Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020

1 Chronicles 23 OAKCB

Show OAKCB only
Verse × ×
1 When David was old and had lived many years, he made his son Solomon king over Israel. Bere a Dawid bɔɔ akwakoraa no, oyii ne babarima Salomo sɛ ɔno na obedi Israel so hene.
2 He gathered together all the leaders of Israel, along with the priests and the Levites. Dawid frɛfrɛɛ Israel amanyɛ ntuanofo nyinaa ne asɔfo, a Lewifo ka ho sɛ, wɔmmra ahensi afahyɛ no ase.
3 The Levites thirty years old or older were counted, and their total number was 38,000. Wɔkan Lewifo a wɔadi mfirihyia aduasa anaa nea ɛboro saa, na wɔn nyinaa dodow yɛ mpem aduasa awotwe.
4 Of these, 24,000 were to oversee the work of our Father's house; 6,000 were officers and judges. Na Dawid kae se, “Wɔn mu mpem aduonu anan bɛhwɛ Awurade Asɔredan no ho adwuma so. Mpem asia bɛsom sɛ mpanyimfo ne atemmufo.
5 4,000 were gatekeepers, and 4,000 praised our Father with instruments David made for praise. Mpem anan bɛyɛ apon ano hwɛfo na mpem anan foforo de nnwontode a mayɛ no bɛkamfo Awurade.”
6 And David divided them into divisions according to the sons of Levi: Gershon, Kohath, and Merari. Na Dawid kyekyɛɛ Lewifo no mu akuwakuw de mmusuakuw a wɔyɛ Lewi mmabarima Gerson, Kohat ne Merari asefo no din totoo wɔn so.
7 Of the Gershonites: Ladan and Shimei. Gerson mmabarima ne: Libni ne Simei.
8 The sons of Ladan: Jehiel the chief, then Zetham and Joel, three in all. Libni asefo no mu baasa yɛ Yehiel (a ɔyɛ abusuapanyin), Setam ne Yoel.
9 Shimei's sons: Shelomoth, Haziel, and Haran—three. These were Ladan's family heads. Eyinom na na wɔyɛ Libni abusua no mpanyimfo. Na Simei asefo baasa no ne Selomot, Hasiel ne Haran.
10 And the sons of Shimei: Jahath, Zina, Jeush, and Beriah. These four were the sons of Shimei. Simei asefo baanan a wɔaka no ne Yahat, Sisa, Yeus ne Beria.
11 Jahath was chief, Zizah second; Jeush and Beriah had few sons, so they were counted together as one family, one assignment. Na Yahat yɛ ɔbeapanyin, na Sisa di Yahat akyi. Wɔfaa Yeus ne Beria sɛ abusua baako, efisɛ na wɔn mu biara nni mmabarima dodow.
12 The sons of Kohath: Amram, Izhar, Hebron, and Uzziel, four in all. Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ka Kohat asefo no ho.
13 The sons of Amram: Aaron and Moses. Aaron was set apart to consecrate the most holy things, he and his sons forever, to make offerings before our Father, to serve him, and to bless in his name forever. Amram mmabarima yɛ: Aaron ne Mose. Woyii Aaron ne nʼasefo sɛ wonni nneɛma kronkron no ho dwuma, na wɔmmɔ afɔre wɔ Awurade anim, nsom Awurade, na wonhyira wɔ ne din mu daa daa.
14 But Moses, man of our Father—his sons were counted among Levi's tribe. Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no de, wɔde ne mmabarima kaa Lewi abusuakuw ho.
15 The sons of Moses: Gershom and Eliezer. Mose mmabarima no yɛ Gersom ne Elieser.
16 The sons of Gershom: Shebuel the chief. Na Sebuel a ɔyɛ abusuapanyin no ka Gersom asefo no ho.
17 Eliezer's sons: Rehabiah the chief. Eliezer had no other sons; Rehabiah's sons were very numerous. Na Elieser wɔ ɔbabarima baako a wɔfrɛ no Rehabia a na ɔyɛ abusuapanyin. Na Rehabia asefo yɛ bebree.
18 The sons of Izhar: Shelomith the chief. Na Selomit a ɔyɛ abusuapanyin no ka Ishar asefo no ho.
19 The sons of Hebron: Jeriah the chief, Amariah the second, Jahaziel the third, and Jekameam the fourth. Na Yeria a ɔyɛ abusuapanyin, Amaria a odi hɔ, Yahasiel a ɔto so abiɛsa ne Yekameam a ɔto so anan no ne Hebron asefo no.
20 The sons of Uzziel: Micah the chief and Isshiah the second. Na Mika a ɔyɛ abusuapanyin ne Yisia a odi hɔ no yɛ Usiel asefo no.
