Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

1 Chronicles 25 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 David and the army commanders set apart some of the sons of Asaph, Heman, and Jeduthun for service, who prophesied with lyres, harps, and cymbals. Their numbers, by task, were: Dawid ne asahene no yiyii mmarima fii Asaf, Heman ne Yedutun mmusua mu sɛ wɔmfa asankuten, mmɛnta ne kyɛnkyɛn mmɔ Onyankopɔn asɛm no dawuru. Wɔn din ne wɔn nnwuma na edidi so yi:
2 Sons of Asaph: Zaccur, Joseph, Nethaniah, Asharelah, the sons of Asaph—under Asaph's direction, prophesying under the king's direction. Na Asaf mmabarima no ne: Sakur, Yosef, Netania ne Asarela. Na wɔhyɛ wɔn agya Asaf ase. Ɔno na ɔhene hyɛɛ no ma ɔbɔɔ Onyankopɔn asɛm no dawuru.
3 Jeduthun's sons: Gedaliah, Zeri, Jeshaiah, Shimei, Hashabiah, Mattithiah—six, guided by their father Jeduthun, prophesied with the lyre, thanking and praising our Father. Na Yedutun wɔ mmabarima a wɔne: Gedalia, Seri, Yesaia, Simei, Hasabia ne Matitia. Wɔyɛ baasia a wɔhyɛ wɔn agya ase. Ɔno na ɔhyɛɛ nkɔm, nam sankuten so de aseda ne nkamfo maa Awurade.
4 Of Heman, sons of Heman: Bukkiah, Mattaniah, Uzziel, Shebuel, Jerimoth, Hananiah, Hanani, Eliathah, Giddalti, Romamti-ezer, Joshbekashah, Mallothi, Hothir, Mahazioth. Na Heman mmabarima din ne: Bukia, Matania, Usiel, Sebuel, Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti, Romamti-Eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, ne Mahasiot.
5 All these were sons of Heman, the king's seer, given through our Father's word to lift Heman up. Our Father gave Heman fourteen sons and three daughters. Eyinom ne Heman a ɔyɛ ɔhene diyifo no mmabarima. Onyankopɔn dom no mmabarima dunan ne mmabea baasa.
6 All these were under their father's direction for song in the house of our Father, with cymbals, harps, and lyres for the service of the house of our Father; Asaph, Jeduthun, and Heman were under the king's direction. Na saa mmarima yi nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase, na wɔnam so too nnwom wɔ Awurade fi. Wɔn nnwuma ne sɛ wɔbɔ kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten wɔ Onyankopɔn fi. Na Asaf, Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene no ase.
7 Their number, with their kin trained to sing to our Father—all skilled—was 288. Na wɔatetew wɔn ne wɔn abusuafo nyinaa wɔ nnwom a wɔto wɔ Awurade anim no mu. Na wɔn nyinaa dodow yɛ ahannu aduɔwɔtwe awotwe na wɔn mu biara wɔ nnwonto ho nimdeɛ.
8 And they cast lots for their duties, small and great alike, teacher and pupil alike. Wɔnam ntontobɔ kronkron so yiyii nnwontofo tuatuaa nnwuma ahorow ano a wɔanhwɛ sɛ obi yɛ abofra anaa ɔpanyin, ɔkyerɛkyerɛfo anaa osuani.
9 The first lot came out for Asaph, to Joseph; the second, Gedaliah with his brothers and sons, twelve. Ntonto a edi kan no bɔɔ Yosef a ofi Asaf abusua mu, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12) Ntonto a ɛto so abien no bɔɔ Gedalia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
10 The third to Zaccur, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so abiɛsa no bɔɔ Sakur, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
11 the fourth to Izri, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so anan no bɔɔ Yisri, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
12 the fifth to Nethaniah, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so anum no bɔɔ Netania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
13 the sixth to Bukkiah, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so asia no bɔɔ Bukia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
14 the seventh to Jesarelah, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so ason no bɔɔ Yesarela, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
15 the eighth to Jeshaiah, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so awotwe no bɔɔ Yesaia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
16 the ninth to Mattaniah, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so akron no bɔɔ Matania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
17 the tenth to Shimei, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so du no bɔɔ Simei, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
18 the eleventh to Azarel, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so dubaako no bɔɔ Asarel, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
19 the twelfth to Hashabiah, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so dumien no bɔɔ Hasabia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
20 the thirteenth to Shubael, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so dumiɛnsa no bɔɔ Subael, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
21 the fourteenth to Mattithiah, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so dunan no bɔɔ Matitia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
22 the fifteenth to Jeremoth, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so dunum no bɔɔ Yeremot, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
23 the sixteenth to Hananiah, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so dunsia no bɔɔ Hanania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
24 the seventeenth to Joshbekashah, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so dunson no bɔɔ Yosbekasa, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
25 the eighteenth to Hanani, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so dunwɔtwe no bɔɔ Hanani, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
26 the nineteenth to Mallothi, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so dunkron no bɔɔ Maloti, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
27 the twentieth to Eliathah, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so aduonu no bɔɔ Eliata, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
28 the twenty-first to Hothir, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so aduonu baako no bɔɔ Hotir, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
29 the twenty-second to Giddalti, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so aduonu abien no bɔɔ Gidalti, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
30 the twenty-third to Mahazioth, his sons and his brothers, twelve; Ntonto a ɛto so aduonu abiɛsa no bɔɔ Mahasiot, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
31 the twenty-fourth to Romamti-ezer, his sons and his brothers, twelve. Ntonto a ɛto so aduonu anan no bɔɔ Romamti-Eser ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]