Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

1 Chronicles 24 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 These are the divisions of Aaron's sons. Aaron's sons: Nadab and Abihu, Eleazar and Ithamar. Sɛnea wɔkyekyɛɛ Aaron asefo a wɔyɛ asɔfo no mu akuwakuw ma wɔsom no ni: Na Aaron mmabarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.
2 Nadab and Abihu died before their father, leaving no sons; so Eleazar and Ithamar served as priests. Nanso Nadab ne Abihu wui a wonni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti ɛkaa Eleasar ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfo.
3 David divided them with Zadok, Eleazar's descendant, and Ahimelech, Ithamar's descendant, by their appointed service order. Mmoa a Sadok a na ɔyɛ Eleasar aseni ne Ahimelek a na ɔyɛ Itamar aseni no boae no nti, Dawid kyekyɛɛ Aaron asefo mu akuwakuw sɛnea wɔn dwumadi te.
4 Eleazar's sons were found to have more leaders than Ithamar's, so they were divided: sixteen family heads for Eleazar's, eight for Ithamar's, by their families. Wɔkyɛɛ Itamar de mu akuw awotwe, efisɛ na Eleasar asefo mu mmusua mpanyimfo no dɔɔso.
5 They divided them by lot, both alike, since officials of the sanctuary and officials of our Father came from the sons of Eleazar and the sons of Ithamar. Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadi ahorow nyinaa maa akuwakuw no, sɛnea ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Efisɛ na mpanyimfo bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasar ne Itamar asefo no nso wɔ hɔ.
6 Shemaiah son of Nethanel, a Levite scribe, wrote them before the king, the officials, Zadok the priest, Ahimelech son of Abiathar, and the heads of the priestly and Levite families—one family chosen for Eleazar, one for Ithamar. Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛwfo. Ɔkyerɛw din ne nnwuma ahorow wɔ ɔhene no ne ɔsɔfo Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfo no ne Lewi mmusua no mpanyimfo anim. Eleasar ne Itamar asefo bobɔɔ ntonto sɛnea edidi so yi:
7 The first lot fell to Jehoiarib, the second to Jedaiah, Ntonto a edi kan no bɔɔ Yehoiarib. Ntonto a ɛto so abien no bɔɔ Yedaia.
8 the third to Harim, the fourth to Seorim, Ntonto a ɛto so abiɛsa no bɔɔ Harim. Ntonto a ɛto so anan no bɔɔ Seorim.
9 the fifth to Malchijah, the sixth to Mijamin, Ntonto a ɛto so anum no bɔɔ Malkia. Ntonto a ɛto so asia no bɔɔ Miyamin.
10 the seventh to Hakkoz, the eighth to Abijah, Ntonto a ɛto so ason no bɔɔ Hakos. Ntonto a ɛto so awotwe no bɔɔ Abia.
11 the ninth to Jeshua, the tenth to Shecaniah, Ntonto a ɛto so akron no bɔɔ Yesua. Ntonto a ɛto so du no bɔɔ Sekania.
12 the eleventh to Eliashib, the twelfth to Jakim, Ntonto a ɛto so dubaako no bɔɔ Eliasib. Ntonto a ɛto so dumien no bɔɔ Yakim.
13 the thirteenth to Huppah, the fourteenth to Jeshebeab, Ntonto a ɛto so dumiɛnsa no bɔɔ Hupa. Ntonto a ɛto so dunan no bɔɔ Yesebeab.
14 the fifteenth to Bilgah, the sixteenth to Immer, Ntonto a ɛto so dunum no bɔɔ Bilga. Ntonto a ɛto so dunsia no bɔɔ Imer.
15 the seventeenth to Hezir, the eighteenth to Happizzez, Ntonto a ɛto so dunson no bɔɔ Hesir. Ntonto a ɛto so dunwɔtwe no bɔɔ Hapises.
16 the nineteenth to Pethahiah, the twentieth to Jehezkel, Ntonto a ɛto so dunkron no bɔɔ Petahia. Ntonto a ɛto so aduonu no bɔɔ Yeheskel.
17 the twenty-first to Jachin, the twenty-second to Gamul, Ntonto a ɛto so aduonu baako no bɔɔ Yakin. Ntonto a ɛto so aduonu abien no bɔɔ Gamul.
18 the twenty-third to Delaiah, and the twenty-fourth to Maaziah. Ntonto a ɛto so aduonu abiɛsa no bɔɔ Delaia. Ntonto a ɛto so aduonu anan no bɔɔ Maasia.
19 These were their appointed duties for serving in our Father's house, by the order Aaron their father gave them, as our Father of Israel had commanded him. Kuw biara dii ne dwuma wɔ Awurade fi sɛnea wɔn agya Aaron nam Awurade, Israel Nyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no.
20 The rest of Levi's sons: of Amram's sons, Shubael; of Shubael's sons, Jehdeiah. Eyinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefo no mpanyimfo: Amram asefo ntuanoni ne Subael. Subael asefo ntuanoni ne Yehdeia.
21 Of Rehabiah: of the sons of Rehabiah, Isshiah the first. Rehabia asefo ntuanoni ne Yisia.
22 Of the Izharites, Shelomoth; of the sons of Shelomoth, Jahath. Yishar asefo ntuanoni ne Selomot. Selomot asefo ntuanoni ne Yahat.
23 The sons of Hebron: Jeriah the first, Amariah the second, Jahaziel the third, Jekameam the fourth. Hebron asefo ntuanofo ne: Yeria; Amaria ne nʼabediakyiri, Yahasiel na ɔto so abiɛsa na Yekameam to so anan.
24 The sons of Uzziel: Micah; of the sons of Micah, Shamir. Usiel asefo ntuanoni ne Mika. Mika asefo ntuanoni ne Samir
25 The brother of Micah: Isshiah; of the sons of Isshiah, Zechariah. ne Mika nuabarima Yisia. Yisia asefo ntuanoni ne Sakaria.
26 The sons of Merari: Mahli and Mushi. The sons of Jaaziah: Beno. Merari asefo ntuanofo ne Mahli ne Musi. Yasia asefo ntuanoni ne Beno.
27 The sons of Merari through Jaaziah: Beno, Shoham, Zaccur, and Ibri. Merari asefo a wofi Yasia mu no, ntuanofo no ne: Beno, Soham, Sakur ne Ibri.
28 Of Mahli: Eleazar, who had no sons. Mahli asefo ntuanoni ne Eleasar a na onni mmabarima no.
29 Of Kish: the sons of Kish, Jerahmeel. Kis asefo ntuanoni ne Yerahmeel.
30 The sons of Mushi: Mahli, Eder, and Jerimoth. These were the Levites by their families. Musi asefo ntuanofo ne Mahli, Eder ne Yerimot. Eyinom ne Lewi asefo ne sɛnea wɔn mmusua te.
31 They too cast lots, like their relatives the sons of Aaron, before King David, Zadok, Ahimelech, and the heads of the priestly and Levite families—the head of each family the same as his younger brother. Wɔnam ntonto kronkron a wɔbɔɔ wɔ wɔn so na wɔde wɔn nnwuma hyɛɛ wɔn nsa te sɛ Aaron asefo de no, a wɔanhwɛ mfe a wɔadi ne wɔn dibea. Wodii dwuma no wɔ ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfo ne Lewifo mmusua mpanyimfo no anim.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]