Skip to content
The Believer's Library

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

1 Chronicles 2 OASCB

Show OASCB only
Verse × ×
1 These were the sons of Israel: Reuben, Simeon, Levi, Judah, Issachar, and Zebulun, Israel mmammarima yɛ Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon,
2 Dan, Joseph, Benjamin, Naphtali, Gad, and Asher. Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.
3 Judah's sons: Er, Onan, Shelah—three born to him by Shua's Canaanite daughter. Er, the firstborn, was evil in our Father's eyes, so he killed him. Yuda ne Kanaanni baa Bat-Sua woo mmammarima baasa. Na wɔn din de Er, Onan ne Sela. Nanso, na abakan Er no yɛ omumuyɛfoɔ enti, Awurade kumm no.
4 Tamar, Judah's daughter-in-law, bore him Perez and Zerah. Judah had five sons in all. Akyire no, Yuda ne nʼase kunafoɔ Tamar woo ntafoɔ. Na wɔn din de Peres ne Serah. Enti Yuda woo mmammarima baanum.
5 The sons of Perez: Hezron and Hamul. Na Peres mmammarima din de Hesron ne Hamul.
6 The sons of Zerah: Zimri, Ethan, Heman, Calcol, and Dara—five of them in all. Serah mmammarima din de Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara; wɔyɛ enum.
7 Carmi's son: Achar, Israel's troubler, who broke faith over the devoted things. Akar a ɔyɛ Karmi babarima ne Serah asefoɔ no mu baako nam fa a ɔfaa asadeɛ a wɔgya maa Awurade no so, de amanehunu baa Israelfoɔ so.
8 The son of Ethan: Azariah. Na Etan babarima ne Asaria.
9 The sons born to Hezron: Jerahmeel, Ram, and Chelubai. Hesron mmammarima edin de Yerahmeel, Ram ne Kaleb.
10 Ram fathered Amminadab, and Amminadab fathered Nahshon, leader of the people of Judah. Ram yɛ Aminadab agya. Aminadab yɛ Nahson a na ɔyɛ Yuda ntuanoni no agya.
11 Nahshon fathered Salma, and Salma fathered Boaz, Nahson yɛ Salma agya. Na Salma nso yɛ Boas agya.
12 Boaz fathered Obed, and Obed fathered Jesse. Boas yɛ Obed agya. Obed yɛ Yisai agya.
13 Jesse fathered Eliab his firstborn, Abinadab the second, Shimea the third, Yisai abakan yɛ Eliab. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛ Abinadab ɛnna deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa yɛ Simea.
14 Nethanel the fourth, Raddai the fifth, Na deɛ ɔtɔ so ɛnan yɛ Netanel ɛnna Radai tɔ so enum.
15 Ozem the sixth, and David the seventh. Ne babarima a ɔtɔ so nsia no din de Osem, na Dawid na na ɔtɔ so nson.
16 Their sisters were Zeruiah and Abigail. Zeruiah's sons: Abishai, Joab, and Asahel—three. Na wɔn nuanom mmaa din de Seruia ne Abigail. Na Seruia woo mmammarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.
17 Abigail bore Amasa, and the father of Amasa was Jether the Ishmaelite. Abigail waree ɔbarima bi a ne din de Yeter a ɔyɛ Ismaelni na wɔwoo ɔbabarima a wɔtoo no edin Amasa.
18 Caleb son of Hezron had children by his wife Azubah and by Jerioth; her sons were Jesher, Shobab, and Ardon. Na Hesron babarima Kaleb wɔ yerenom baanu a wɔne Asuba ne Yeriot. Na Asuba mmammarima edin de Yeser, Sobab ne Ardon.
19 When Azubah died, Caleb married Ephrath, and she bore him Hur. Asuba owuo akyi no, Kaleb waree Efrata. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Hur.
20 Hur fathered Uri, and Uri fathered Bezalel. Hur woo Uri. Uri nso woo Besaleel.
