Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Luke 1 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 Since many have undertaken to compile an ordered account of what has been accomplished among us. Adamfo pa Teofilo, nnipa pii abɔ mmɔden atwerɛ Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no.
2 Just as eyewitnesses from the beginning and servants of the word handed these accounts to us, Wɔtwerɛɛ sɛdeɛ nnipa a wɔhunuu saa nneɛma yi firi ahyɛaseɛ no daa no adi kyerɛɛ wɔn.
3 I too, having traced everything accurately from the start, decided to write it in order for you, most excellent Theophilus, Nanso, menyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ deɛ wɔatwerɛ no nyinaa mu yie na metwerɛ brɛ wo a, ɛyɛ.
4 so that you may know the certainty of the things you have been taught. Yei bɛboa wo ma woahunu nokorɛ a ɛwɔ deɛ woasua no nyinaa mu.
5 In the days of Herod, king of Judea, a priest named Zechariah was in Abijah's priestly division. His wife Elizabeth descended from Aaron. Mede mʼasɛm no bɛfiri Yudafoɔ ɔsɔfoɔ Sakaria a ɔtenaa ase Yudeahene Herode berɛ so a na ɔfiri Abia asɔfokuo mu no so. Sakaria yere Elisabet nso, na ɔyɛ Aaron aseni.
6 They were both righteous before our Father, walking blamelessly in all his commandments and ordinances. Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokorɛm a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim.
7 But they had no child, because Elizabeth was barren, and both were very old. Na wɔnni ba, ɛfiri sɛ, na Elisabet yɛ obonini. Na wɔn baanu nyinaa nso anyinyini.
8 Now while he was serving as priest before our Father when his division was on duty, Ɛda bi a ɛduruu Sakaria asɔfokuo so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no,
9 by priestly custom, lot chose him to enter his sanctuary and burn incense. wɔtoo aba yii no sɛ, ɔnkɔhye aduhwam wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so.
10 And the whole crowd of the people were praying outside at the hour of incense. Saa ɛberɛ yi ara nso na asafo no rebɔ mpaeɛ wɔ adihɔ hɔ sɛdeɛ wɔtaa yɛ no.
11 Then an angel of our Father appeared to him, standing at the right of the altar of incense. Sakaria gu so rehye aduhwam no, prɛko pɛ, Awurade ɔbɔfoɔ bɛgyinaa afɔrebukyia no nkyɛn mu wɔ nifa so.
12 Zechariah was shaken when he saw him, and fear came over him. Sakaria hunuu no no, ɔbɔɔ birim na ne ho popoeɛ.
13 The angel said to him, "Don't be afraid, Zechariah—your prayer has been heard. Your wife Elizabeth will bear you a son; name him John. Nanso, ɔsoro ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakaria, nsuro, Awurade Onyankopɔn ate wo mpaeɛbɔ. Wo yere Elisabet bɛwo babarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.
14 You will have joy and gladness; many will rejoice at his birth. Nʼawoɔ bɛma wʼani agye na wo ho asɛpɛ wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye.
15 He will be great before our Father, must never drink wine or other alcoholic drinks, and he will be filled with the Holy Spirit even from his mother's womb. Ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim. Ɔrennom nsã biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afiri ne maame yam.
16 And he will turn many of the children of Israel back to their Father. Israelfoɔ pii nam nʼasɛnka so bɛnya adwensakyera asane aba Awurade, wɔn Onyankopɔn, nkyɛn.
17 He will go before our Father in Elijah's spirit and power, turning fathers' hearts to their children, and the disobedient to the wisdom of the righteous, to prepare a people ready for our Father." Ɔbɛnya Odiyifoɔ Elia honhom ahoɔden no bi, na ɔbɛdi Agyenkwa no ba no anim abɛsiesie nnipa ama ne ba a ɔbɛba no. Nʼasɛnka bɛma nteaseɛ aba agyanom ne wɔn mma ntam. Na ɔbɛdane Awurade asɛm no ho asoɔdenfoɔ adwene akɔ Awurade pɛ ho.”
