Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

1 Chronicles 2 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 These were the sons of Israel: Reuben, Simeon, Levi, Judah, Issachar, and Zebulun, Israel mmabarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon,
2 Dan, Joseph, Benjamin, Naphtali, Gad, and Asher. Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.
3 Judah's sons: Er, Onan, Shelah—three born to him by Shua's Canaanite daughter. Er, the firstborn, was evil in our Father's eyes, so he killed him. Yuda ne Kanaannibea Bat-Sua woo mmabarima baasa. Na wɔn din de Er, Onan ne Sela. Nanso na abakan Er no yɛ omumɔyɛfo nti, Awurade kum no.
4 Tamar, Judah's daughter-in-law, bore him Perez and Zerah. Judah had five sons in all. Akyiri no, Yuda ne nʼase kunafo Tamar woo nta. Na wɔn din de Peres ne Serah. Enti Yuda woo mmabarima baanum.
5 The sons of Perez: Hezron and Hamul. Na Peres mmabarima din de Hesron ne Hamul.
6 The sons of Zerah: Zimri, Ethan, Heman, Calcol, and Dara—five of them in all. Serah mmabarima din de Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ baanum.
7 Carmi's son: Achar, Israel's troubler, who broke faith over the devoted things. Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefo no mu baako nam fa a ɔfaa asade a wogyaw maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfo so.
8 The son of Ethan: Azariah. Na Etan babarima ne Asaria.
9 The sons born to Hezron: Jerahmeel, Ram, and Chelubai. Hesron mmabarima din de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.
10 Ram fathered Amminadab, and Amminadab fathered Nahshon, leader of the people of Judah. Ram yɛ Aminadab agya. Aminadab yɛ Nahson a na ɔyɛ Yuda ntuanoni no agya.
11 Nahshon fathered Salma, and Salma fathered Boaz, Nahson yɛ Salma agya. Na Salma nso yɛ Boas agya.
12 Boaz fathered Obed, and Obed fathered Jesse. Boas yɛ Obed agya. Obed yɛ Yisai agya.
13 Jesse fathered Eliab his firstborn, Abinadab the second, Shimea the third, Yisai abakan yɛ Eliab nea ɔto so abien yɛ Abinadab na nea ɔto so abiɛsa yɛ Simea.
14 Nethanel the fourth, Raddai the fifth, Na nea ɔto so anan yɛ Netanel na Radai to so anum.
15 Ozem the sixth, and David the seventh. Ne babarima a ɔto so asia no din de Osem na Dawid na na ɔto so ason.
16 Their sisters were Zeruiah and Abigail. Zeruiah's sons: Abishai, Joab, and Asahel—three. Na wɔn nuabeanom din de Seruia ne Abigail. Na Seruia woo mmabarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.
17 Abigail bore Amasa, and the father of Amasa was Jether the Ishmaelite. Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no din Amasa.
18 Caleb son of Hezron had children by his wife Azubah and by Jerioth; her sons were Jesher, Shobab, and Ardon. Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmabarima din de Yeser, Sobab ne Ardon.
19 When Azubah died, Caleb married Ephrath, and she bore him Hur. Asuba wu akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no din Hur.
20 Hur fathered Uri, and Uri fathered Bezalel. Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.
21 Afterward Hezron had relations with the daughter of Machir the father of Gilead, marrying her at sixty; she bore him Segub. Bere a Hesron dii mfe aduosia no, ɔwaree Gilead nuabea a na ɔyɛ Makir babea. Wɔwoo ɔbabarima too no din Segub.
22 Segub fathered Jair, who held twenty-three towns in the land of Gilead. Segub woo Yair a odii nkurow aduonu abiɛsa so wɔ Gilead asase so no.
23 But Geshur and Aram took Havvoth-jair from them, plus Kenath and its villages—sixty towns. All these were sons of Machir, father of Gilead. (Akyiri no, Gesur ne Aram gyee Yair nkurow, san gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.) Na eyinom nyinaa yɛ Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefo.
24 After Hezron died in Caleb-ephrathah, Abijah, Hezron's wife, bore him Ashhur, the father of Tekoa. Hesron wuu wɔ kurow Kaleb-Efrata mu akyi no, ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no din Asur (Tekoa agya).
25 The sons of Jerahmeel, Hezron's firstborn: Ram his firstborn, then Bunah, Oren, Ozem, and Ahijah. Hesron abakan Yerahmeel mmabarima a ɔwoo wɔn no din yɛ Ram (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya.
26 Jerahmeel had another wife, whose name was Atarah; she was the mother of Onam. Na Yerahmeel wɔ ɔyere a ɔto so abien a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.
27 The sons of Ram, Jerahmeel's firstborn: Maaz, Jamin, and Eker. Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmabarima yɛ Maas, Yamin ne Eker.
28 The sons of Onam: Shammai and Jada. The sons of Shammai: Nadab and Abishur. Onam mmabarima yɛ Samai ne Yada. Na Samai mmabarima yɛ Nadab ne Abisur.
29 Abishur's wife was named Abihail, and she bore him Ahban and Molid. Na Abisur ne ne yere Abihail mmabarima yɛ Ahban ne Molid.