21 Afterward Hezron had relations with the daughter of Machir the father of Gilead, marrying her at sixty; she bore him Segub. Ɛberɛ a Hesron dii mfeɛ aduosia no, ɔwaree Gilead nuabaa a na ɔyɛ Makir babaa. Wɔwoo ɔbabarima too no edin Segub.
22 Segub fathered Jair, who held twenty-three towns in the land of Gilead. Segub woo Yair a ɔdii nkuro aduonu mmiɛnsa so wɔ Gilead asase so no.
23 But Geshur and Aram took Havvoth-jair from them, plus Kenath and its villages—sixty towns. All these were sons of Machir, father of Gilead. (Akyire no, Gesur ne Aram gyee Yair nkuro, sane gyee Kenat ne ne nkuraa aduosia a atwa ho ahyia no nyinaa.) Na yeinom nyinaa yɛ Makir a ɔyɛ Gilead agya no asefoɔ.
24 After Hezron died in Caleb-ephrathah, Abijah, Hezron's wife, bore him Ashhur, the father of Tekoa. Hesron wuu wɔ kuro Kaleb-Efrata mu no, ankyɛ na ne yere Abia woo ɔbabarima a wɔtoo no edin Asur (Tekoa agya).
25 The sons of Jerahmeel, Hezron's firstborn: Ram his firstborn, then Bunah, Oren, Ozem, and Ahijah. Hesron abakan Yerahmeel mmammarima a ɔwoo wɔn no edin yɛ Ram (abakan), Buna, Oren, Osem ne Ahiya.
26 Jerahmeel had another wife, whose name was Atarah; she was the mother of Onam. Yerahmeel wɔ yere a ɔtɔ so mmienu a wɔfrɛ no Atara, na ɔno na ɔwoo Onam.
27 The sons of Ram, Jerahmeel's firstborn: Maaz, Jamin, and Eker. Ram a ɔyɛ Yerahmeel abakan no mmammarima yɛ Maas, Yamin ne Eker.
28 The sons of Onam: Shammai and Jada. The sons of Shammai: Nadab and Abishur. Onam mmammarima yɛ Samai ne Yada. Na Samai mmammarima yɛ Nadab ne Abisur.
29 Abishur's wife was named Abihail, and she bore him Ahban and Molid. Na Abisur ne ne yere Abihail mmammarima yɛ Ahban ne Molid.
30 The sons of Nadab: Seled and Appaim. Seled died without children. Na Nadab mmammarima yɛ Seled ne Apaim. Seled wuiɛ a wanwo mma;
31 The son of Appaim: Ishi. The son of Ishi: Sheshan. The child of Sheshan: Ahlai. na Apaim deɛ, ɔwoo ɔbabarima a wɔfrɛ no Yisi. Na Yisi woo Sesan. Na Sesan nyaa nʼaseni bi a wɔfrɛ no Ahlai.
32 The sons of Jada, Shammai's brother: Jether and Jonathan. Jether died without children. Na Samai nuabarima Yada woo Yeter ne Yonatan. Na Yeter wuiɛ a wanwo ba biara,
33 The sons of Jonathan: Peleth and Zaza. These were the descendants of Jerahmeel. nanso Yonatan woo mmammarima baanu a na wɔfrɛ wɔn Pelet ne Sasa. Na yeinom nyinaa yɛ Yerahmeel asefoɔ.
34 Now Sheshan had no sons, only daughters. He had an Egyptian servant whose name was Jarha, Na Sesan annya mmammarima, ɔnyaa mmammaa. Na ɔwɔ Misraimni ɔsomfoɔ bi a ne din de Yarha.
35 and Sheshan gave his daughter in marriage to Jarha his servant, and she bore him Attai. Sesan de ne mmammaa no mu baako maa Yarha awadeɛ na wɔwoo ɔbabarima too no edin Atai.
36 Attai fathered Nathan, and Nathan fathered Zabad, Atai woo Natan na Natan woo Sabad.
37 Zabad fathered Ephlal, and Ephlal fathered Obed, Sabad woo Efial. Efial woo Obed.
38 Obed fathered Jehu, and Jehu fathered Azariah, Obed woo Yehu na Yehu woo Asaria.
39 Azariah fathered Helez, and Helez fathered Eleasah, Asaria woo Heles. Heles woo Eleasa.
40 Eleasah fathered Sismai, and Sismai fathered Shallum, Eleasa woo Sisemai na Sisemai woo Salum.
41 Shallum fathered Jekamiah, and Jekamiah fathered Elishama. Salum woo Yekamia, na Yekamia woo Elisama.