18 Zechariah said to the angel, "How will I know this? I'm old, and my wife is well along in years." Sakaria buaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yei aba mu? Mabɔ akɔkoraa na me yere nso abɔ aberewa.”
19 The angel answered him, "I am Gabriel, who stands in our Father's presence, sent to speak to you and bring you this good news. Ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Mene Gabriel a megyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo.
20 And now you will be silent, unable to speak, until the day these things happen, because you did not believe my words, which will come true in their time." Esiane sɛ woagye akyinnyeɛ enti, wobɛtɔ mumu kɔsi sɛ wɔbɛwo abɔfra no. Na deɛ maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne berɛ a ɛsɛ mu.”
21 Meanwhile the people waited for Zechariah, wondering why he stayed so long in the sanctuary. Saa ɛberɛ yi nyinaa na asafo mma no retwɛn Sakaria sɛ ɔbɛba. Na ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ wakyɛ saa.
22 When he came out, he could not speak to them, and they knew he had seen a vision in the sanctuary. He kept motioning to them and stayed mute. Ɛberɛ a ɔbaeɛ no, wantumi ankasa ankyerɛ asafo mma no. Wɔhunu firii ne nneyɛeɛ mu sɛ wahunu nʼani so adeɛ wɔ asɔredan mu hɔ.
23 And when his days of service were ended, he went home. Ɔwiee nʼasɔfodwuma wɔ asɔredan mu hɔ no, ɔkɔɔ efie.
24 After these days his wife Elizabeth became pregnant, and for five months she kept herself hidden, saying, Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee na ɔde ne ho siee abosome enum.
25 "This is what our Father did for me, in the days he looked on me, to remove my disgrace among people." Ɔde anigyeɛ kaa sɛ, “Awurade ayɛ me adɔeɛ. Wayi animguaseɛ a ɛkaa me wɔ nnipa anim no afiri me so.”
26 In month six our Father sent the angel Gabriel to a Galilee town called Nazareth, Elisabet nyinsɛnee abosome nsia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase
27 to a virgin engaged to a man named Joseph, of the house of David; the virgin's name was Mary. sɛ, ɔnkɔ ɔbaa kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ɔfiri Ɔhene Dawid abusua mu no awadeɛ no nkyɛn.
28 And he came to her and said, "Greetings, favored one! Our Father is with you." Gabriel hunuu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Asomdwoeɛ nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo.”
29 But she was greatly troubled by his words, and wondered what kind of greeting this might be. Ɔbɔfoɔ no asɛm no maa Maria adwenem yɛɛ no nnaa ma ɔbisaa ne ho sɛ, “Na saa nkyea yi, ase ne sɛn?”
30 The angel said to her, "Don't be afraid, Mary, for you have found favor with our Father. Ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Maria bio sɛ, “Maria, nsuro, ɛfiri sɛ, Awurade adom wo.
31 You will conceive in your womb and bear a son, and you will call his name Jesus. Tie! Ɛrenkyɛre biara wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu.
32 He will be great and called Son of the Most High, and our Father will give him the throne of his father David, Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nana Dawid ahennwa no bɛma no.
33 and he will reign over Jacob's house forever; his kingdom will never end." Na ɔbɛdi Yakob efie so ɔhene daa; na nʼahennie to rentwa da.”
34 And Mary said to the angel, "How will this be, since I am a virgin?" Maria bisaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo wɔ ɛberɛ a ɔbarima nhunuu me da?”
35 The angel answered her, "The Holy Spirit will come over you, and the Most High's power will shadow you; so the holy child born will be called the Son of our Father. Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Onyankopɔn tumi abɛkata wo so, yei enti abɔfra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba.
36 Look, your relative Elizabeth has also conceived a son in her old age—this is the sixth month for her called barren. Ɛbɛyɛ abosome nsia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonini anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewaberɛ mu.
