the human spirit goes up, and whether the animal's spirit goes down to the earth? Hena na onim sɛ onipa honhom foro soro na aboa de sian kɔ asase mu ana?”
22 So I saw nothing is better than a person rejoicing in their work, since that is their lot. For who can show them what comes after them? Enti mihuu sɛ biribiara nni hɔ a eye ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, efisɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hena na obetumi de no asan aba sɛ ɔmmɛhwɛ nea ebesi ne wu nʼakyi?
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]