21 The sons of Merari: Mahli and Mushi. The sons of Mahli: Eleazar and Kish. Na Mahli ne Musi yɛ Merari asefo no. Mahli mmabarima ne Eleasar ne Kis.
22 Eleazar died having no sons, only daughters; so their relatives, the sons of Kish, married them. (Eleasar wui a wanwo mmabarima biara, na mmom mmabea nko ara. Ne mmabea no wareware wɔn nuanom a wɔyɛ Kis mmabarima.)
23 The sons of Mushi: Mahli, Eder, and Jeremoth, three in all. Musi mmabarima baasa no din de Mahli, Eder ne Yeremot.
24 These were Levi's sons by family, family heads registered by name, who served in our Father's house, age twenty and up. Eyinom na na wɔn mmusua nti wɔyɛ Lewi asefo, na wɔyɛ wɔn mmusua akuw no ntuanofo a na wɔahwɛ akyerɛw wɔn din. Na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara di mfirihyia aduonu anaa nea ɛboro saa, ansa na waso Awurade fi som.
25 For David said, "Our Father, Israel's God, gave his people rest, and lives in Jerusalem forever. Na Dawid kae se, “Awurade, Israel Nyankopɔn ama yɛn asomdwoe, na daa ɔbɛtena Yerusalem.
26 So the Levites no longer carry the tabernacle or all its service vessels." Afei, ɛho nhia sɛ Lewifo no bɛsoa Ahyiae Ntamadan no ne ne nkuku ne ne nkaka de adi atutena.”
27 For by these final instructions of David the Levites were counted from twenty years old or older. Sɛnea Dawid no ara akwankyerɛ a etwa to no se no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw Lewifo a wɔadi mfirihyia aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa din ma ɔsom.
28 Their duty was assisting Aaron's sons in serving the house of our Father: caring for the courts and the chambers, purifying all holy things, and any work in the house of our Father. Na Lewifo no adwuma ne sɛ, wɔbɛboa asɔfo no a wɔyɛ Aaron asefo no wɔ ɔsom nnwuma a wɔyɛ wɔ Awurade fi no mu. Afei, wɔbɛhwɛ adiwo ne adan a ɛwɔ nkyɛn nkyɛn no so. Na wɔbɛboa ahodwira nnwuma mu, na wɔasom akwan ahorow so wɔ Onyankopɔn fi.
29 They cared for the Bread of the Presence, the fine flour for grain offerings, wafers made without yeast, the baking and mixing, and all measures of quantity and size. Na wɔhwɛ brodo kronkron a wɔkora no didipon so no, asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde bɔ aduan afɔre, tetare a mmɔkaw nni mu, ɔfam a wɔde ngo dua srade akyew ne brodo afoforo a wɔde afrafra no so. Afei, na wɔn asɛde bi nso ne sɛ, wɔhwɛ nsania ne susudua nso so.
30 They were to stand every morning to thank and praise our Father, and again in the evening, Na anɔpa ne anwummere biara nso, wogyina Awurade anim to aseda ne nkamfo nnwom ma no.
31 and for all burnt offerings to our Father on Sabbaths, new moons, and appointed feasts—in the required number, always before our Father. Wɔboa ɔhyew afɔre a wɔbɔ ma Awurade homeda ahorow mu wɔ Ɔsram Foforo Afahyɛ mu ne nnapɔnna nyinaa ho dwumadi mu. Bere biara, na Lewifo dodow a wɔfata wɔ hɔ a wɔsom wɔ Awurade anim.
32 They kept the charge of the tent of meeting, the charge of the sanctuary, and the charge of their brothers, Aaron's sons, in the service of the house of our Father. Ɛno nti, Lewifo no a na wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu kɔɔ so som wɔ Asɔredan no mu. Na wɔde nokwaredi yɛɛ wɔn som no nnwuma wɔ Awurade fi.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OAKCB

Biblica® Wonhia Akuapem Twi Nkwa Asɛm™ ho kwamma nhoma Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsode a Biblica Inc. akogye afi United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahorow nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho kwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]