37 For nothing will be impossible with our Father." Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn deɛ, biribiara nso no yɛ.”
38 Mary said, "I am the servant of our Father; let it happen to me as you said." Then the angel left her. Maria kaa sɛ, “Me deɛ, meyɛ Awurade afenaa. Deɛ Awurade pɛ na ɛnyɛ.” Ɛno akyi, ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ kɔeɛ.
39 In those days Mary got up and hurried to the hill country, to a town in Judah, Nna kakra bi akyi no, Maria kɔɔ Yudea mmepɔ so kuro bi mu.
40 and she entered the house of Zechariah and greeted Elizabeth. Saa kuro no mu na Sakaria te. Ɔduruu kuro no mu hɔ no, ɔkɔɔ Sakaria efie kɔsraa Elisabet. Ɔkyeaa no.
41 When Elizabeth heard Mary's greeting, her baby leaped in her womb, and she was filled with the Holy Spirit. Elisabet tee Maria nkyea no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amonom hɔ ara, Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma.
42 She cried out with a loud voice, "Blessed are you among women, blessed is the fruit of your womb! Elisabet de ahosɛpɛ teaam sɛ, “Maria, wɔahyira wo sene mmaa nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛseɛ.
43 And why is this granted to me, that the mother of my Lord should come to me? Animuonyam bɛn na ɛsene yei. Me sɛɛ ne hwan a anka mʼAwurade na bɛba abɛsra me?
44 For the moment I heard your greeting, the baby in my womb leaped for joy. Wokyeaa me pɛ, na abɔfra no de anigyeɛ kekaa ne ho.
45 Blessed is she who believed that there would be a fulfillment of what our Father spoke to her." Nhyira nka wo sɛ wogye dii sɛ, deɛ Onyankopɔn aka no, ɔbɛyɛ; ɛno enti na wɔadom wo yi.”
46 And Mary said, "My soul magnifies our Father, Maria kaa sɛ, “Me ɔkra kamfo Awurade.
47 and my spirit rejoices in our Father, my Savior, Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Onyankopɔn mu;
48 for he has looked on the humble estate of his servant. For from now on all generations will call me blessed; ɛfiri sɛ, wahunu nʼafenawa mmɔborɔni mmɔbɔ, na ɛfiri ɛnnɛ, awontoatoasoɔ nyinaa bɛfrɛ me deɛ Onyankopɔn ahyira no.
49 for the Mighty One has done great things for me, and holy is his name. Ɛfiri sɛ, Ɔkronkronni Otumfoɔ no ayɛ ade kɛseɛ ama me;
50 And his mercy is for those who fear him from generation to generation. nʼahummɔborɔ firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ ma wɔn a wɔsuro no na wɔdi no ni no nyinaa.
51 He has shown strength with his arm; he has scattered the proud in the thoughts of their hearts; Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no abɔ ahomasofoɔ ne ahantanfoɔ ne wɔn nsusuiɛ apete.
52 he has brought down the mighty from their thrones and lifted up the humble; Watu aberempɔn adeɛ so ama ahobrɛasefoɔ so.
53 he has filled the hungry with good things, and the rich he has sent away empty. Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa na wagya ahonyafoɔ kwan nsapan.
54 He has helped his servant Israel, in remembrance of his mercy, Waboa nʼakoa Israel na ne werɛ amfiri ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ
55 just as he spoke to our fathers, to Abraham and to his offspring forever." a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefoɔ no da.”
56 And Mary remained with her about three months and then returned to her home. Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ abosome mmiɛnsa ansa na ɔresane akɔ ne kurom.
57 Now the time came for Elizabeth to give birth, and she bore a son. Elisabet awoɔ duruu so no, ɔwoo ɔbabarima.
58 Her neighbors and relatives heard our Father had shown her great mercy, and rejoiced with her. Nʼafipamfoɔ ne nʼabusuafoɔ tee adɔeɛ a Awurade ayɛ no no, wɔne no nyinaa de anigyeɛ dii ahurisie.
