Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

2 Samuel 1 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 After the death of Saul, David returned from defeating the Amalekites and stayed in Ziklag two days. Saulo owuo akyi no, Dawid sane firii nkonim a ɔdii Amalekfoɔ so no mu bɛtenaa Siklag nnanu.
2 On the third day a man came from Saul's camp, clothes torn, dirt on his head. Reaching David, he fell to the ground and bowed. Ne nnansa so no, ɔbarima bi firi Saulo sraban mu a watete ne ntadeɛ mu, atu mfuturo agu ne tiri mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo baeɛ. Ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔdanee ne ho hwee fam anidie mu.
3 David asked him, "Where have you come from?" "I escaped from the camp of Israel," he replied. Dawid bisaa no sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Ɔbuaa sɛ, “Madwane afiri Israel sraban mu.”
4 "What happened?" David asked. "Tell me." He said, "The people fled the battle. Many fell and died. Saul and his son Jonathan are dead too." Dawid bisaa no sɛ, “Na ɛyɛɛ dɛn? Ɔko no kɔsii sɛn?” Ɔkaa sɛ, “Mmarima no dwane firii akono. Bebree totɔeɛ. Na Saulo ne ne babarima Yonatan nso atotɔ.”
5 David asked the young man who brought the news, "How do you know Saul and his son Jonathan are dead?" Enti, Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ no saa amaneɛ no sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na wohunuu sɛ Saulo ne ne babarima Yonatan awuwu?”
6 The young man said, "I happened onto Mount Gilboa, and there was Saul, leaning on his spear, the chariots and horsemen bearing down on him. Aberanteɛ no buaa sɛ, “Mekɔfirii Gilboa bepɔ so, na mekɔtoo sɛ Saulo sina ne pea so a atamfoɔ no nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔsotefoɔ abɛn no ara.
7 He turned around, saw me, and called to me. I said, 'Here I am.' Ɔdanee ne ho a ɔhunuu me no, ɔteaam frɛɛ me sɛ memmra. Mebisaa no sɛ, ‘Menyɛ ɛdeɛn?’
8 He asked me, 'Who are you?' I told him, 'I am an Amalekite.' “Ɔbisaa me sɛ, ‘Wone hwan?’ “Mebuaa no sɛ, ‘Meyɛ Amalekni.’
9 He said to me, 'Stand over me and kill me; anguish has seized me, but I'm still alive.' “Na ɔsrɛɛ me sɛ, ‘Bɛgyina me so na kum me, na me ho yera me yie, na mepɛ sɛ mewu.’
10 So I stood over him and killed him, since I knew he wouldn't survive his fall. Then I took the crown from his head and the band on his arm, and brought them here to my lord." “Enti, megyinaa ne so kumm no, ɛfiri sɛ, na menim sɛ tebea a ɔwɔ mu no, ɔrennya nkwa. Na metuu nʼahenkyɛ a ɛhyɛ no no ne nʼabasa so kapo no sɛ mede rebrɛ wo, me wura.”
11 Then David grabbed his own clothes and tore them, and so did all the men with him. Dawid ne ne mmarima no tee asɛm no, wɔde awerɛhoɔ sunsuanee wɔn ntadeɛ mu.
12 They mourned, wept, and fasted until evening for Saul, his son Jonathan, our Father's people, and the house of Israel, because they had fallen by the sword. Wɔtwaa ho agyaadwoɔ, suiɛ, bua daa da mu no nyinaa wɔ Saulo ne ne babarima Yonatan wuo ne Awurade akodɔm ne Israelman sɛ wɔn mu pii wuwuu saa da no.
13 David asked the young man who brought the news, "Where are you from?" He said, "I'm the son of a foreigner, an Amalekite." Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ wɔn saa amaneɛ no sɛ, “Wofiri he?” Na ɔbuaa sɛ, “Meyɛ ɔhɔhoɔ Amalekni a mete mo asase so.”