42 Sons of Caleb, Jerahmeel's brother: Mesha his firstborn, father of Ziph; and the sons of Mareshah the father of Hebron. Yerahmeel nua Kaleb babarima piesie ne Mesa a ɔyɛ Sif agya. Na Kaleb babarima a ɔtɔ so mmienu din de Maresa a ɔyɛ Hebron agya.
43 The sons of Hebron: Korah, Tappuah, Rekem, and Shema. Na Hebron mmammarima yɛ Kora, Tapua, Rekem ne Sema.
44 Shema fathered Raham, the father of Jorkeam, and Rekem fathered Shammai. Na Sema woo Raham. Raham woo Yorkeam. Na Rekem woo Samai.
45 The son of Shammai was Maon, and Maon was the father of Beth-zur. Na Samai woo Maon. Maon woo Bet-Sur.
46 Ephah, Caleb's concubine, bore Haran, Moza, and Gazez; and Haran fathered Gazez. Na Kaleb mpena Efa woo Haran, Mosa ne Gases. Na Haran woo Gases.
47 The sons of Jahdai: Regem, Jotham, Geshan, Pelet, Ephah, and Shaaph. Na Yahdai mmammarima yɛ Regem, Yotam, Gesan, Pelet, Efa ne Saaf.
48 Maacah, Caleb's concubine, bore Sheber and Tirhanah. Kaleb mpena foforɔ bi a wɔfrɛ no Maaka woo Seber ne Tirhana.
49 She bore Shaaph, father of Madmannah, and Sheva, father of Machbenah and Gibea. Caleb's daughter was Achsah. Ɔsane woo Saaf a na ɔyɛ Madmana agya ne Sewa a na ɔyɛ Makbena ne Gibea agya. Na Kaleb woo ɔbabaa a ne din de Aksa.
50 These were the descendants of Caleb. The sons of Hur, the firstborn of Ephrathah: Shobal the father of Kiriath-jearim, Yeinom nyinaa yɛ Kaleb asefoɔ. Kaleb yere Efrata abakan Hur mmammarima yɛ Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya
51 Salma the father of Bethlehem, and Hareph the father of Beth-gader. Salma a ɔyɛ Betlehem agya ne Haref a ɔyɛ Bet-Gader agya.
52 Shobal the father of Kiriath-jearim had other sons: Haroeh, and half of the Menuhoth. Sobal a ɔyɛ Kiriat-Yearim agya no mmammarima yɛ Haroe a ne fa yɛ Manahatini
53 Kiriath-jearim's clans: Ithrites, Puthites, Shumathites, Mishraites—from them came the Zorathites and Eshtaolites. na ne fa a aka no firi Kiriat-Yearim mmusua mu. Sobal asefoɔ a wɔka ho ne Yitrifoɔ, Putifoɔ, Sumatifoɔ ne Misraimfoɔ. Wɔn mu na Sorafoɔ ne Estaolfoɔ firie.
54 The descendants of Salma: Bethlehem, the Netophathites, Atroth-beth-joab, half of the Manahathites, and the Zorites. Salma asefoɔ yɛ Betlehem, Netofafoɔ, Atrot-Bet-Yoabfoɔ, Manahatfoɔ fa bi, Sorifoɔ,
55 The scribe clans living at Jabez: Tirathites, Shimeathites, Sucathites—Kenites who came from Hammath, father of the house of Rechab. ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no, Tirafoɔ, Simeafoɔ ne Sukatfoɔ. Yeinom nyinaa yɛ Kenifoɔ, Hamat a ɔyɛ Rekab agya no asefoɔ.
FHB

Scripture from Father’s Heart Bible™. © 2026 Spirit Media Publishing, the imprint of Spirit Media Inc. All rights reserved. In Divine Voice™ Color, the words spoken by our Father show in blue, the words of the Son in red, and the words of the Spirit in purple.

OASCB

Biblica® Wɔnhia ɛho kwamma nwoma Asante Twi Nkwa Asɛm™ Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma. Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. “Biblica” yɛ ahyɛnsodeɛ a Biblica Inc. akɔgye afiri United States Patent and Trademark Office de hyɛ wɔn nneɛma ahodoɔ nso. Gye sɛ Biblica Inc. ma wo ho ɛkwan ansa na woatumi de adi dwuma. “Biblica” is a trademark registered in the United States Patent and Trademark Office by Biblica, Inc. Used with permission.
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020 · Creative Commons - Attribution-ShareAlike [CC BY-SA]