59 On the eighth day they came to circumcise the child, and were going to call him Zechariah after his father, Ɛduruu nnawɔtwe no, abusuafoɔ ne adɔfoɔ bɛhyiaa sɛ wɔrebɛtwa abɔfra no twetia na wɔato ne din. Wɔpɛɛ sɛ wɔde abɔfra no to nʼagya Sakaria.
60 but his mother answered, "No; he will be called John." Nanso, ne maame kaa sɛ, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.”
61 And they said to her, "None of your relatives is called by this name." Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.”
62 And they made signs to his father, asking what Zechariah wanted the child to be called. Yei maa wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ bisaa nʼagya din a wɔmfa nto abɔfra no.
63 He asked for a tablet and wrote, "His name is John." And everyone was amazed. Sakaria maa wɔde krataa brɛɛ no na ɔtwerɛɛ so sɛ, “Ne din de Yohane.” Yei yɛɛ wɔn nyinaa nwanwa.
64 And immediately his mouth was opened and his tongue loosed, and he spoke, blessing our Father. Amonom hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ɔhyɛɛ aseɛ yii Onyankopɔn ayɛ.
65 Fear fell on all their neighbors, and all these things were talked about throughout Judea's hill country. Wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na saa asɛm yi trɛ faa Yudea mmepɔ so hɔ nyinaa.
66 And all who heard kept these things in their hearts, saying, "What then will this child become?" For our Father's hand was with him. Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho sɛ, “Ɛdeɛn na abɔfra yi bɛnyini ayɛ daakye? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.”
67 And his father Zechariah was filled with the Holy Spirit and prophesied, saying, Honhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm sɛ,
68 "Blessed be our Father of Israel, for he has visited and redeemed his people, “Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn, sɛ waba abɛgye ne manfoɔ.
69 and has raised up a mighty Savior for us in the house of his servant David, Ɔde Agyenkwa Otumfoɔ a ɔyɛ ne ɔsomfoɔ Dawid aseni rebrɛ yɛn,
70 as he spoke through the mouth of his holy prophets long ago, sɛdeɛ ɔnam nʼadiyifoɔ kronkron so firi teteete hyɛɛ bɔ
71 that we should be saved from our enemies and from the hand of all who hate us; sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ ne wɔn a wɔkyiri yɛn no nsam no.
72 to show the mercy promised to our fathers and to remember his holy covenant, Na wama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom wɔ nʼahummɔborɔ ho no aba mu na wakae nʼapam kronkron no,
73 the oath that he swore to our father Abraham, to grant us, na wakae nʼapam kronkron a ɔne Abraham pameeɛ no;
74 that we, being delivered from the hand of our enemies, might serve him without fear, sɛ ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam no, na yɛasom no a osuro biara nni mu.
75 in holiness and righteousness before him all our days. Na yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne ateneneefoɔ wɔ nʼanim.
76 And you, child, will be called the prophet of the Most High; for you will go before the Lord to prepare his ways, “Na wo, akɔkoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifoɔ, ɛfiri sɛ, wo na wobɛsiesie ɛkwan ama Agyenkwa no,
77 to give his people the knowledge of salvation through the forgiveness of their sins, na wobɛkyerɛ ne manfoɔ kwan a wɔnam bɔnefakyɛ so nya nkwa a ɛnni awieeɛ;
78 because of the tender mercy of our Father, by which the sunrise from on high will visit us, na yeinom nyinaa bɛba mu ɛfiri sɛ, Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no,
79 to give light to those who sit in darkness and in the shadow of death, to guide our feet into the way of peace." na ɛbɛma hann a ɛfiri ɔsoro abɛpue yɛn so ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owuo sum mu no so, na akyerɛ yɛn ɛkwan akɔ asomdwoeɛ mu.”
80 The child grew, became strong in spirit, and lived in the wilderness until the day he appeared publicly to Israel. Abɔfra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa ɛserɛ so kɔsii ɛberɛ a ɔfirii nʼasɛnka adwuma ase.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]