14 David said, "How were you not afraid to raise your hand to kill our Father's anointed?" Dawid bisaa no sɛ, “Na wonsuro sɛ wobɛkum obi a Awurade asra no no?”
15 David called one of his young men and said, "Go, strike him down." He struck him, and he died. Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no mu baako sɛ, “Ku no!” Enti, ɔbarima no twee nʼakofena de wɔɔ Amalekni no, kumm no.
16 David had said to him, "Your blood is on your own head, for your own mouth testified against you when you said, 'I killed our Father's anointed.'" Na Dawid kaa sɛ, “Wʼano ayi mmusuo ama wo ama woawu, ɛfiri sɛ, wo ara na wokaa sɛ woakum obi a Awurade asra no no.”
17 Then David sang this lament over Saul and his son Jonathan, Na Dawid too kwadwom maa Saulo ne Yonatan.
18 and ordered the people of Judah taught this lament, called The Bow; it is written in the Book of Jashar: Na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkyerɛ nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa to. Wɔtoo no edin sɛ agyan dwom a wɔatwerɛ wɔ Yasar Nwoma mu.
19 "Your glory, Israel, lies slain on your heights. How the mighty have fallen! “Wʼanimuonyam ne wʼahosɛpɛ, Ao Israel, awu da mmepɔ so! Akofoɔ akɛseɛ atotɔ!
20 Don't tell it in Gath, don't proclaim it in the streets of Ashkelon, or the daughters of the Philistines will rejoice, the daughters of the uncircumcised will exult. “Monnka asɛm yi wɔ Gat, na Filistifoɔ abɔ ose! Monnka wɔ Askelon mmɔntene so, na abosonsomfoɔ ansere ahosɛpɛ mu.
21 Mountains of Gilboa, may you have no dew or rain, no fields yielding offerings. For there the shield of the mighty was defiled, the shield of Saul, no longer rubbed with oil. “Ao Gilboa mmepɔ, mma bosuo anaa osuo ntɔ ngu wo so, anaa wo nsianeɛ so. Ɛfiri sɛ, ɛhɔ na wɔguu ɔkofoɔ kɛseɛ no akokyɛm ho fi; wɔremfa ngo nsra Saulo akokyɛm ho bio.
22 From the blood of the slain, from the flesh of the mighty, the bow of Jonathan did not turn back, the sword of Saul did not return unsatisfied. “Saulo ne Yonatan kunkumm wɔn atamfoɔ ahoɔdenfoɔ! Wɔamfiri akono amma no nsapan.
23 Saul and Jonathan, beloved and cherished in life, in death they were not parted. They were swifter than eagles, stronger than lions. Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛn na na Saulo ne Yonatan nni, wɔn mu antete da, nkwa ne owuo mu. Na wɔn ho yɛ hare kyɛn akɔdeɛ; na wɔn ho yɛ den kyɛn agyata.
24 Daughters of Israel, weep for Saul, who clothed you in scarlet and finery, who adorned your garments with ornaments of gold. “Ao, Israel mmaa, monsu Saulo, ɛfiri sɛ, ɔfiraa mo ntoma pa, hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agudeɛ.
25 How the mighty have fallen in the thick of battle! Jonathan lies slain on your heights. “Akofoɔ akɛseɛ atotɔ akono. Yonatan awu da mmepɔ no so.
26 I grieve for you, my brother Jonathan; you were very dear to me. Your love for me was wonderful, surpassing the love of women. Hwɛ sɛdeɛ mesu woɔ, me nua Yonatan; Ao, hwɛ ɔdɔ a mede dɔɔ woɔ! Na wo dɔ a wode dɔɔ me no mu dɔ; emu dɔ sene mmaa dɔ!
27 How the mighty have fallen! The weapons of war have perished." “Hwɛ sɛdeɛ akofoɔ akɛseɛ atotɔ! Wɔayiyi wɔn akodeɛ afiri wɔn ho, na wɔawuwu deda hɔ.”
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]