30 The sons of Nadab: Seled and Appaim. Seled died without children. Na Nadab mmabarima yɛ Seled ne Apaim. Seled wui a wanwo mma;
31 The son of Appaim: Ishi. The son of Ishi: Sheshan. The child of Sheshan: Ahlai. na Apaim de, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi. Na Yisi woo Sesan. Na Sesan nyaa nʼaseni bi a wɔfrɛ no Ahlai.
32 The sons of Jada, Shammai's brother: Jether and Jonathan. Jether died without children. Na Samai nuabarima Yada woo Yeter ne Yonatan. Na Yeter wui a wanwo ba biara,
33 The sons of Jonathan: Peleth and Zaza. These were the descendants of Jerahmeel. nanso Yonatan woo mmabarima baanu a na wɔfrɛ wɔn Pelet ne Sasa. Na eyinom nyinaa yɛ Yerahmeel asefo.
34 Now Sheshan had no sons, only daughters. He had an Egyptian servant whose name was Jarha, Na Sesan annya mmabarima, onyaa mmabea. Na ɔwɔ Misraimni somfo bi a ne din de Yarha.
35 and Sheshan gave his daughter in marriage to Jarha his servant, and she bore him Attai. Sesan de ne mmabea no mu baako maa Yarha aware na wɔwoo ɔbabarima too no din Atai.
36 Attai fathered Nathan, and Nathan fathered Zabad, Atai woo Natan na Natan woo Sabad.
37 Zabad fathered Ephlal, and Ephlal fathered Obed, Sabad woo Efial. Efial woo Obed.
38 Obed fathered Jehu, and Jehu fathered Azariah, Obed woo Yehu na Yehu woo Asaria.
39 Azariah fathered Helez, and Helez fathered Eleasah, Asaria woo Heles. Heles woo Eleasa.
40 Eleasah fathered Sismai, and Sismai fathered Shallum, Eleasa woo Sisemai na Sisemai woo Salum.
41 Shallum fathered Jekamiah, and Jekamiah fathered Elishama. Salum woo Yekamia, na Yekamia woo Elisama.
42 Sons of Caleb, Jerahmeel's brother: Mesha his firstborn, father of Ziph; and the sons of Mareshah the father of Hebron. Yerahmeel nua Kaleb babarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya. Na Kaleb babarima a ɔto so abien din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.
43 The sons of Hebron: Korah, Tappuah, Rekem, and Shema. Na Hebron mmabarima yɛ Kora, Tapua, Rekem ne Sema.
44 Shema fathered Raham, the father of Jorkeam, and Rekem fathered Shammai. Na Sema woo Raham. Raham woo Yorkeam. Na Rekem woo Samai.
45 The son of Shammai was Maon, and Maon was the father of Beth-zur. Na Samai woo Maon. Maon woo Bet-Sur.
46 Ephah, Caleb's concubine, bore Haran, Moza, and Gazez; and Haran fathered Gazez. Na Kaleb mpena Efa woo Haran, Mosa ne Gases. Na Haran woo Gases.
47 The sons of Jahdai: Regem, Jotham, Geshan, Pelet, Ephah, and Shaaph. Na Yahdai mmabarima yɛ Regem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf.
48 Maacah, Caleb's concubine, bore Sheber and Tirhanah. Kaleb mpena foforo bi a wɔfrɛ no Maaka woo Seber ne Tirhana.
49 She bore Shaaph, father of Madmannah, and Sheva, father of Machbenah and Gibea. Caleb's daughter was Achsah. Ɔsan woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agya ne Sewa a na ɔyɛ Makbena ne Gibea agya. Na Kaleb woo ɔbabea a ne din de Aksa.
50 These were the descendants of Caleb. The sons of Hur, the firstborn of Ephrathah: Shobal the father of Kiriath-jearim, Eyinom nyinaa yɛ Kaleb asefo. Kaleb yere Efrata abakan Hur mmabarima yɛ Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya
51 Salma the father of Bethlehem, and Hareph the father of Beth-gader. Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.
52 Shobal the father of Kiriath-jearim had other sons: Haroeh, and half of the Menuhoth. Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmabarima yɛ Haroe a ne fa yɛ Manahatini
53 Kiriath-jearim's clans: Ithrites, Puthites, Shumathites, Mishraites—from them came the Zorathites and Eshtaolites. na ne fa a aka no fi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefo a wɔka ho ne Yitrifo, Putifo, Sumatifo ne Misraimfo, wɔn mu na Sorafo ne Estaolfo fi.
54 The descendants of Salma: Bethlehem, the Netophathites, Atroth-beth-joab, half of the Manahathites, and the Zorites. Salma asefo yɛ Betlehem, Netofafo, Atrot-Bet-Yoabfo, Manahatafo fa bi, Sorifo,
55 The scribe clans living at Jabez: Tirathites, Shimeathites, Sucathites—Kenites who came from Hammath, father of the house of Rechab. ne akyerɛwfo mmusua a wɔte Yabes no, Tirafo, Simeafo ne Sukatfo. Eyinom nyinaa yɛ Kenifo, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefo.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]