Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

Ecclesiastes 12 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 Remember your Creator in the days of your youth, before the days of trouble come and the years draw near of which you will say, "I find no pleasure in them," Kae wo Bɔfo wɔ wo mmerantebere mu, ansa na nnabɔne no aba na mfe a wobɛka se, “Minni mu anigye biara” no reba,
2 before the sun and the light and the moon and the stars grow dark, and the clouds return after the rain; ansa na owia ne hann, ɔsram ne nsoromma aduru sum, na omununkum asan aba osutɔ akyi.
3 on the day when the house's guardians tremble, and the strong men stoop, and the grinding women fall idle because so few remain, and those peering through the windows go dark; Bere a ofi no awɛmfo ho popo, na mmarima ahoɔdenfo akom, bere a awiyamfo agyae adwumayɛ, sɛ wosua nti na wɔn a wɔhwɛ pema mu no ani so ayɛ kusuu;
4 when the doors on the street are shut and the sound of the grinding grows faint; when one rises at the sound of a bird, and all the daughters of song are brought low; bere a wɔatoto abɔnten no apon mu na awiyambea nnyigyei ano abrɛ ase; bere a nnipa te nnomaa su na wɔanyan, nanso wɔn nnwonto ano abrɛ ase;
5 when they are afraid of heights, and terrors lie in the road; when the almond tree blossoms, and the grasshopper drags itself along, and desire fails—because man goes to his eternal home, and the mourners go about the streets; bere a nnipa suro sorokɔ ne mmɔnten so amanenyasɛm; bere a “ɔsonkoran” dua begu nhwiren na tɛwtɛw twe ne ho kɔ no na nkatede ho adwudwo. Afei onipa kɔ ne daa home mu na agyaadwotwafo tu gu mmɔnten so.
6 before the silver cord is snapped, or the golden bowl is shattered, or the pitcher is broken at the spring, or the wheel is broken at the well, Kae no, ansa na dwetɛ hama no atew, anaasɛ sikakɔkɔɔ asanka no abɔ; ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asuten ho, anaasɛ asubura so nkyimii abubu,
7 and the dust returns to the earth as it was, and the spirit returns to God who gave it. na dɔte san kɔ asase a efi mu bae, na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.
8 "Utterly fleeting," says the Teacher. "Everything is fleeting." “Ahuhude mu ahuhude” ɔsɛnkafo no na ose. “Biribiara yɛ ahuhude!”
9 The Teacher was wise, and also taught people knowledge—weighing, searching, arranging many proverbs. Ɔsɛnkafo no yɛ onyansafo na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdwenee na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na obubuu mmɛ bebree.
10 The Teacher sought to find pleasing words, and what he wrote was upright and true. Ɔsɛnkafo no hwehwɛɛ sɛ obenya nsɛm a ɛfata, na nea ɔkyerɛw no yɛ pɛ na ɛyɛ nokware nso.
11 Wise sayings are like goads; collected proverbs, like firmly driven nails—given by one Shepherd. Anyansafo nsɛm te sɛ nantwikafo mpeaw. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yiye. Saa nsɛm yi nyinaa fi Oguanhwɛfo baako nkyɛn.
12 Beyond these, my son, be warned: making many books has no end, and much study wears out the body. Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho fi biribiara a ɛka eyinom ho, me babarima. Nhoma bebrebe nkyerɛw nni awiei, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛw.
13 End of the matter, all heard: fear God, keep his commands—this is a person's whole duty. Afei ne nyinaa atɔ asom; nsɛm no awiei ni: Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛde so, na onipa asɛde nyinaa ni.
14 For God will bring every deed into judgment, including every hidden thing, whether good or evil. Onyankopɔn bebu nneyɛe biara atɛn, nea wɔayɛ asie nso ka ho, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]