Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

1 Chronicles 3 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 David's sons born to him in Hebron: the firstborn Amnon, by Ahinoam of Jezreel; the second Daniel, by Abigail of Carmel; Eyinom ne mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron. Na nʼabakan din de Amnon a ne na a na ofi Yesreel no din de Ahinoam. Ne ba a ɔto so abien no, na ne din de Daniel. Na ne na a ofi Karmel no din de Abigail.
2 third, Absalom son of Maacah, daughter of Talmai king of Geshur; fourth, Adonijah son of Haggith; Ne ba a ɔto so abiɛsa no, na wɔfrɛ no Absalom. Na ne na din de Maaka a na ɔyɛ Gesurhene Talmai babea. Ne ba a ɔto so anan din de Adoniya a ne na din de Hagit.
3 the fifth, Shephatiah, by Abital; the sixth, Ithream, by his wife Eglah. Ne ba a ɔto so anum no, na wɔfrɛ no Sefatia. Na wɔfrɛ ne na Abital. Ne ba a ɔto so asia no din de Yitream a na wɔfrɛ ne na Egla.
4 Six were born to him in Hebron, where he reigned seven years and six months; in Jerusalem he reigned thirty-three years. Wɔwowoo mmabarima baasia yi nyinaa maa Dawid wɔ Hebron. Odii ade wɔ hɔ mfirihyia ason ne fa. Dawid yii kuropɔn no kɔɔ Yerusalem, na odii ade mfirihyia aduasa abiɛsa wɔ hɔ.
5 Born to him in Jerusalem: Shimea, Shobab, Nathan, and Solomon—four by Bath-shua, daughter of Ammiel; Mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Yerusalem no ne: Simea, Sobab, Natan ne Salomo. Amiel babea Batseba na ɔwoo saa mmarima yi.
6 also Ibhar, Elishama, Eliphelet, Wɔsan wowoo mmabarima baakron bi maa Dawid. Wɔne Yibhar, Elisua, Elifelet,
7 Nogah, Nepheg, Japhia, Noga, Nefeg, Yafia,
8 Elishama, Eliada, and Eliphelet—nine in all. Elisama, Eliada ne Elifelet.
9 These were all David's sons, besides the sons of his concubines; Tamar was their sister. Eyinom ne Dawid mmabarima a ne mpena mma nka ho. Na Dawid wɔ ɔbabea bi a wɔfrɛ no Tamar.
10 Solomon's son was Rehoboam; Abijah his son, Asa his son, Jehoshaphat his son, Na Salomo asefo yɛ Rehoboam, Abia, Asa, Yehosafat,
11 Joram his son, Ahaziah his son, Joash his son, Yoram, Ahasia, Yoas,
12 Amaziah his son, Azariah his son, Jotham his son, Amasia, Asaria, Yotam,
13 Ahaz his son, Hezekiah his son, Manasseh his son, Ahas, Hesekia, Manase,
14 Amon his son, Josiah his son. Amon ne Yosia.
15 The sons of Josiah: the firstborn, Johanan; the second, Jehoiakim; the third, Zedekiah; the fourth, Shallum. Na Yosia mmabarima ne Yohanan a ɔyɛ abakan, Yehoiakim to so abien, Sedekia to so abiɛsa, na Salum to so anan.
16 The sons of Jehoiakim: Jeconiah his son, Zedekiah his son. Yehoiakim babarima Yehoiakyin na odii nʼade, na ɔno nso ne wɔfa Sedekia bedii nʼade.
17 The sons of Jeconiah, the captive: Shealtiel his son, Yehoiakyin a Babiloniafo kyeree no kɔtoo afiase no mmabarima ne Sealtiel,
18 Malchiram, Pedaiah, Shenazzar, Jekamiah, Hoshama, and Nedabiah. Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama ne Nedabia.
19 Pedaiah's sons: Zerubbabel and Shimei. Zerubbabel's sons: Meshullam and Hananiah, and their sister Shelomith, Na Pedaia mmabarima yɛ Serubabel ne Simei. Na Serubabel mmabarima yɛ Mesulam ne Hanania. Na ɔwɔ ɔbabea nso a ne din de Selomit.
20 and Hashubah, Ohel, Berechiah, Hasadiah, and Jushab-hesed—five. Na ne mmabarima baanum bi nso din ne Hasuba, Ohel, Berekia, Hasadia ne Yusab-Hesed.
21 Sons of Hananiah: Pelatiah and Jeshaiah; sons of Rephaiah, sons of Arnan, sons of Obadiah, sons of Shecaniah. Na Hanania mmabarima din de Pelatia ne Yesaia. Na Yesaia babarima din de Refaia. Na Refaia babarima din de Arnan. Na Arnan babarima din de Obadia. Na Obadia babarima din de Sekania.
22 Sons of Shecaniah: Shemaiah. Sons of Shemaiah: Hattush, Igal, Bariah, Neariah, and Shaphat—six. Na Sekania asefo yɛ Semaia ne ne mmabarima Hatus, Igal, Baria, Nearia ne Safat. Na wɔn nyinaa yɛ baasia.
23 The sons of Neariah: Elioenai, Hizkiah, and Azrikam—three. Na Nearia mmabarima din de Elioenai, Hiskia ne Asrikam. Na wɔyɛ baasa.
24 The sons of Elioenai: Hodaviah, Eliashib, Pelaiah, Akkub, Johanan, Delaiah, and Anani—seven. Na Elioenai mmabarima din de Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani. Na wɔyɛ baason.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]