Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Numbers 2 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Then our Father spoke to Moses and Aaron, saying: Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:
2 "The Israelites are to camp, each by his standard, with banners of their ancestral houses, facing the tent of meeting all around, they are to camp. “Abusua biara bɛnya nʼafa wɔ atenaeɛ hɔ, na ekuo biara bɛtena nʼabusua frankaa ase. Na mmusua no atenaeɛ ahodoɔ no mfimfini na wɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no bɛsi.”
3 "To the east, toward sunrise: the camp of Judah, by their divisions, under its standard. Leader of Judah's people: Nahshon son of Amminadab. Apueeɛ fam, baabi a owia pue firi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɔ wɔn atenaeɛ wɔ wɔn frankaa ase. Yudafoɔ ntuanoni ne Aminadab ba Nahson.
4 His division, those counted, numbered 74,600. Na ne dɔm no ano si mpem aduɔson ɛnan ne ahansia (74,600).
5 "Camping next to him: the tribe of Issachar; the leader of Issachar's sons is Nethanel son of Zuar. Isakar abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel.
6 His division, those counted, numbered 54,400. Na ne dɔm no ano si mpem aduonum ɛnan ne ahanan (54,400).
7 "Then the tribe of Zebulun; leader of Zebulun's sons: Eliab son of Helon. Sebulon abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Helon babarima Eliab.
8 His division, those counted, numbered 57,400. Na ne dɔm no ano si mpem aduonum nson ne ahanan (57,400).
9 "All counted in Judah's camp: 186,400, by their divisions. They set out first. Enti na nnipa dodoɔ a wɔwɔ Yuda atenaeɛ no nyinaa sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe nsia ne ahanan (186,400). Sɛ Israelfoɔ no tu a, saa mmusuakuo mmiɛnsa yi na ɛdi ɛkan.
10 "South side: the banner of Reuben's camp, by divisions. Leader of Reuben's people: Elizur son of Shedeur. Anafoɔ fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɛbɔ wɔn atenaeɛ de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur.
11 His division, those counted, numbered 46,500. Ne dɔm ano si mpem aduanan nsia ne ahanum (46,500).
12 "Camping beside him: the tribe of Simeon; leader of Simeon's people, Shelumiel son of Zurishaddai. Simeon abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel.
13 His division, those counted, numbered 59,300. Ne dɔm ano si mpem aduonum nkron ne ahasa (59,300).
14 "Then the tribe of Gad: leader of Gad's people, Eliasaph son of Deuel. Gad abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Reuel babarima Eliasaf.
15 His division, those counted, numbered 45,650. Na ne dɔm ano si mpem aduanan enum ahansia ne aduonum (45,650).
16 "Those counted in Reuben's camp, by their divisions: 151,450. They set out second. Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduonum baako ahanan ne aduonum (151,450). Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmienu.
17 "Then the tent of meeting sets out, with the Levites' camp in the middle of the camps. They set out in the order they camp, each in place, under their banners. Afei Lewifoɔ no de Ahyiaeɛ Ntomadan bɛfiri wɔn atenaeɛ mfimfini hɔ akɔ. Mmusuakuo no nyinaa bɛkɔ no nnidisoɔ sɛdeɛ wɔn atenaeɛ nhyehyɛeɛ teɛ, wɔ wɔn mmusuakuo mfrankaa akyi.
18 "West side: Ephraim's camp standard, by their divisions; leader of Ephraim's people is Elishama son of Ammihud. Efraim abusuakuo bɛfa atenaeɛm hɔ atɔeɛ fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amihud babarima Elisama.
19 His division, those counted, numbered 40,500. Ne dɔm ano si mpem aduanan ne ahanum (40,500).
20 "Beside him: the tribe of Manasseh, led by Gamaliel son of Pedahzur. Manase abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel.
21 His division, those counted, numbered 32,200. Ne dɔm ano si mpem aduasa mmienu ne ahanum (32,200).
22 "Then the tribe of Benjamin, led by Abidan son of Gideoni. Benyamin abusuakuo na wɔdi so. Wɔn ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan.
23 His division, those counted, numbered 35,400. Ne dɔm ano si mpem aduasa enum ne ahanan (35,400).
24 "All counted in Ephraim's camp: 108,100, by their divisions. They set out third. Na mmarima a wɔwɔ Efraim atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha ne nnwɔtwe ne ɔha baako (108,100). Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmiɛnsa.
25 "Dan's camp standard stands on the north side, by divisions. Ahiezer son of Ammishaddai leads Dan's people. Dan abusuakuo bɛfa atifi fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser.
26 His division, those counted, numbered 62,700. Ne dɔm ano si mpem aduosia mmienu ne ahanson (62,700).
27 "Camping next to it: the tribe of Asher, its leader Pagiel son of Ochran. Aser abusuakuo no bɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Okran babarima Pagiel.
28 His division, those counted, numbered 41,500. Ne dɔm ano si mpem aduanan baako ne ahanum (41,500).
29 "Then the tribe of Naphtali; Naphtali's leader is Ahira son of Enan. Naftali abusuakuo no bɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Enan ba Ahira.
30 His division, those counted, numbered 53,400. Ne dɔm ano si mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400).
31 "All counted in Dan's camp: 157,600. They set out last, by their standards." Mmarima a wɔwɔ Dan atenaeɛ no ano si mpem ɔha aduonum nson ne ahansia (157,600).
32 These are Israelites counted by their clans, all camp divisions: 603,550. Sei na Israelfoɔ a wɔkan wɔn mmusuakuo mmusuakuo no teɛ. Wɔn a wɔwɔ atenaeɛ hɔ nyinaa, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ahansia ne mmiɛnsa ahanum ne aduonum (603,550).
33 But the Levites were not counted among the Israelites, just as our Father had commanded Moses. Sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifoɔ no anka Israelfoɔ no ho.
34 So the Israelites did all our Father commanded Moses. So they camped by their standards, and so they set out, each by clan, by ancestral family. Enti Israelfoɔ yɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Wɔbobɔɔ wɔn atenaeɛ, tenatenaa wɔn frankaa ahodoɔ ase, na wɔnantee nnidisoɔ nnidisoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn afie teɛ.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]